Nnwom 21 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 21:1-13

Dwom 21

Dawid dwom.

1Awurade, ɔhene di anigye wɔ wʼahoɔden mu.

Nʼani gye mmoroso wɔ nkonimdi a woma no nti!

2Woama no nea ne koma pɛ;

woamfa nʼabisade ankame no.

3Wode nhyira a edi mu hyiaa no

na wode sikakɔkɔɔ ankasa ahenkyɛw hyɛɛ no.

4Obisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no,

nna tenten a enni awiei.

5Nkonimdi a woma no nti, nʼanuonyam so;

wode kɛseyɛ ne nidi adom no.

6Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da

na woama no ahosɛpɛw wɔ wʼanim anigye mu.

7Ɔhene no de ne ho to Awurade so;

Ɔsorosoroni no nokware dɔ no nti,

ɔrenhinhim.

8Wo nsa bɛka wʼatamfo nyinaa;

wo nsa nifa beso wɔn a wokyi wo no mu.

9Bere a wubeyi wo ho adi no

wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a mu adɔ.

Awurade fi nʼabufuwhyew mu bɛmene wɔn,

na ne gya no ahyew wɔn.

10Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so,

na wɔn asefo afi adesamma mu.

11Ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ pɔw tia wo

na wɔyɛ nhyehyɛe bɔne, nanso wɔrenni nkonim;

12efisɛ wobɛma wɔasan wɔn akyi

bere a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so no.

13Yɛma wo so, Awurade, wɔ wʼahoɔden mu;

yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 21:1-13

Dwom 21

Dawid dwom.

1Ao Awurade, ɔhene no anigye wɔ wʼahoɔden mu.

Nʼani gye mmorosoɔ wɔ nkonimdie a wo ma no nti!

2Woama no deɛ nʼakoma pɛ;

woamfa nʼabisadeɛ ankame no.

3Wode nhyira a ɛdi mu hyiaa no

na wode sikakɔkɔɔ amapa ahenkyɛ hyɛɛ no.

4Ɔbisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no,

nna tentene a ɛnni awieeɛ.

5Nkonimdie a woma no enti, nʼanimuonyam so;

wode kɛseyɛ ne anidie adom no.

6Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da

na wo nsrahwɛ ama me ho ahosɛpɛ me.

7Ɔhene no de ne ho to Awurade so;

Ɔsorosoroni no nokorɛ dɔ no enti,

Ɔhene renhinhim.

8Wo nsa bɛka wʼatamfoɔ nyinaa;

wo nsa nifa bɛsɔ wɔn a wɔkyiri woɔ mu.

9Ɛberɛ a wobɛyi wo ho adi no

wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a emu adɔ.

Awurade firi nʼabufuhyeɛ mu bɛmene wɔn,

na ne ogya no ahye wɔn.

10Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so,

na wɔn asefoɔ afiri adasamma mu.

11Ɛwom sɛ wɔbɔ pɔ tia wo

na wɔyɛ nhyehyɛeɛ bɔne, nanso wɔrenni nkonim;

12ɛfiri sɛ wobɛma wɔasane wɔn akyi

ɛberɛ a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so.

13Yɛma wo so, Ao Awurade, wɔ wʼahoɔden mu;

yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ.