Nnwom 25 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 25:1-22

Dwom 25

Dawid dwom.

1Awurade, me Nyankopɔn, wo mu na mede me werɛ hyɛ.

2Wo so, me Nyankopɔn, na mede me ho to,

mma mʼanim ngu ase,

na mma mʼatamfo nso nni me so nkonim.

3Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara

anim rengu ase da,

mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye kwa no

anim begu ase.

4Kyerɛ me wʼakwan, Awurade,

na minhu wʼatempɔn.

5Fa wo nokware no so kyerɛkyerɛ me,

efisɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefo,

na mʼani da wo so daa nyinaa.

6Kae, Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛse

a ɛwɔ hɔ fi tete no.

7Nkae me mmabun bere mu bɔne

ne mʼatuatew akwan;

kae me sɛnea wʼadɔe te,

Awurade, efisɛ wuye.

8Awurade ye na ɔteɛ;

enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfo nʼakwan.

9Ɔde ahobrɛasefo fa ɔkwan pa so

na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛde.

10Awurade akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokwaredi

ma wɔn a wodi nʼapam mu ahyɛde so.

11Awurade, me bɔne so de,

nanso wo din nti, fa kyɛ me.

12Enti hena ne onipa a osuro Awurade?

Ɔbɛkyerɛ no ɔkwan a wabɔ ama no.

13Obedi yiye wɔ ne nkwanna mu,

na nʼasefo afa asase no sɛ wɔn agyapade.

14Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wosuro no;

na ɔma wohu nʼapam.

15Mʼani da Awurade so daa,

efisɛ ɔno nko ara na obeyi mʼanan afi afiri mu.

16Dan wʼani hwɛ me, na dom me,

efisɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ.

17Me koma mu dadwen adɔɔso;

yi me dadwen fi me so.

18Hwɛ me haw ne mʼahohiahia

na yi me bɔne nyinaa fi me so.

19Hwɛ sɛnea mʼatamfo adɔɔso

ne ɔtan kɛse a wɔde tan me!

20Bɔ me nkwa ho ban na gye me;

mma mʼanim ngu ase,

efisɛ me guankɔbea ne wo.

21Ma trenee ne nokware mmɔ me ho ban,

efisɛ mʼani da wo so.

22Gye Israel, Onyankopɔn,

fi wɔn haw nyinaa mu.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 25:1-22

第 25 篇

祈求引导和赦免

大卫的诗。

1耶和华啊,我的心仰望你。

2我的上帝啊,我信靠你,

求你不要叫我蒙羞,

不要让我的仇敌胜过我。

3信靠你的必不羞愧,

背信弃义者必蒙羞。

4耶和华啊,

求你指引我走你的路,

教导我行你的道。

5求你以你的真理引领我,

教导我,因为你是拯救我的上帝,

我日夜仰望你。

6耶和华啊,

求你顾念你亘古以来常施的怜悯和慈爱,

7求你饶恕我年轻时的罪恶和过犯,

以你的恩惠和慈爱待我。

8耶和华良善公正,

祂教导罪人走正路,

9指引谦卑人追求公义,

教导他们行祂的道。

10遵守祂的约和法度的人,

耶和华以慈爱和信实相待。

11耶和华啊,我罪恶深重,

求你为了自己的名而赦免我。

12凡敬畏耶和华的人,

耶和华必指示他当走的路。

13他必享福,

他的后代必承受土地。

14耶和华与敬畏祂的人为友,

使他们认识祂的约。

15我常常仰望耶和华,

因为唯有祂能救我脱离网罗。

16耶和华啊,我孤苦零丁,

求你眷顾我,恩待我。

17我心中充满愁烦,

求你救我脱离患难。

18求你体恤我的忧伤和痛苦,

赦免我的罪恶。

19看啊,我的仇敌众多,

他们都痛恨我。

20求你保护、搭救我的性命,

别让我蒙羞,因为我投靠你。

21求你以诚实和正义护卫我,

因为我仰望你。

22上帝啊,

求你救赎以色列脱离一切困境。