Nnwom 40 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 40:1-17

Dwom 40

Dawid dwom.

1Mede boasetɔ twɛn Awurade;

na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.

2Oyii me fii amoa a mu yɛ toro mu,

fii dɔte ne dontori mu;

ɔde mʼanan sii ɔbotan so

na ɔmaa me baabi pa gyinae.

3Ɔde dwom foforo hyɛɛ mʼanom,

ayeyi dwom a yɛde ma yɛn Nyankopɔn.

Bebree behu na wɔasuro,

na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.

4Nhyira ne onipa a

ɔde Awurade yɛ nʼahotoso,

nea ɔmfa nʼani nto ahomaso so,

ne wɔn a wɔman di anyame huhuw akyi.

5Awurade me Nyankopɔn

woayɛ anwonwade bebree.

Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no

obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo;

sɛ meka se mereka ne nyinaa ho asɛm a

ɛbɛdɔɔso dodo.

6Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde,

nanso woabue mʼaso;

woampɛ ɔhyew afɔre ne bɔne afɔre.

7Na mekae se, “Mini, maba,

sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ nhoma mmobɔwee no mu no.

8Me Nyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛde;

wo mmara wɔ me koma mu.”

9Meka wo trenee ho asɛm wɔ guabɔ kɛse ase;

mimmua mʼano,

Awurade, sɛnea wunim no.

10Memmfa wo trenee ho asɛm nsie me koma mu;

meka wo nokware ne wo nkwagye ho asɛm.

Mankata wʼadɔe ne wo nokware so

wɔ guabɔ kɛse no ase.

11Awurade, nyi wʼahummɔbɔ mfi me so;

ma wʼadɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa.

12Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia;

mʼamumɔyɛ abu afa me so enti minhu ade bio.

Ɛdɔɔso sen me ti so nwi,

na me koma abotow wɔ me mu.

13Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wubegye me;

Awurade, bra ntɛm bɛboa me.

14Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no nyinaa,

ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;

ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛe no

mfa aniwu nsan wɔn akyi.

15Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no

nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.

16Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa

nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;

ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,

Awurade yɛ ɔkɛse!”

17Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni;

ma Awurade nnwen me ho.

Wo ne me boafo ne me gyefo;

wo ne me Nyankopɔn, bra ntɛm.