Nnwom 22 – AKCB & CARSA

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 22:1-31

Dwom 22

Dawid dwom.

1Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?

Adɛn nti na me nkwagye ne wo ntam aware,

adɛn na mʼapinisi nsɛm ne wo ntam aware?

2Me Nyankopɔn, misu frɛ wo awia, nanso wunnye me so,

mefrɛ wo anadwo, nanso minnya ɔhome.

3Nanso wɔasi wo hene sɛ Ɔkronkronni;

wo na Israel kamfo wo.

4Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛe;

wogyee wo dii, na wugyee wɔn.

5Wosu frɛɛ wo na wugyee wɔn,

wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn nhuammɔ.

6Nanso meyɛ osunson, na menyɛ onipa

nnipa bɔ me ahohora na wobu me animtiaa.

7Obiara a ohu me di me ho fɛw;

wotwa me adapaa, wosow wɔn ti ka se:

8“Ɔde ne ho to Awurade so;

ma Awurade mmegye no.

Ma ɔmmɛboa no,

efisɛ ɔwɔ no mu anigye.”

9Wo na wuyii me fii awotwaa mu bae

na womaa me de me ho too wo so

bere a mitua me na nufu ano mpo.

10Efi mʼawo mu na wɔde me too wo so;

efi me na yafunu mu, woayɛ me Nyankopɔn.

11Ntwe wo ho mfi me ho!

Efisɛ amane abɛn

na ɔboafo nni baabi.

12Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;

Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia.

13Gyata a wɔbobɔ mu na wɔtetew wɔn hanam mu

abuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me.

14Wɔahwie me agu sɛ nsu,

na me nnompe nyinaa ahodwow.

Me koma adan amane;

anan wɔ me mu.

15Mʼanom ayow te sɛ kyɛmfɛre mu.

Na me tɛkrɛma atare mʼanom.

Wode me to owu mfutuma mu.

16Akraman atwa me ho ahyia,

nnebɔneyɛfo kuw atwa me ahyia,

wɔahwirew me nsa ne mʼanan mu.

17Me nnompe nyinaa gu petee mu;

Mʼatamfo hwɛ me haa na wɔserew me.

18Wɔkyɛ me atade mu fa,

na wɔbɔ me ntama so ntonto.

19Na wo, Awurade, ntwe wo ho;

wone mʼahoɔden, bra ntɛm bɛboa me.

20Gye me kra fi afoa ano;

gye me nkwa a ɛsom bo no fi akraman tumi ase.

21Gye me nkwa fi gyata anom;

gye me fi ɛko mmɛn so.

22Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom;

mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.

23Monkamfo Awurade, mo a musuro no no!

Mo a moyɛ Yakob asefo, monhyɛ no anuonyam!

Mo Israel asefo nyinaa, munni no ni!

24Ommuu nʼani nguu

ɔmanehunufo ateetee so ɛ,

ɔmfaa nʼanim nhintaw no;

na mmom watie ne sufrɛ a ɔde rehwehwɛ mmoa no.

25Me botae a mede yi wo ayɛ wɔ bagua mu no fi wo;

medi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wosuro wo no anim.

26Ahiafo bedidi na wɔamee;

wɔn a wɔhwehwɛ Awurade beyi no ayɛ,

mo koma nnya nkwa daa.

27Asase ano nyinaa

bɛkae akɔ Awurade nkyɛn,

na amanaman no mmusua nyinaa

bɛkotow nʼanim,

28efisɛ tumi wɔ Awurade

na odi amanaman so hene.

29Asase so adefo nyinaa bedidi na wɔasɔre no;

wɔn a wɔkɔ dɔte mu nyinaa bebu nkotodwe nʼanim,

wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu.

30Nkyirimma nyinaa bɛsom no;

wɔbɛka Awurade ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso a edidi so.

31Wɔbɛka ne trenee akyerɛ

nnipa a wonnya nwoo wɔn

efisɛ ɔno na wayɛ.

Священное Писание (Восточный перевод), версия с «Аллахом»

Забур 22:1-6

Песнь 22

Песнь Давуда.

1Вечный – мой пастух;

я ни в чём не буду нуждаться.

2Он покоит меня на зелёных пастбищах

и водит меня к тихим водам.

3Он душу мою оживляет

и ведёт меня по путям праведности

ради имени Своего.

4Пусть пойду и долиною тёмной, как смерть,

не устрашусь я зла,

потому что Ты со мной;

Твой жезл и Твой посох –

они успокаивают меня.

5Ты приготовил мне пир

на виду у моих врагов,

умастил мне голову маслом

и сделал жизнь мою полной чашей.

6Так, благо и милость да будут со мною

все дни моей жизни,

и пребуду я в доме Вечного

покуда жив.