Nnwom 78 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 78:1-72

Dwom 78

Asaf dwom.

1Me nkurɔfo, muntie me nkyerɛkyerɛ;

monyɛ aso mma mʼanom nsɛm.

2Mɛkasa wɔ abebu mu,

mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,

3nneɛma a yɛate na yɛahu;

nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.

4Yɛremfa nkame wɔn mma;

yɛbɛka akyerɛ nkyirimma

Awurade nneyɛe a ɛfata nkamfo no,

ne tumi ne anwonwade a wayɛ no.

5Ɔyɛɛ ahyɛde maa Yakob

na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel,

nea ɔhyɛɛ yɛn nenanom

sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma,

6sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma besua,

mpo mmofra a wonnya nwoo wɔn,

na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.

7Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so,

na wɔn werɛ remfi ne nneyɛe,

na wobedi nʼahyɛde so.

8Wɔrenyɛ sɛ wɔn nenanom,

a na wɔyɛ asoɔdenfo ne atuatewfo,

wɔn a wonni Onyankopɔn nokware wɔ wɔn koma mu

na woyɛ honhom mu atorofo ma no no.

9Ɛwɔ mu sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan,

nanso ɔko da no woguanee;

10Wɔanni Onyankopɔn apam no so,

wɔampɛ sɛ wodi ne mmara no so.

11Wɔn werɛ fii nea wayɛ,

anwonwade a wayɛ akyerɛ wɔn no.

12Ɔyɛɛ anwonwade wɔ wɔn nenanom anim,

wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so.

13Ɔkyɛɛ po mu na ɔde wɔn faa mu.

Ɔmaa nsu no gyinaa sɛ afasu.

14Ɔde omununkum dii wɔn anim awia

na ɔde ogyatɛn dii wɔn anim anadwo nyinaa.

15Ɔpaee ɔbotan mu wɔ sare so,

na ɔmaa wɔn nsu a ɛdɔɔso sɛ po;

16Ɔmaa asuti fii abotan mu

na ɔmaa nsu sen sɛ nsubɔnten.

17Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no,

wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ sare no so.

18Wɔhyɛɛ da kaa aduan a wɔpɛ,

de sɔɔ Onyankopɔn hwɛe.

19Wɔkasa tiaa Onyankopɔn se,

“Onyankopɔn betumi ato pon wɔ sare so ana?

20Ɔde ade bɔɔ ɔbotan mu no, nsu tue fii mu,

na nsuwa sen buu so.

Na obetumi ama yɛn aduan nso?

Obetumi ama ne nkurɔfo nam ana?”

21Bere a Awurade tee nea wɔreka no, ne bo fuw yiye;

ne gya beguu Yakob so,

na nʼabufuwhyew sɔre tiaa Israel,

22efisɛ na wonni Onyankopɔn mu gyidi

anaasɛ ne nkwagye mu ahotoso.

23Nanso ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro wɔ ɔhyɛ so;

na obuee ɔsorosoro apon.

24Ɔtɔɔ mana guu fam maa nnipa no sɛ wunni,

ɔmaa wɔn ɔsoro aduan.

25Nnipa dii abɔfo aduan;

ɔmaa wɔn aduan a wobetumi adi nyinaa.

26Ogyaa apuei mframa fi ɔsoro,

na ofi ne tumi mu bɔɔ atɔe mframa.

27Ɔtɔɔ nam sɛ mfutuma guu wɔn so,

nnomaa a wotu bebree sɛ mpoano nwea.

28Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenae,

ne wɔn ntamadan ho nyinaa.

29Wodidi maa aduan no boroo wɔn so

efisɛ ɔmaa wɔn nea wɔhwehwɛ.

30Nanso ansa na wobefi aduan a wɔhwehwɛ no ho,

bere a ɛhyehyɛ wɔn anom mpo no,

31Onyankopɔn abufuw sɔree wɔn so;

okum ahoɔdenfo a wɔwɔ wɔn mu

twitwaa Israel mmerante gui.

32Eyinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne;

nʼanwonwade akyi no, wɔannye anni.

33Enti otwaa wɔn nna so te sɛ ahuru

yɛɛ wɔn mfe awiei huhuuhu.

34Bere biara a Onyankopɔn bekum wɔn no, wɔhwehwɛ no

na wɔpere wɔn ho san ba ne nkyɛn.

35Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan,

sɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no yɛ wɔn Gyefo.

36Nanso wɔde wɔn ano bɛdaadaa no,

na wɔde wɔn tɛkrɛma atwa atoro akyerɛ no;

37wɔn koma nni no nokware,

na wonni nʼapam no so.

38Nanso na ɔyɛ ahummɔbɔ;

ɔde wɔn amumɔyɛ kyɛɛ wɔn

a wansɛe wɔn.

Mpɛn pii, ɔtwentwɛn nʼabufuw so

na wanhwie nʼabufuwhyew nyinaa.

39Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa,

mframa bi a ɛbɔ twa mu na ɛnsan nʼakyi.

40Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ sare no so hɔ,

na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anhow wɔ asase wosee no so!

41Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛɛ bere biara;

na woyii Israel Ɔkronkronni no abufuw.

42Wɔn werɛ fii ne tumi no,

da a ogyee wɔn fii wɔn nhyɛsofo nsam no,

43da a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne nwonwaso wɔ Misraim no

ne nʼanwonwade wɔ Soan mantam mu no.

44Ɔmaa wɔn nsubɔnten dan mogya;

wɔantumi annom wɔn nsuten mu nsu.

45Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaw wɔn

na mpɔtorɔ nso bɛsɛee wɔn asase.

46Ɔmaa tɛwtɛw bedii wɔn mfuw so aduan

na ɔde wɔn nnɔbae nso maa mmoadabi.

47Ɔde mparuwbo sɛee wɔn bobe

na ɔde sukyerɛmma sɛee wɔn ankye nnua.

48Ɔde sukyerɛmma kum wɔn anantwi

ɔde anyinam kum wɔn nyɛmmoa.

49Ohwiee nʼabufuwhyew guu wɔn so,

abufuw, anibere ne ɔtan;

abɔfo asɛefo kuw no.

50Ɔbɔɔ kwan maa nʼabufuw;

na wamfa wɔn nkwa ankyɛ wɔn,

mmom, ɔde wɔn maa ɔyaredɔm.

51Okunkum Misraimfo mmakan nyinaa,

Ham ntamadan mu nnipa mu abakan.

52Nanso oyii ne nkurɔfo fii mu sɛ nguankuw;

odii wɔn anim sɛ nguan wɔ sare no so.

53Odii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro;

nanso wɔn atamfo de, po asorɔkye bu faa wɔn so.

54Sɛɛ na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahye so,

bepɔw asase a ɔde ne nsa nifa gyee no.

55Ɔpam amanaman a wɔwɔ wɔn anim no

na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapade;

ɔbɔɔ Israel mmusuakuw no atenase wɔ wɔn afi mu.

56Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe,

na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no;

na wɔanni ne mmara so.

57Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokware na wɔannya gyidi,

ahotoso nni wɔn mu na wɔte sɛ agyan a asɛe.

58Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuw

na wɔn ahoni maa ne ninkutwe mu yɛɛ den.

59Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuwii;

na ɔpoo Israel korakora.

60Ogyaw nʼatenae a ɛwɔ Silo no,

ntamadan a wasi wɔ nnipa mu no.

61Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommum mu,

nʼanuonyam kɔɔ atamfo nsam.

62Ɔde ne nkurɔfo maa afoa;

ne bo fuw nʼagyapade yiye.

63Ogya hyew wɔn mmerante kum wɔn,

na wɔn mmabaa annya ayeforohyia dwom anto;

64Wɔn asɔfo wuwuu afoa ano,

na wɔn akunafo antumi ansu.

65Afei Awurade sɔree sɛnea ofi nna mu no,

sɛnea ɔbarima a wabow nsa nyan fi nnahɔɔ mu no.

66Ɔbobɔɔ nʼatamfo ma woguan kɔɔ wɔn akyi;

ɔhyɛɛ wɔn aniwu afebɔɔ.

67Afei ɔpoo Yosef ntamadan no,

na wamfa Efraim abusuakuw no nso;

68Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuw no,

Bepɔw Sion a ɔdɔ no no.

69Osii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea,

te sɛ asase a etim hɔ daa.

70Oyii ne somfo Dawid,

ɔfrɛɛ no fii nguannan mu;

71fii nguan akyi na ɔde no bae

se ɔmmɛyɛ oguanhwɛfo mma ne nkurɔfo Yakob,

mma Israel a wɔyɛ nʼagyapade.

72Na Dawid de koma pa hwɛɛ wɔn so

na ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 78:1-72

Dwom 78

Asaf dwom.

1Ao me nkurɔfoɔ, montie me nkyerɛkyerɛ;

monyɛ aso mma mʼanomu nsɛm.

