Nnwom 71 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 71:1-24

Dwom 71

1Awurade, wo mu na maguan ahintaw;

mma mʼanim ngu ase da.

2Wo trenee no nti, yi me na gye me;

tie me na gye me nkwa.

3Yɛ me nkwagye botan,

faako a metumi akɔ daa;

hyɛ ma wommegye me nkwa,

na wone me botan ne mʼabandennen.

4Me Nyankopɔn, gye me fi amumɔyɛfo nsam,

gye me fi nnebɔneyɛfo ne atirimɔdenfo nsam.

5Na woayɛ mʼanidaso, Asafo Awurade,

mʼahotoso fi me mmabun bere mu.

6Mede me ho ato wo so fi awo mu;

wo na wuyii me fii me na yafunu mu.

Mɛkamfo wo daa.

7Mayɛ nsɛnkyerɛnne ama bebree,

nanso wo ne me guankɔbea dennen.

8Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma,

mekamfo wʼanuonyam da mu nyinaa.

9Ntow me nkyene bere a mabɔ akwakoraa;

mʼahoɔden sa wɔ me mu a, nnyaw me.

10Efisɛ mʼatamfo kasa tia me

wɔn a wɔtwɛn sɛ wobekum me no bɔ mu pam me ti so.

11Wɔka se, “Onyankopɔn agyaw no mu;

momma yentiw no na yɛnkyere no,

na obiara nni hɔ a obegye no.”

12Me Nyankopɔn, mfi me nkyɛn nkɔ akyiri;

Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.

13Ma wɔn a wɔbɔ me sobo no nsɛe wɔ animguase mu;

wɔn a wɔpɛ sɛ wopira me no

ma ahohora ne animguase nkata wɔn so.

14Nanso me de, menya anidaso daa;

mɛkɔ so akamfo wo.

15Mɛka wo trenee ho asɛm,

ne wo nkwagye da mu nyinaa,

nanso minnim ano.

16Otumfo Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛse no;

mɛpae mu aka wo trenee, wo nko ara de no, akyerɛ.

17Onyankopɔn, efi me mmabun bere na wokyerɛkyerɛɛ me,

na ebesi nnɛ yi meka wʼanwonwade a woayɛ kyerɛ.

18Mpo sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen a,

Onyankopɔn, nnyaw me,

kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma,

ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.

19Onyankopɔn, wo trenee du ɔsorosoro,

wo a woayɛ nneɛma akɛse.

Onyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo?

20Mmom woama mahu ɔhaw bebree a ɛyɛ yaw;

nanso wobɛma me nkwa bio;

na wubeyi me bio,

afi asase yam.

21Wobɛhyɛ me anuonyam bebree

na woakyekye me werɛ bio.

22Mede sanku bɛkamfo wo

me Nyankopɔn, wo trenee nti

mɛto wʼayeyi dwom wɔ sankuten so,

Israel Kronkronni.

23Mʼanofafa de anigye bɛteɛ mu

bere a meto dwom kamfo wo,

me a woagye me no.

24Me tɛkrɛma bɛka wo trenee nnwuma

da mu nyinaa,

efisɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no

kɔ animguase ne basaayɛ mu.