Nnwom 143 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 143:1-12

Dwom 143

Dawid dwom.

1Awurade, tie me mpaebɔ,

tie me mmɔborɔsu;

fi wo nokwaredi ne trenee mu

bra bɛboa me.

2Mfa wʼakoa nkɔ atemmu mu,

na ɔteasefo biara nteɛ wɔ wʼanim.

3Ɔtamfo no taa me,

ɔbɔ me hwe fam;

ɔma me tena sum mu

te sɛ wɔn a wowuwuu dedaada.

4Ɛno nti me honhom atɔ beraw wɔ me mu;

na me koma di yaw wɔ me mu.

5Mekae tete nna no;

midwinnwen wo nnwuma

ne nea wo nsa ayɛ nyinaa ho.

6Mema me nsa so kyerɛ wo;

wo ho sukɔm de me kra sɛ asase kesee.

7Awurade, gye me so ntɛm;

me honhom tɔ piti.

Mfa wʼanim nhintaw me

anyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amoa mu no.

8Ma mente wʼadɔe a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,

na mede me ho ato wo so.

Kyerɛ me ɔkwan a memfa so,

na wo na mema me kra so kyerɛ.

9Awurade gye me fi mʼatamfo nsam,

na wo mu na mede me ho hintaw.

10Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛde,

na wo ne me Nyankopɔn;

ma wo honhom pa no

nkogya me asasetaw so.

11Awurade, wo din nti, kyɛe me nkwa so;

wo trenee mu, yi me fi ɔhaw mu.

12Fi wʼadɔe a ɛnsa da no mu mua mʼatamfo ano;

na sɛe wɔn a wokyi me no nyinaa,

na meyɛ wo somfo.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 143:1-12

Dwom 143

Dawid dwom.

1Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ,

tie me nkotosrɛ;

wɔ wo nokorɛdie ne tenenee mu

bra bɛboa me.

2Mfa wʼakoa nkɔ atemmuo mu,

na ɔteasefoɔ biara ntene wɔ wʼanim.

3Ɔtamfoɔ no taa me,

ɔbɔ me hwe fam;

ɔma me tena esum mu

te sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada.

4Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu;

na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu.

5Mekae tete nna no;

medwendwene wo nnwuma

ne deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho.

6Mepagya me nsa kyerɛ wo;

wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee.

7Ao Awurade, gye me so ntɛm;

me honhom tɔ piti.

Mfa wʼanim nhinta me

anyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no.

8Ma mente wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,

na mede me ho ato wo so.

Kyerɛ me ɛkwan a memfa so,

na wo na mema me kra so kyerɛ.

9Ao Awurade gye me firi mʼatamfoɔ nsam,

na wo mu na mede me ho hinta.

10Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛdeɛ,

na wo ne me Onyankopɔn;

ma wo honhom pa no

nni me ɛkan wɔ asase tamaa so.

11Ao Awurade, wo din enti, kyɛe me nkwa so;

wo tenenee mu, yi me firi ɔhaw mu.

12Wɔ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mu, yi mʼatamfoɔ hɔ;

na sɛe wɔn a wɔkyiri me nyinaa,

na meyɛ wo ɔsomfoɔ.