Nnwom 49 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 49:1-20

Dwom 49

Koramma dwom.

1Muntie, mo saa nnipa yi nyinaa;

monyɛ aso, mo a mowɔ wiase yi mu nyinaa,

2nea ɔyɛ abomfiaa ne nea odi mu,

adefo ne ahiafo nyinaa.

3Mʼano bɛka anyansasɛm;

nsɛm a efi me koma mu bɛma nhumu.

4Mɛbrɛ mʼaso ase atie mmebusɛm;

na sanku na mede bɛkyerɛ mʼabisae ase.

5Adɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro, bere a nna bɔne aba,

bere a amumɔyɛfo nnaadaafo atwa me ho ahyia,

6wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya so

na wɔde wɔn ade dodow hoahoa wɔn ho?

7Onipa biara rentumi nnye ne yɔnko nkwa

na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn,

8nkwa ho mpata bo yɛ den,

akatua biara renso,

9sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ

a ɔrenhu porɔwee.

10Obiara nim pefee sɛ anyansafo wu;

saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu,

na wogyaw wɔn ahonya hɔ ma afoforo.

11Wɔn nna bɛyɛ wɔn afi afebɔɔ,

wɔn atenae wɔ awo ntoatoaso bere a enni awiei mu,

ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn din atoto nsase so.

12Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa;

ɔte sɛ mmoa a wowu no ara.

13Eyi ne nea ɛda hɔ ma wɔn a wogye wɔn ho di,

ne wɔn akyidifo a wɔfoa wɔn nsɛm so.

14Wɔte sɛ nguan, na wɔbɛkɔ ɔda mu,

na owu de wɔn bɛyɛ nʼaduan.

Atreneefo bedi wɔn so anɔpa;

wɔn nipadua bɛporɔw wɔ ɔda mu,

na wɔne wɔn adan akɛse no ntam akwan bɛware.

15Nanso Onyankopɔn begye me afi ɔda mu;

ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn.

16Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnnhaw wo;

na sɛ ne fi anigye yɛ bebree a, mma ɛnnhaw wo;

17efisɛ, sɛ owu a ɔremmfa hwee nkɔ,

nʼanuonyam ne no renkɔ amoa mu.

18Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no,

efisɛ wɔkamfo nnipa bere a wodi yiye,

19nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho,

wɔn a wɔrenhu nkwa hann ara da no.

20Onipa a ɔwɔ ahonya na onni nhumu no

te sɛ mmoa a wowu.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 49:1-20

第 49 篇

财富的虚幻

可拉后裔的诗,交给乐长。

1万民啊,你们要听!

世人啊,

2不论贵贱贫富,都要留心听!

3因为我口出智慧,心思明智。

4我要侧耳听箴言,

弹琴解释人生之谜。

5危难来临,四面被奸诈之徒包围时,我何必惧怕?

6他们倚靠金钱、夸耀财富,

7却不能救赎自己的生命,

也无法向上帝付生命的赎价。

8因为生命的赎价高昂,

无人付得起,

9以致可以永远活着,不进坟墓。

10众所周知,即使智者也要死去,

愚人和庸者也要灭亡,

将他们的财富留给别人。

11尽管他们用自己的名字来为产业命名,

坟墓却是他们永远的归宿,

世代的住处。

12人不能长享富贵,

终必死去,与兽无异。

13这就是愚昧人及其追随者的下场!(细拉)

14他们注定要死,与羊无异,

死亡是他们的牧者;

到了早晨,

他们必被正直人管辖。

他们的躯体必朽烂在坟墓里,

远离自己的豪宅。

15但上帝必救赎我的生命脱离死亡的权势,

接我到祂身边。(细拉)

16因此,见他人财富增多,

日益奢华,

不要害怕。

17因为他们死后什么也带不走,

再不能拥有荣华富贵。

18他们活着时自以为有福,

人们都赞扬他们的成就,

19到头来他们还是要归到祖先那里,

再也看不见光明。

20人有财富,却无明智的心,

无异于必死的兽类。