2Mɛkasa wɔ abɛbuo mu,

mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,

3nneɛma a yɛate na yɛahunu;

nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.

4Yɛremfa nkame wɔn mma;

yɛbɛka akyerɛ nkyirimma;

Awurade nneyɛɛ a ɛfata nkamfo no,

ne tumi ne anwanwadeɛ a wayɛ no.

5Ɔyɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakob

na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel,

deɛ ɔhyɛɛ yɛn nananom

sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma,

6sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛsua

mpo mmɔfra a wɔnnya nwoo wɔn,

na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.

7Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so,

na wɔn werɛ remfiri ne nneyɛɛ,

na wɔbɛdi nʼahyɛdeɛ so.

8Wɔrenyɛ sɛ wɔn nananom,

a na wɔyɛ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ,

wɔn a wɔn akoma mu wɔnni Onyankopɔn nokorɛ

na woyɛ honhom mu atorofoɔ ma noɔ no.

9Ɛwom sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan,

nanso ɔko da no, wɔdwaneeɛ;

10Wɔanni Onyankopɔn apam no so

wɔampɛ sɛ wɔdi ne mmara no so.

11Wɔn werɛ firii deɛ wayɛ,

anwanwadeɛ a wayɛ akyerɛ wɔn no.

12Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ wɔn nananom anim

wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so.

13Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu.

Ɔmaa nsuo no gyinaa sɛ afasuo.

14Ɔde omununkum dii wɔn anim awia

na ɔde ogyadum dii wɔn anim anadwo nyinaa.

15Ɔpaee ɔbotan mu wɔ ɛserɛ so,

na ɔmaa wɔn nsuo a ɛdɔɔso sɛ ɛpo;

16Ɔmaa asutire firii abotan mu

na ɔmaa nsuo tenee sɛ nsubɔntene.

17Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no,

wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ ɛserɛ no so.

18Wɔboapa sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ;

wɔbisaa aduane a wɔpɛ.

19Wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ,

“Onyankopɔn bɛtumi ato ɛpono wɔ ɛserɛ so anaa?

20Ɔde adeɛ bɔɔ ɔbotan mu no, nsuo to firi mu baeɛ,

na nsuwa bebree tenee hɔ.

Na ɔbɛtumi ama yɛn aduane nso?

Ɔbɛtumi ama ne nkurɔfoɔ ɛnam anaa?”

21Ɛberɛ a Awurade tee deɛ wɔreka no, ne bo fuu yie;

ne ogya bɛguu Yakob so,

na nʼabufuhyeɛ sɔre tiaa Israel,

22ɛfiri sɛ, na wɔnni Onyankopɔn mu gyidie

anaasɛ ne nkwagyeɛ mu ahotosoɔ.

23Nanso, ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro ɔhyɛ so;

na ɔbuee ɔsorosoro apono.

24Ɔtɔɔ mana firi soro maa nnipa no sɛ wonni,

ɔmaa wɔn ɔsoro aduane.

25Nnipa dii abɔfoɔ aduane;

ɔmaa wɔn aduane a wɔbɛtumi adi nyinaa.

26Ɔmaa apueeɛ mframa bɔ firii sorosoro,

na ɔde ne tumi bɔɔ atɔeɛ mframa.

27Ɔtoo ɛnam sɛ mfuturo guu wɔn so,

nnomaa a wɔtu bebree sɛ mpoano anwea.

28Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenaeɛ,

ne wɔn ntomadan ho nyinaa.

29Wɔdidi maa aduane no boroo wɔn so

ɛfiri sɛ ɔmaa wɔn deɛ wɔhwehwɛ.

30Nanso ansa na wɔbɛfiri aduane a wɔhwehwɛeɛ no ho,

ɛberɛ a ɛhyehyɛ wɔn anomu mpo no,

31Onyankopɔn abufuo sɔree wɔn so;

ɔkum ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ wɔn mu

twitwaa Israel mmeranteɛ guiɛ.

32Yeinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne;

nʼanwanwadeɛ akyi no, wɔannye anni.

33Enti, ɔtwaa wɔn nna so te sɛ ahuro

yɛɛ wɔn mfeɛ awieeɛ huhuuhu.

34Ɛberɛ biara a Onyankopɔn bɛkum wɔn no, wɔhwehwɛɛ no,

na wɔpere wɔn ho sane baa ne nkyɛn.

35Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan,

sɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn no yɛ wɔn Gyefoɔ.

