Nnwom 42 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 42:1-11

1 NHOMA A ƐTO SO ABIEN

Nnwom 42–72

Dwom 42

Koramma “maskil” dwom.

1Sɛnea ɔforote pere hwehwɛ nsuwansuwa no,

saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, me Nyankopɔn.

2Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefo no.

Da bɛn na metumi akohyia Onyankopɔn?

3Me nisu ayɛ mʼaduan

awia ne anadwo,

na da mu nyinaa nnipa bisa me se:

“Wo Nyankopɔn wɔ he?”

4Saa nneɛma yi na mekae

bere a mereka me koma mu nsɛm;

sɛnea na midi asafokuw anim,

na yɛde anigye nteɛteɛmu ne aseda nnwom

nantew yuu bɔ mu kɔ Onyankopɔn fi

wɔ afahyɛ da no.

5Me kra, adɛn, na woabotow?

Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa?

Fa wo ho to Onyankopɔn so,

na mɛkɔ so ayi no ayɛ,

mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.

6Me kra abotow wɔ me mu,

enti mɛkae wo

fi Yordan asase so,

Hermon mmepɔw so, fi Bepɔw Misar so.

7Ebun kɔ bun mu

wɔ wo nsu a ɛworo gu no nnyigyei mu;

wʼasorɔkye nyinaa

abu afa me so.

8Adekyee mu, Awurade kyerɛ nʼadɔe,

adesae mu, ne dwom ba me nkyɛn,

mpae a mebɔ srɛ me nkwa Nyankopɔn.

9Mibisa Onyankopɔn, me Botan no se,

“Adɛn nti na wo werɛ afi me?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo,

mʼatamfo nhyɛso nti?”

10Me nnompe te ɔdesani yawdi,

mʼahohiahiafo ateetee nti,

daa nyinaa wobisa me se,

“Wo Nyankopɔn wɔ he?”

11Me kra, adɛn, na woabotow?

Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa?

Fa wo ho to Onyankopɔn so,

na mɛkɔ so ayi no ayɛ,

mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 42:1-11

1 NWOMA A ƐTƆ SO MMIENU

Nnwom 42–72

Dwom 42

Kora mma “maskil” dwom.

1Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwansuwa no,

saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, Ao Onyankopɔn.

2Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no.

Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn?

3Me nisuo ayɛ mʼaduane

awia ne anadwo,

na da mu nyinaa nnipa bisa me sɛ:

“Wo Onyankopɔn wɔ he?”

4Saa nneɛma yi na mekae

ɛberɛ a mereka mʼakoma mu nsɛm;

sɛdeɛ na medi asafokuo anim,

na yɛde anigyeɛ nteateam ne aseda nnwom

nante yuu bom kɔ Onyankopɔn fie

wɔ afahyɛ da.

5Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?

Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa?

Fa wo ho to Onyankopɔn so,

na mɛkɔ so ayi no ayɛ,

mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.

6Me kra aboto wɔ me mu

enti mɛkae wo

firi Yordan asase so,

Hermon mmepɔ so, firi Bepɔ Misar so.

7Ebunu kɔ ebunu mu

wɔ wo nsuo a ɛworo guo no nnyegyeeɛ mu;

wʼasorɔkye nyinaa

abu afa me so.

8Adekyeɛ mu Awurade kyerɛ nʼadɔeɛ;

adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn.

Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa.

9Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ,

“Adɛn enti na wo werɛ afiri me?

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo,

mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?”

10Me nnompe te yea sɛ ɔdasani.

Mʼahohiahiafoɔ ateeteeɛ enti,

daa nyinaa wɔbisa me sɛ,

“Wo Onyankopɔn wɔ he?”

11Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?

Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa?

Fa wo ho to Onyankopɔn so,

na mɛkɔ so ayi no ayɛ,

mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.