Nnwom 64 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 64:1-10

Dwom 64

Dawid dwom.

1Me Nyankopɔn, tie me, bere a mereka me haw;

bɔ me kra ho ban fi ɔtamfo ahunahuna ho.

2Fa me sie fi amumɔyɛfo agyinatu ho,

ne nnebɔneyɛfo pɔwbɔ ho.

3Wɔsew wɔn tɛkrɛma sɛ afoa

na wɔde atirimɔden nsɛm sɔn sɛ mmɛmma werɛmfo.

4Wofi ahintawee mu, tow bɔ onipa a ne ho nni asɛm;

wɔtow bɔ no mpofirim a wonsuro.

5Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumɔyɛ nhyehyɛe ho,

wɔka sɛnea wobesum wɔn mfiri asie;

wɔka se, “Hena na obehu yɛn?”

6Wɔbɔ ntɛnkyew ho pɔw na wɔka se,

“Yɛayɛ nhyehyɛe a ɛso nni koraa!”

Ampa ara onipa koma ne nʼadwene yɛ anifere.

7Nanso Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn;

na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ.

8Ɔbɛdan wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn

na ɔde wɔn aba ɔsɛe mu;

na wɔn a wobehu wɔn nyinaa de animka bɛbɔ wɔn ti nko.

9Adesamma nyinaa besuro;

wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma

na wɔasusuw nea wayɛ ho.

10Ma atreneefo nni ahurusi wɔ Awurade mu

na wɔmpɛ guankɔbea wɔ no mu;

ma wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa nyi no ayɛ!

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 64:1-10

Dwom 64

Dawid dwom.

1Ao Onyankopɔn, tie me ɛberɛ a mereka me haw;

bɔ me ɔkra ho ban firi ɔtamfoɔ ahunahuna ho.

2Fa me sie firi amumuyɛfoɔ agyinatuo ho,

ne nnebɔneyɛfoɔ dodoɔ no gyegyeegyeyɛ ho.

3Wɔse wɔn tɛkrɛma sɛ akofena

na wɔse wɔn ano sɛ mmɛmma kɔdiawuo.

4Wɔfiri atɛeɛ mu, to bɔ onipa a ne ho nni asɛm;

wɔto bɔ no mpofirim a wɔnsuro.

5Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumuyɛ nneyɛeɛ ho,

wɔka sɛdeɛ wɔbɛsum afidie;

wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛhunu yɛn?”

6Wɔbɔ atɛnkyea ho pɔ na wɔka sɛ,

“Yɛayɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ pɛ!”

Ampa ara onipa akoma ne nʼadwene yɛ anifire.

7Nanso, Onyankopɔn bɛto bɛmma awɔ wɔn;

na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ.

8Ɔbɛdane wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn

na ɔde wɔn aba ɔsɛeɛ mu;

na wɔn a wɔbɛhunu wɔn nyinaa bɛbɔ wɔn tiri nko wɔ animtiabuo so.

9Adasamma nyinaa bɛsuro;

wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma

na wɔasusu deɛ wayɛ ho.

10Ma teneneefoɔ nni ahurisie wɔ Awurade mu

na wɔmpɛ hintabea wɔ ne mu;

ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa nyi no ayɛ!