Nnwom 4 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 4:1-8

Dwom 4

Dawid dwom.

1Sɛ misu frɛ wo a, gye me so,

me trenee Nyankopɔn.

Ma me ɔhome wɔ mʼahohia mu;

hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.

2Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora?

Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi?

3Hu sɛ Awurade ayi nea ɔwɔ nyamesu ama ne ho;

Awurade betie, sɛ misu mefrɛ no a.

4Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne;

sɛ modeda mo mpa so a,

monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu.

5Mommɔ afɔre a ɛfata

na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.

6Nnipa bebree bisa se:

“Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?”

Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.

7Fa anigye mmoroso hyɛ me koma ma

bere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no.

8Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoe mu,

efisɛ wo nko ara, Awurade,

na woma metena dwoodwoo.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 4:1-8

Dwom 4

Dawid dwom.

1Sɛ mesu frɛ wo a, gye me so,

Ao, me tenenee Onyankopɔn.

Ma me ahomegyeɛ wɔ mʼahohia mu;

hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ.

2Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora?

Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi?

3Hunu sɛ Awurade ayi deɛ ɔwɔ nyamesu ama ne ho;

Awurade bɛtie, sɛ mesu mefrɛ no a.

4Mo bo fu a, monnyɛ bɔne;

sɛ modeda mo mpa so a,

monyɛ komm na monhwehwɛ mo akoma mu.

5Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata

na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.

6Nnipa bebree bisa sɛ:

“Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?”

Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.

7Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma

asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no.

8Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoeɛ mu,

ɛfiri sɛ, wo nko ara, Ao Awurade,

na woma metena asomdwoeɛ mu.