Nnwom 44 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 44:1-26

Dwom 44

Koramma “maskil” dwom.

1Ao, Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate;

yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn;

nea woyɛɛ wɔ wɔn bere so,

wɔ tete mmere no mu.

2Wode wo nsa pam amanaman no

na wobɔɔ yɛn agyanom atenase;

wodwerɛw nnipa no

na womaa yɛn agyanom dii yiye.

3Ɛnyɛ wɔn afoa na wɔde nyaa asase no,

na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdi;

ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa,

ne wʼanim hann, efisɛ na wodɔ wɔn.

4Woyɛ me Hene ne me Nyankopɔn,

nea ɔhyɛ nkonimdi ma Yakob.

5Ɛnam wo so na yɛpam yɛn Atamfo;

wo din mu na yetiatia wɔn a wokyi yɛn no so.

6Memmfa me ho nto mʼagyan so,

mʼafoa remfa nkonimdi mmrɛ me;

7na wo na woma yedi yɛn atamfo so

wugu wɔn a wɔtan yɛn no anim ase.

8Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa,

na yɛbɛkamfo wo din no daa daa.

9Nanso mprempren woapo yɛn abrɛ yɛn ase;

wone yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio.

10Woma yeguan fii dɔm anim,

ma yɛn atamfo fom yɛn agyapade.

11Wuyii yɛn maa sɛ wonkum yɛn sɛ nguan

na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu.

12Wotɔn wo nkurɔfo fofoofow,

na woannya mfaso biara amfi mu.

13Woayɛ yɛn ahohorade ama yɛn afipamfo,

animtiaabude ne aserewde ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.

14Woayɛ yɛn kasabebui wɔ aman no mu

na nnipa no wosow wɔn ti de gu yɛn so.

15Mʼanimguase di mʼanim daa,

na aniwu akata mʼanim,

16esiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi,

esiane ɔtamfo a nʼani abere sɛ ɔbɛtɔ were no nti.

17Eyinom nyinaa too yɛn de,

nanso yɛn werɛ mfii wo,

na yemmuu wʼapam no nso so ɛ.

18Yɛn koma ntwe mfii wo ho;

na yɛn anan nso mman mfii wo kwan so ɛ.

19Nanso wodwerɛw yɛn yɛɛ yɛn sakraman tu

na wode sum kabii kataa yɛn so.

20Sɛ na yɛn werɛ afi yɛn Nyankopɔn din

anaa sɛ yɛatrɛw yɛn nsam akyerɛ ananafo nyame a,

21anka Onyankopɔn behu,

efisɛ onim koma mu ahintasɛm.

22Nanso wo nti wokum yɛn daa nyinaa;

wobu yɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn.

23Nyan, Awurade! Adɛn nti na woada?

Keka wo ho! Nnyaw yɛn hɔ afebɔɔ.

24Adɛn nti na wode wʼanim ahintaw

na wo werɛ fi yɛn ahohia ne nhyɛso?

25Wɔabrɛ yɛn ase kɔ dɔte mu

na yɛn nipadua aka afam dɔte.

26Sɔre bɛboa yɛn;

wʼadɔe a ɛnsa da no nti, gye yɛn.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 44:1-26

Dwom 44

Kora mma “maskil” dwom.

1Ao Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate;

yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn;

deɛ woyɛeɛ wɔ wɔn berɛ so,

wɔ tete mmerɛ no mu.

2Wode wo nsa pamoo amanaman no

na wobɔɔ yɛn agyanom atenaseɛ;

wodwerɛɛ nnipa no

na womaa yɛn agyanom dii yie.

3Ɛnyɛ wɔn akofena na wɔde nyaa asase no,

na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdie;

ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa,

ne wʼanim hann, ɛfiri sɛ na wodɔ wɔn.

4Woyɛ me Ɔhene ne me Onyankopɔn,

deɛ ɔhyɛ nkonimdie ma Yakob.

5Ɛnam wo so na yɛpamoo yɛn Atamfoɔ;

wo din mu na yɛtiatia wɔn a wɔkyiri yɛn soɔ.

6Meremfa me ho nto mʼagyan so

mʼakofena remfa nkonimdie mmrɛ me;

7na wo na woma yɛdi yɛn atamfoɔ so.

Wogu wɔn a wɔtane yɛn anim ase.

8Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa

na yɛbɛkamfo wo din no daa daa.

9Nanso seesei woapo yɛn abrɛ yɛn ase;

wone yɛn asraafoɔ nnkɔ ɔsa bio.

10Woma yɛdwane firii ɛdɔm anim

ma yɛn atamfoɔ fom yɛn agyapadeɛ.

11Woyii yɛn maa sɛ wɔnkum yɛn sɛ nnwan

na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu.

12Wotɔn wo nkurɔfoɔ fofoofo,

na woannya mfasoɔ biara amfiri mu.

13Woayɛ yɛn ahohoradeɛ ama yɛn afipamfoɔ,

animtiabudeɛ ne aseredeɛ ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.

14Woayɛ yɛn akasabɛbuo wɔ aman no mu

na nnipa no woso wɔn ti de gu yɛn so.

15Mʼanimguaseɛ di mʼanim daa,

na aniwuo akata mʼanim

16ɛsiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi,

ɛsiane ɔtamfoɔ a nʼani abre sɛ ɔbɛtɔ were no enti.

17Yeinom nyinaa too yɛn deɛ,

nanso yɛn werɛ mfirii wo,

na yɛmmuu wʼapam no nso so.

18Yɛn akoma ntwe mfirii wo ho;

na yɛn nan nso mmane mfirii wo kwan so.

19Nanso wodwerɛɛ yɛn yɛɛ yɛn sakraman tuo

na wode esum kabii kataa yɛn so.

20Sɛ na yɛn werɛ afiri yɛn Onyankopɔn din

anaa sɛ yɛatrɛ yɛn nsam akyerɛ ananafoɔ nyame a

21anka Onyankopɔn bɛhunu,

ɛfiri sɛ ɔnim akoma mu ahintasɛm.

22Nanso, wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa;

wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn.

23Nyane, Ao Awurade! Adɛn enti na wada?

Keka wo ho! Nnya yɛn hɔ afebɔɔ.

24Adɛn enti na wode wʼanim ahinta

na wo werɛ firi yɛn ahohia ne nhyɛsoɔ?

25Wɔabrɛ yɛn ase kɔ dɔteɛ mu

na yɛn onipadua aka afam dɔteɛ.

26Sɔre bɛboa yɛn;

wʼadɔeɛ a ɛnsa da no enti, gye yɛn.