Nnwom 45 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 45:1-17

Dwom 45

Koramma dwom. Ayeforohyia dwom.

1Botae bi a edi mu akanyan me koma

bere a merebɔ ɔhene mmran no;

me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo kunini bi kyerɛwdua.

2Wudi mu koraa wɔ mmarima mu

na wɔde adom bi asra wʼano,

esiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no nti.

3Fa wʼafoa bɔ wo nkyɛn mu, okokuroko;

fa anuonyam ne kɛseyɛ fura.

4Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdi so

wɔ nokware, ahobrɛase ne trenee mu;

ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwonwa no adi.

5Ma wo bɛmma nnamnam no nhwirew ɔhene atamfo koma mu;

na ma amanaman nhwe wʼanan ase.

6Ao Onyankopɔn, wʼahengua no bɛtena hɔ daa daa;

trenee ahempema bɛyɛ wʼahenni no ahempema.

7Wodɔ trenee na wukyi bɔne.

Ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn de wo asi wo mfɛfo so,

na ɔde anigye ngo asra wo.

8Kurobow, pɛprɛ ne bɛwewonua hua agye wo batakari mu nyinaa;

sanku so nnwom a efi ahemfi a wɔde asonse asiesie ho mu

ma wʼani gye.

9Ahemfo mmabea ka wo mmea atitiriw ho;

wo nsa nifa so na ayeforo dehye a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.

10Ɔbabea tie, dwene ho, na yɛ osetie;

ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne wo papa fi.

11Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani;

di no ni, efisɛ ɔno ne wo wura.

12Tiro Babea de ayɛyɛde bɛba;

mmarima adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

13Ɔhene babea a ɔwɔ ne pia mu no yɛ onuonyamfo

wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatade yuu mu.

14Ɔhyɛ ntade a wɔadi mu adwinni na wɔde no kɔma ɔhene;

ne mfɛfo mmabun di nʼakyi

na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.

15Wɔde ahosɛpɛw ne anigye kɔ mu;

wɔhyɛn ɔhempɔn no ahemfi.

16Wo mmabarima besi wʼagyanom anan mu

wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa.

17Mɛma wɔakae wo wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu;

ɛno nti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 45:1-17

Dwom 45

Kora mma dwom. Ayeforɔhyia dwom.

1Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma

ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no;

me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua.

2Wodi mu wɔ mmarima mu

na wɔde adom bi asra wʼano,

ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti.

3Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ;

fa animuonyam ne kɛseyɛ fira.

4Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdie so

wɔ nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu;

ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi.

5Ma wo bɛmma namnam no nhwere ɔhene atamfoɔ akoma mu;

na ma amanaman nhwe wo nan ase.

6Ao Onyankopɔn, wʼahennwa no bɛtena hɔ daa daa;

tenenee ahempoma bɛyɛ wʼahennie no ahempoma.

7Wodɔ tenenee na wokyiri bɔne.

Ɛno enti Onyankopɔn, wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so,

na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.

8Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa;

sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho mu

ma wʼani gye.

9Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho;

wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.

10Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie;

ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie.

11Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani;

di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura.

12Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba;

mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

13Ɔhene babaa a ɔwɔ ne piam no yɛ onimuonyamfoɔ

wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatadeɛ yuu mu.

14Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔadi mu adwinneɛ na wɔde no kɔma ɔhene;

ne mfɛfoɔ mmaabunu di nʼakyi

na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.

15Wɔde ahosɛpɛ ne anigyeɛ kɔ mu;

wɔhyɛne ɔhempɔn no ahemfie.

16Wo mmammarima bɛsi wʼagyanom ananmu

wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa.

17Mɛma wɔakae wo wɔ awontoatoasoɔ nyinaa mu;

ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa.