Nnwom 139 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 139:1-24

Dwom 139

Dawid dwom.

1Awurade, woahwehwɛ me mu

na woahu me.

2Wunim mʼasetena ne me sɔre;

wufi akyirikyiri hu mʼadwene mu.

3Wunim mʼadifi ne me nnae mu;

wunim mʼakwan nyinaa mu.

4Ansa na mebue mʼano akasa no

Awurade, na wunim ne nyinaa dedaw.

5Woakata me ho nyinaa ahyia

na wobɔ me ho ban.

6Saa nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo,

ɛkɔ soro dodo ma me sɛ medu ho.

7Ɛhe na metumi afi wo honhom anim akɔ?

Ɛhe na metumi aguan afi wʼanim akɔ?

8Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ.

Na mekɔsɛw me kɛtɛ wɔ asaman a, wo ni.

9Sɛ mede adekyee ntaban tu

na mekɔtena po akyi nohɔ a,

10mpo hɔ na wo nsa begya me akɔ,

na wo nsa nifa beso me mu.

11Na meka se, “Ampa ara sum mmɛkata me so

na hann nnan adesae ntwa me ho nhyia a,”

12sum mpo nyɛ sum mma wo;

na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia;

sum ne hann yɛ wo pɛ.

13Na wo na wobɔɔ me honhom

wonwen me wɔ me na awotwaa mu.

14Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu;

wo nnwuma yɛ nwonwa.

Minim ɛno yiye pa ara.

15Wɔamfa me bɔbea anhintaw wo

bere a wɔyɛɛ me kokoa mu no;

bere a wɔnwenee me wɔ asase bun mu no,

16wʼani huu me, bere a meyɛ mogyatɔw no.

Nna dodow a woatwa ama me no,

wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ wo nhoma mu

ansa na mu baako reba mu.

17Onyankopɔn, wo nsusuwii som bo ma me!

woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛtrɛw dodo!

18Sɛ mise mɛkan a,

ne dodow bɛboro mpoano nwea,

sɛ minyan a,

me ne wo wɔ hɔ ara.

19Sɛ anka, Onyankopɔn, wubekunkum amumɔyɛfo ɛ!

Mumfi me so, mo a moyɛ mogyapɛfo!

20Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm;

wʼatamfo mmmɔ wo din pa.

21Awurade, metan wɔn a wɔtan wo,

na mikyi wɔn a wɔsɔre tia wo no ana?

22Minni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn;

mefa wɔn sɛ mʼatamfo.

23Hwehwɛ me mu, Onyankopɔn, na hu me koma;

sɔ me hwɛ, na hu mʼadwene.

24Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a,

na di mʼanim fa daa nkwa kwan so.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 139:1-24

Dwom 139

Dawid dwom.

1Ao Awurade, woahwehwɛ me mu

na woahunu me.

2Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ;

wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu.

3Wonim mʼadifirie ne me nnaeɛ;

wonim mʼakwan nyinaa.

4Ansa na mɛbue mʼano akasa no

Ao Awurade, na wonim ne nyinaa dada.

5Woatwa me ho nyinaa ahyia

na wobɔ me ho ban.

6Saa nimdeɛ yi boro me nteaseɛ so,

ɛyɛ me nwanwa dodo.

7Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ?

Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ?

8Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ.

Na mekɔsɛ me kɛtɛ wɔ asaman a, wo nie.

9Sɛ mede adekyeeɛ ntaban tu

na mekɔtena ɛpo akyi nohoa a,

10mpo ɛhɔ na wo nsa bɛgya me akɔ,

na wo nsa nifa bɛsɔ me mu.

11Na meka sɛ, “Ampa ara esum mmɛkata me so

na hann nnane adesaeɛ ntwa me ho nhyia a,”

12esum mpo nnyɛ sum mma wo;

na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia;

esum ne hann yɛ wo pɛ.

13Na wo na wobɔɔ me honhom

wonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu.

14Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu.

Wo nnwuma yɛ nwanwa.

Menim ɛno yie pa ara.

15Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo

ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no;

ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no,

16wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no.

Nna dodoɔ a woatwa ama me no,

wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu

ansa na emu baako reba mu.

17Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me!

Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo!

18Sɛ mese mɛkan a,

ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea,

sɛ menyane a,

me ne wo wɔ hɔ ara.

19Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a!

Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ!

20Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm;

wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa.

21Ao Awurade, metane wɔn a wɔtane wo,

na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ.

22Menni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn;

mefa wɔn sɛ mʼatamfoɔ.

23Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma;

sɔ me hwɛ na hunu mʼadwene.

24Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a,

na fa me fa ɛkwan a ɛkɔ daa nkwa so.