Nnwom 15 – AKCB & NASV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 15:1-5

Dwom 15

Dawid dwom.

1Awurade, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu?

Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?

2Nea ne ho nni asɛm

na ɔyɛ nea ɛteɛ,

nea ɔka nokware a efi ne koma mu

3na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa

nea ɔnyɛ ne yɔnko bɔne

na ommu ne yɔnko nipa abomfiaa,

4nea obu afideyɛni animtiaa

na ɔde nidi ma wɔn a wosuro Awurade,

nea odi ne ntam so,

bere a etia no mpo,

5nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsiho

na onnye adanmude ntia nea odi bem.

Nea ɔyɛ eyinom no

renhinhim da.

New Amharic Standard Version

መዝሙር 15:1-5

መዝሙር 15

የእግዚአብሔር ቤተኛ

የዳዊት መዝሙር።

1እግዚአብሔር ሆይ፤ በድንኳንህ ውስጥ ማን ያድራል?

በተቀደሰው ኰረብታህስ ማን መኖር ይችላል?

2አካሄዱ ንጹሕ የሆነ፣

ጽድቅን የሚያደርግ፤

ከልቡ እውነትን የሚናገር፤

3በምላሱ የማይሸነግል፤

በባልንጀራው ላይ ክፉ የማይሠራ፤

ወዳጁን የማያማ፤

4ነውረኛ በፊቱ የተናቀ፤

እግዚአብሔርን የሚፈሩትን ግን የሚያከብር፤

ዋጋ የሚያስከፍለውም ቢሆን፣

ቃለ መሐላውን የሚጠብቅ፤

5ገንዘቡን በዐራጣ የማያበድር፣

በንጹሓን ላይ ጕቦ የማይቀበል፤

እነዚህን የሚያደርግ፣

ከቶ አይናወጥም።