36Nanso, wɔde wɔn ano bɛdaadaa no,

na wɔde wɔn tɛkrɛma twaa atorɔ kyerɛɛ no;

37wɔn akoma anni no nokorɛ,

na wɔanni nʼapam no so.

38Nanso na ɔyɛ ahummɔborɔ;

ɔde wɔn amumuyɛ kyɛɛ wɔn

a wansɛe wɔn.

Mpɛn bebree ɔtwentwɛnee nʼabufuo so

na wanhwie nʼabufuhyeɛ nyinaa.

39Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa,

mframa bi a ɛbɔ twam na ɛnsane nʼakyi.

40Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ ɛserɛ no so hɔ,

na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anho wɔ asase wesee no so?

41Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ ɛberɛ biara;

na wɔyii Israel Ɔkronkronni no abufuo.

42Wɔn werɛ firii ne tumi no,

ɛda a ɔgyee wɔn firii wɔn nhyɛsofoɔ nsam no,

43ɛda a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ Misraim no

ne nʼanwanwadeɛ wɔ Soan mantam mu no.

44Ɔmaa wɔn nsubɔntene danee mogya;

wɔantumi annom wɔn asutene mu nsuo.

45Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaa wɔn

na mponkyerɛne nso bɛsɛee wɔn asase.

46Ɔmaa mmɛbɛ bɛdii wɔn mfuo so aduane

na ɔde wɔn mfudeɛ nso maa ntutummɛ.

47Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobe

na ɔde nsukyeneeɛ sɛee wɔn ankye nnua.

48Ɔde sukyerɛmma kumm wɔn anantwie

ɔde anyinam kumm wɔn nyɛmmoa.

49Ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so,

abufuo, anibereɛ ne ahohia;

abɔfoɔ asɛefoɔ kuo no.

50Ɔbɔɔ ɛkwan maa nʼabufuo;

na wamfa wɔn nkwa ankyɛre wɔn

mmom ɔde wɔn maa ɔyaredɔm.

51Ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa,

Ham ntomadan mu nnipa mu abakan.

52Nanso ɔyii ne nkurɔfoɔ firii mu sɛ nnwankuo;

ɔdii wɔn anim sɛ nnwan wɔ ɛserɛ no so.

53Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro;

nanso wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo asorɔkye bu faa wɔn so.

54Sei na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahyeɛ so,

bepɔ asase a ɔde ne nsa nifa gyeeɛ no.

55Ɔpamoo amanaman a wɔwɔ wɔn anim no

na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ;

ɔbɔɔ Israel mmusuakuo no atenaseɛ wɔ wɔn afie mu.

56Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ

na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no;

na wɔanni ne mmara so.

57Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokorɛ na wɔannya gyidie,

ahotosoɔ nni wɔn mu, na wɔte sɛ agyan a asɛe.

58Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuo

na wɔn ahoni maa ne ninkuntwe mu yɛɛ den.

59Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuiɛ;

na ɔpoo Israel korakora.

60Ɔgyaa nʼatenaeɛ a ɛwɔ Silo no hɔ

ntomadan a wasi wɔ nnipa mu no.

61Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommumfa mu,

nʼanimuonyam kɔɔ atamfoɔ nsam.

62Ɔde ne nkurɔfoɔ maa akofena;

ne bo fuu nʼagyapadeɛ yie.

63Egya hyee wɔn mmeranteɛ kumm wɔn,

na wɔn mmabaawa annya ayeforɔhyia dwom anto;

64Wɔn asɔfoɔ wuwuu akofena ano,

na wɔn akunafoɔ antumi ansu.

65Afei Awurade sɔree sɛdeɛ ɔfiri nna mu no,

sɛdeɛ ɔbarima a waboro nsã nyane firi nnahɔɔ mu no.

66Ɔbobɔɔ nʼatamfoɔ ma wɔdwane kɔɔ wɔn akyi;

ɔhyɛɛ wɔn aniwuo afebɔɔ.

67Afei ɔpoo Yosef ntomadan no,

na wamfa Efraim abusuakuo no nso;

68Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuo no,

Bepɔ Sion a ɔdɔ noɔ no.

69Ɔsii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea,

te sɛ asase a ɛtim hɔ daa.

70Ɔyii ne ɔsomfoɔ Dawid;

ɔfrɛɛ no firii nnwammuo mu

71firii nnwan akyiridie, na ɔde no baeɛ

sɛ ɔmmɛyɛ odwanhwɛfoɔ mma ne nkurɔfoɔ Yakob,

mma Israel a wɔyɛ nʼagyapadeɛ.

72Na Dawid de akoma pa hwɛɛ wɔn so

na ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim.