Nnwom 138 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 138:1-8

Dwom 138

Dawid de.

1Awurade, mede me koma nyinaa ayi wo ayɛ;

mɛto wʼayeyi dwom wɔ “anyame” no anim.

2Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akotow wo

na makamfo wo din

wɔ wʼadɔe a enni huammɔ ne wo nokwaredi nti,

efisɛ woama wʼahyɛde no so yiye;

ama asen wo titiriwyɛ.

3Bere a misu frɛɛ wo no, wugyee me so;

woma minyaa akokoduru ne nnamyɛ.

4Awurade, sɛ ahemfo a wɔwɔ wiase nyinaa te nea woahyɛ no a,

ma wɔnkamfo wo.

5Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom,

na Awurade anuonyam yɛ kɛse.

6Ɛwɔ mu sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro de, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfo,

na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.

7Ɛwɔ mu sɛ menam ɔhaw mu de,

nanso wobɔ me nkwa ho ban;

woteɛ wo nsa wɔ mʼatamfo abufuw so,

na wode wo nsa nifa gye me nkwa.

8Awurade bɛma nea wahyehyɛ ama me no aba mu;

Awurade, wʼadɔe wɔ hɔ daa,

nnyaa wo nsa ano nnwuma akyidi.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 138:1-8

Dwom 138

Dawid deɛ.

1Ao Awurade, mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ayi wo ayɛ;

mɛto wʼayɛyie dwom wɔ anyame no anim.

2Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wo

na makamfo wo din

wɔ wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti

ɛfiri sɛ wɔapagya wo din ne wʼasɛm no

asene nneɛma nyinaa.

3Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so;

womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ.

4Ao Awurade, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm a

ma wɔn nkamfo wo.

5Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom,

na Awurade animuonyam yɛ kɛseɛ.

6Ɛwom sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ,

na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri.

7Ɛwom sɛ menam ɔhaw mu deɛ,

nanso wobɔ me nkwa ho ban;

wotene wo nsa wɔ mʼatamfoɔ abufuo so,

na wode wo nsa nifa gye me nkwa.

8Awurade bɛma deɛ wahyehyɛ ama me no aba mu;

Ao Awurade, wʼadɔeɛ wɔ hɔ daa,

nnyaa wo nsa ano adwuma hɔ.