Nnwom 40 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 40:1-17

Dwom 40

Dawid dwom.

1Mede boasetɔ twɛn Awurade;

na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.

2Oyii me fii amoa a mu yɛ toro mu,

fii dɔte ne dontori mu;

ɔde mʼanan sii ɔbotan so

na ɔmaa me baabi pa gyinae.

3Ɔde dwom foforo hyɛɛ mʼanom,

ayeyi dwom a yɛde ma yɛn Nyankopɔn.

Bebree behu na wɔasuro,

na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.

4Nhyira ne onipa a

ɔde Awurade yɛ nʼahotoso,

nea ɔmfa nʼani nto ahomaso so,

ne wɔn a wɔman di anyame huhuw akyi.

5Awurade me Nyankopɔn

woayɛ anwonwade bebree.

Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no

obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo;

sɛ meka se mereka ne nyinaa ho asɛm a

ɛbɛdɔɔso dodo.

6Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde,

nanso woabue mʼaso;

woampɛ ɔhyew afɔre ne bɔne afɔre.

7Na mekae se, “Mini, maba,

sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ nhoma mmobɔwee no mu no.

8Me Nyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛde;

wo mmara wɔ me koma mu.”

9Meka wo trenee ho asɛm wɔ guabɔ kɛse ase;

mimmua mʼano,

Awurade, sɛnea wunim no.

10Memmfa wo trenee ho asɛm nsie me koma mu;

meka wo nokware ne wo nkwagye ho asɛm.

Mankata wʼadɔe ne wo nokware so

wɔ guabɔ kɛse no ase.

11Awurade, nyi wʼahummɔbɔ mfi me so;

ma wʼadɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa.

12Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia;

mʼamumɔyɛ abu afa me so enti minhu ade bio.

Ɛdɔɔso sen me ti so nwi,

na me koma abotow wɔ me mu.

13Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wubegye me;

Awurade, bra ntɛm bɛboa me.

14Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no nyinaa,

ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;

ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛe no

mfa aniwu nsan wɔn akyi.

15Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no

nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.

16Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa

nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;

ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,

Awurade yɛ ɔkɛse!”

17Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni;

ma Awurade nnwen me ho.

Wo ne me boafo ne me gyefo;

wo ne me Nyankopɔn, bra ntɛm.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 40:1-17

Dwom 40

Dawid dwom.

1Mede boasetɔ twɛnee Awurade;

na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.

2Ɔyii me firii amena a emu yɛ toro mu,

firii dɔteɛ ne atɛkyɛ mu;

ɔde me nan sii ɔbotan so

na ɔmaa me baabi pa gyinaeɛ.

3Ɔde dwom foforɔ hyɛɛ mʼanom,

ayɛyi dwom a yɛde ma yɛn Onyankopɔn.

Bebree bɛhunu na wɔasuro

na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.

4Nhyira ne onipa a

ɔde Awurade yɛ nʼahotɔsoɔ,

deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so,

ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi.

5Ao Awurade me Onyankopɔn

woayɛ anwanwadeɛ bebree.

Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no

obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo;

sɛ meka sɛ mereka ne nyinaa ho asɛm a

ɛbɛdɔɔso dodo.

6Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ,

woabue mʼaso ama mahunu;

woampɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ.

7Na mekaa sɛ “Mewɔ ha,

merebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.

8Ao me Onyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛdeɛ;

mede wo mmara ahyɛ mʼakoma mu.”

9Meka wo tenenee ho asɛm wɔ dwabɔ kɛseɛ ase;

meremmua mʼano,

Ao Awurade, sɛdeɛ wonim no.

10Meremfa wo tenenee ho asɛm nsie mʼakoma mu;

meka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm.

Mankata wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ so

wɔ dwabɔ kɛseɛ no ase.

11Ao Awurade, nyi wʼahummɔborɔ mfiri me so;

ma wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ mmɔ me ho ban daa.

12Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia;

mʼamumuyɛ abu afa me so enti menhunu adeɛ bio.

Ɛdɔɔso sene me tiri so nwi,

na mʼakoma aboto wɔ me mu.

13Ao Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wobɛboa me;

Ao Awurade, bra ntɛm bɛboa me.

14Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no nyinaa,

ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;

ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛeɛ no,

wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.

15Wɔn a wɔka “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no,

ma wɔn ho nnwiri wɔn wɔ wɔn ankasa animguaseɛ ho.

16Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa

ani nnye na wɔnni ahurisie wɔ wo mu;

ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ,

“Momma Awurade so!”

17Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni;

ma Awurade nnwene me ho.

Wone me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ;

Ao me Onyankopɔn, bra ntɛm.