Nnwom 81 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 81:1-16

Dwom 81

Asaf dwom.

1Monto ahurusi dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden;

mommɔ ose mma Yakob Nyankopɔn no!

2Momma nnwom no so na monwosow akasaa.

Mommɔ sanku ne bɛnta dɛdɛ no.

3Monhyɛn mmentia ɔsram foforo da no,

ne ne kurokumatwa mu, yɛn Aponto da no;

4Eyi yɛ Israelfo ahyɛde,

Yakob Nyankopɔn mmara.

5Otintimii sɛ nhyehyɛe maa Yosef

bere a ɔsɔre tiaa Misraim no,

faako a yɛtee kasa a yɛnte ase no.

6Ɔka se, “Miyii adesoa no fii wɔn mmati so,

ne wɔn nsa fii kɛntɛn ho.

7Mo ahohiahia mu mofrɛɛ me na migyee mo,

migyee mo so wɔ aprannaa mu;

mesɔɔ mo hwɛɛ wɔ Meriba nsu ho.

8“Me nkurɔfo, muntie me kɔkɔbɔ yi,

Israel, sɛ mubetie me a!

9Ɛnsɛ sɛ munya anyame foforo bi wɔ mo mu;

ɛnsɛ sɛ mokotow ananafo anyame.

10Mene Awurade, mo Nyankopɔn a

miyii mo fii Misraim asase so no.

Mummue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma.

11“Nanso me nkurɔfo rentie me;

Israel remmrɛ ne ho ase mma me.

12Enti migyaa wɔn maa wɔn komaden

sɛ wɔnyɛ nea wɔpɛ biara.

13“Sɛ me nkurɔfo tie me,

na Israel nantew mʼakwan so a,

14anka medi wɔn atamfo so ama wɔn ntɛm

na mama me basa so atia wɔn a wokyi wɔn!

15Wɔn a wɔtan Awurade no de osuro bɛkotow no,

na wɔn asotwe to rentwa da.

16Nanso wɔde atoko mu atoko papa bɛma mo adi;

mede ɔbotan mu wo bɛma mo amee.”

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 81:1-16

Dwom 81

Asaf dwom.

1Monto ahurisie dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden;

mommɔ ose mma Yakob Onyankopɔn no!

2Momma nnwom no so na monwoso akasaeɛ.

Mommɔ sankuo ne bɛnta dɛɛdɛ no.

3Monhyɛne mmɛntia ɔsrane foforɔ da no,

ne ɔsrane korokumatwa mu, yɛn Apontoɔ da no;

4Yei yɛ Israelfoɔ ahyɛdeɛ,

Yakob Onyankopɔn mmara.

5Ɔtintimiiɛ sɛ nhyehyɛeɛ maa Yosef

ɛberɛ a ɔsɔre tiaa Misraim no,

faako a yɛtee kasa a yɛnte aseɛ no.

6Ɔka sɛ, “Meyii adesoa no firii mo mmatire so,

ne mo nsa firii adwumaden ho.

7Mo ahohiahia mu, mofrɛɛ me na megyee mo,

megyee mo so wɔ aprannaa mu;

me sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ Meriba nsuo ho.

8“Ao me nkurɔfoɔ, montie me kɔkɔbɔ yi,

Ao Israel, sɛ mobɛtie me a!

9Ɛnsɛ sɛ monya anyame foforɔ bi wɔ mo mu;

ɛnsɛ sɛ mokoto ananafoɔ nyame.

10Mene Awurade, mo Onyankopɔn a

meyii mo firii Misraim asase so no.

Mommue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma.

11“Nanso me nkurɔfoɔ rentie me;

Israel remmrɛ ne ho ase mma me.

12Enti megyaa wɔn maa wɔn akomaden

sɛ wɔnyɛ deɛ wɔpɛ biara.

13“Sɛ me nkurɔfoɔ tie me,

na Israel nante mʼakwan so a,

14anka mɛdi wɔn atamfoɔ so ama wɔn ntɛm

na mama me basa so atia wɔn a wɔkyiri wɔn!

15Wɔn a wɔtane Awurade no de suro bɛkoto no,

na wɔn asotwe to rentwa da.

16Nanso, wɔde atokoɔ mu atokoɔ papa bɛma mo adi;

mede ɔbotan mu woɔ bɛma mo amee.”