Dwom 47
Koramma dwom.
1Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam;
momfa anigye nteɛ mu mfrɛ Onyankopɔn.
2Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwonwa,
Ɔyɛ Ɔhene kɛse wɔ asase nyinaa so!
3Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase,
na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn anan ase.
4Oyii yɛn agyapade maa yɛn,
nea ɛyɛ Yakob a ɔdɔ no no ahohoahoade.
5Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigye nteɛteɛmu mu,
Awurade wɔ torobɛnto nnyigyei mu.
6To ayeyi nnwom ma Onyankopɔn, to ayeyi nnwom;
to ayeyi nnwom ma yɛn Hene, to ayeyi nnwom.
7Efisɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Hene.
Monto ahurusi nnwom mma no.
8Onyankopɔn di hene wɔ amanaman no so;
Onyankopɔn te nʼahengua kronkron so.
9Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano
sɛ Abraham Nyankopɔn nkurɔfo,
efisɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn de;
na wɔma no so kɛse.