Nnwom 145 – AKCB & CARS

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 145:1-21

Dwom 145

Ayeyi dwom. Dawid de.

1Mɛma wo so, me Nyankopɔn, Ɔhenkɛse;

mɛkamfo wo din daa daa.

2Da biara, mɛkamfo wo;

na mama wo din so daa daa.

3Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛse;

obiara ntumi nsusuw ne kɛseyɛ.

4Awo ntoatoaso baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ afoforo;

wɔbɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm.

5Wɔbɛka wʼanuonyam ne wo tumi a ɛheran no ho asɛm,

na mɛdwene wʼanwonwadwuma ho.

6Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm;

na mapae mu aka wo nneyɛe akɛse no akyerɛ.

7Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmoroso no ho fa,

na wɔde anigye ato wo trenee ho dwom.

8Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo;

ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.

9Awurade ye ma obiara;

na ɔwɔ ahummɔbɔ ma nʼabɔde nyinaa.

10Awurade, wʼabɔde nyinaa bɛkamfo wo;

na wʼahotefo bɛma wo so.

11Wɔbɛka wʼahenni no anuonyam ho asɛm

na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,

12sɛ ɛbɛyɛ a nnipa behu wo nnwuma akɛse

ne wʼahenni anuonyam a ɛheran no.

13Wʼahenni yɛ daa ahenni,

na wo tumidi wɔ hɔ ma awo ntoantoaso nyinaa.

Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,

na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.

14Awurade wowaw wɔn a wɔhwe ase

na ɔpagyaw wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.

15Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan,

na woma wɔn, wɔn aduan wɔ ne bere mu.

16Wubue wo nsam,

na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛde.

17Awurade teɛ wɔ nʼakwan nyinaa mu;

na ɔyɛ adɔe ma nea wayɛ nyinaa.

18Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,

wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.

19Ɔyɛ wɔn a wosuro no no apɛde ma wɔn;

otie wɔn sufrɛ na ogye wɔn.

20Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no no nyinaa so,

nanso amumɔyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.

21Mʼano bɛkamfo Awurade.

Ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no

daa daa.

Священное Писание

Забур 145:1-10

Песнь 145

1Славьте Вечного!

Восхваляй, душа моя, Вечного!

2Всю свою жизнь буду восхвалять Вечного;

буду петь хвалу моему Богу, пока я жив.

3Не надейтесь на правителей,

они всего лишь люди и не могут вас спасти.

4Когда дух покидает их, и они возвращаются в землю,

в тот самый день исчезают и все их помышления.

5Благословен тот, кому помощник Бог Якуба,

кто надеется на Вечного, своего Бога,

6сотворившего небо и землю,

море и всё, что его наполняет, –

на Вечного, Который хранит Свою верность вовеки.

7Он защищает дело угнетённых,

даёт пищу голодным.

Вечный освобождает заключённых,

8Вечный открывает глаза слепым,

Вечный поднимает всех низверженных,

Вечный любит праведных.

9Вечный хранит чужеземцев,

поддерживает сирот и вдов,

а путь нечестивых искривляет.

10Вечный будет царствовать вовеки,

Твой Бог, Сион, – во все поколения.

Славьте Вечного!