Nnwom 66 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 66:1-20

Dwom 66

Dawid dwom.

1Asase nyinaa momfa ahosɛpɛw nteɛ mu mma Onyankopɔn!

2Monto ne din anuonyamhyɛ ho dwom;

momma nʼayeyi nyɛ anuonyamhyɛ!

3Munse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛe yɛ nwonwa dodo!

Wo tumi so mmoroso

a wʼatamfo nyinaa de osuro kotow wʼanim.

4Asase nyinaa kotow wo;

wɔto ayeyi dwom ma wo,

wɔto dwom kamfo wo din.”

5Mommra mmɛhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ;

anwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu.

6Ɔmaa po yɛɛ asase kesee;

wɔnantew twaa nsu no

mommra mma yenni ahurusi wɔ no mu.

7Ɔde ne tumi di hene daa daa,

na ɔde nʼani nso hwɛ aman so.

Mma atuatewfo nsɔre ntia no.

8Aman nyinaa, munhyira yɛn Nyankopɔn,

momma wɔnte mo nkamfo no nnyigyei;

9wahwɛ yɛn nkwa so

na wamma yɛn anan anwatiri.

10Na wo, Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛe;

na wonan yɛn sɛ dwetɛ.

11Wode yɛn koguu afiase

na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi.

12Womaa yɛn atamfo twiw faa yɛn so;

yɛfaa ogya ne nsu mu,

nanso wode yɛn baa faako a nnepa abu so.

13Mede ɔhyew afɔre bɛba wʼasɔredan mu

na madi bɔ a mahyɛ wo no so,

14bɔ a mʼanofafa hyɛe, na mʼano kaa

bere a na mewɔ ɔhaw mu no.

15Mede mmoa a wɔadɔ srade bɛbɔ afɔre ama wo;

adwennini ayɛyɛde;

mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔre.

16Mommra mmetie, mo a musuro Onyankopɔn nyinaa;

momma menka nea wayɛ ama me nkyerɛ mo.

17Mede mʼano su frɛɛ no;

na me tɛkrɛma yii no ayɛ.

18Sɛ mede bɔne hyɛɛ me koma mu a,

anka Awurade antie me.

19Nanso nokware, Onyankopɔn atie me,

wate me mpaebɔ.

20Nhyira nka Onyankopɔn,

a wampo me mpaebɔ

na wanyi nʼadɔe amfi me so.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 66:1-20

Dwom 66

Dawid dwom.

1Asase nyinaa momfa ahosɛpɛ nteam mma Onyankopɔn!

2Monto ne din animuonyamhyɛ ho dwom;

momma nʼayɛyie nyɛ animuonyamhyɛ!

3Monse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛɛ yɛ nwanwa

wo tumi so

na wʼatamfoɔ nyinaa de suro koto wʼanim.

4Asase nyinaa koto wo;

wɔto ayɛyi dwom ma wo,

wɔto dwom kamfo wo din.”

5Mommra mmɛhwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ;

anwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.

6Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee;

wɔnante twaa asuo no.

Mommra na yɛnni ahurisie wɔ ne mu.

7Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa,

na ɔde nʼani nso hwɛ aman so.

Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no.

8Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn,

momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ.

9Wahwɛ yɛn nkwa so

na wamma yɛn nan anwatiri.

10Na wo, Ao Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛeɛ;

na wohoaa yɛn ho sɛ dwetɛ.

11Wode yɛn kɔguu nneduadan mu

na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi.

12Womaa yɛn atamfoɔ twi faa yɛn so;

yɛfaa ogya ne nsuo mu,

nanso wode yɛn baa baabi a nnepa abu so.

13Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛba wʼasɔredan mu

na madi ɛbɔ a mahyɛ wo no so,

14ɛbɔ a mʼano fafa hyɛeɛ na mʼano kaaeɛ

ɛberɛ a na mewɔ ɔhaw mu no.

15Mede mmoa a wɔadɔ sradeɛ bɛbɔ afɔdeɛ ama wo

nnwennini ayɛyɛdeɛ;

mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ.

16Mommra mmɛtie, mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa;

momma menka deɛ wayɛ ama me nkyerɛ mo.

17Mede mʼano su frɛɛ no;

na me tɛkrɛma yii no ayɛ.

18Sɛ mede bɔne hyɛɛ mʼakomam a,

anka Awurade antie me.

19Nanso, nokorɛm, Onyankopɔn atie me,

wate me mpaeɛbɔ.

20Nhyira nka Onyankopɔn,

a wampo me mpaeɛbɔ

na wanyi nʼadɔeɛ amfiri me so.