Nnwom 74 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 74:1-23

Dwom 74

Asaf dwom.

1Ao, Onyankopɔn, adɛn nti na woapo yɛn koraa yi?

Adɛn nti na wʼabufuw hyew wʼadidibea nguan?

2Kae nkurɔfo a wotɔɔ wɔn teteete no,

abusua a ɛyɛ wʼagyapade a wugyee wɔn no,

Bepɔw Sion, faako a wote hɔ.

3Dan wʼanammɔntu kyerɛ saa nnwiriwii a ɛto ntwa da yi,

ɔtamfo no de saa ɔsɛe yi nyinaa aba wo kronkronbea no so.

4Wʼatamfo bobɔɔ mu wɔ faako a wuhyiaa yɛn no;

wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraehyɛde wɔ hɔ.

5Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnua

de abubu nnua a ayɛ nkyɛkyerɛ.

6Wɔde wɔn mmonnua ne nname

bubuu nnua a wɔasen adi ho adwinni no.

7Wɔhyew wo kronkronbea no dwerɛbee;

woguu faako a wo Din te no ho fi.

8Wɔkaa wɔ wɔn koma mu se, “Yebetiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!”

Wɔhyew baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so.

9Wɔmmaa yɛn nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa biara;

adiyifo no asa,

na yɛn mu biara nnim nna dodow a ebedi.

10Onyankopɔn, wʼatamfo bɛserew wo akosi da bɛn?

Wɔn a wokyi wo no begu wo din ho fi daa ana?

11Adɛn nti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no?

Yi fi wʼatade mmobɔwee no mu na sɛe wɔn.

12Nanso Onyankopɔn yɛ me hene fi tete;

wode nkwagye ba asase so.

13Ɛyɛ wo na wode wo tumi paee po mu no;

wopɛtɛw nsu mu ɔwɔ no ti.

14Wopɛtɛw Lewiatan no ti

na wode no maa sare so abɔde sɛ wɔn aduan.

15Wo na womaa nsuwa ne nsuti tuei;

na womaa nsubɔnten a ɛsen yoyowee.

16Adekyee wɔ wo na adesae nso yɛ wo dea;

wode owia ne ɔsram sisii hɔ.

17Ɛyɛ wo na wototoo asase so ahye nyinaa;

wobɔɔ ahohuru ne awɔw mmere.

18Awurade, kae sɛnea ɔtamfo no aserew wo,

sɛnea nkwaseafo agu wo din ho fi.

19Mmfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa;

mma wo werɛ mfi wo nkurɔfo a wɔrehu amane no nkwa afebɔɔ.

20Ma wʼapam no ho nhia wo,

efisɛ akakabensɛm ahyɛ asase no so sum mu ma.

21Mma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no mmfa animguase nsan;

ma ahiafo ne mmɔborɔfo nkamfo wo din.

22Ao, Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm;

kae sɛnea nkwaseafo serew wo da mu nyinaa.

23Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteɛteɛmu so,

wʼatamfo gyegyeegyeyɛ a ɛkɔ soro daa no.

New International Version

Psalms 74:1-23

Psalm 74

A maskilTitle: Probably a literary or musical term of Asaph.

1O God, why have you rejected us forever?

Why does your anger smolder against the sheep of your pasture?

2Remember the nation you purchased long ago,

the people of your inheritance, whom you redeemed—

Mount Zion, where you dwelt.

3Turn your steps toward these everlasting ruins,

all this destruction the enemy has brought on the sanctuary.

4Your foes roared in the place where you met with us;

they set up their standards as signs.

5They behaved like men wielding axes

to cut through a thicket of trees.

6They smashed all the carved paneling

with their axes and hatchets.

7They burned your sanctuary to the ground;

they defiled the dwelling place of your Name.

8They said in their hearts, “We will crush them completely!”

They burned every place where God was worshiped in the land.

9We are given no signs from God;

no prophets are left,

and none of us knows how long this will be.

10How long will the enemy mock you, God?

Will the foe revile your name forever?

11Why do you hold back your hand, your right hand?

Take it from the folds of your garment and destroy them!

12But God is my King from long ago;

he brings salvation on the earth.

13It was you who split open the sea by your power;

you broke the heads of the monster in the waters.

14It was you who crushed the heads of Leviathan

and gave it as food to the creatures of the desert.

15It was you who opened up springs and streams;

you dried up the ever-flowing rivers.

16The day is yours, and yours also the night;

you established the sun and moon.

17It was you who set all the boundaries of the earth;

you made both summer and winter.

18Remember how the enemy has mocked you, Lord,

how foolish people have reviled your name.

19Do not hand over the life of your dove to wild beasts;

do not forget the lives of your afflicted people forever.

20Have regard for your covenant,

because haunts of violence fill the dark places of the land.

21Do not let the oppressed retreat in disgrace;

may the poor and needy praise your name.

22Rise up, O God, and defend your cause;

remember how fools mock you all day long.

23Do not ignore the clamor of your adversaries,

the uproar of your enemies, which rises continually.