Nnwom 137 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 137:1-9

Dwom 137

1Babilonia nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtena suu

bere a yɛkaee Sion no.

2Ɛhɔ konkɔn so nnua mu

na yɛde yɛn asanku sensɛnee,

3ɛhɔ na yɛn nnommumfafo kaa se yɛnto nnwom,

yɛn ahohiafo hwehwɛɛ anigye nnwom fii yɛn nkyɛn;

wɔkae se, “Monto Sion nnwom baako nkyerɛ yɛn!”

4Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom,

bere a yɛwɔ ananafo asase so?

5Yerusalem, sɛ me werɛ fi wo a

ma me nsa nifa werɛ mfi sankubɔ.

6Sɛ mankae wo a,

ma me tɛkrɛma nka ntare mʼanom

sɛ mamfa Yerusalem

sɛ mʼanigyede kɛse pa ara a.

7Kae, Awurade, nea Edomfo yɛɛ

da a Yerusalem hwee ase no.

Wɔteɛɛ mu se, “Munnwiriw,

munnwiriw ngu fam nkɔka ne fapem!”

8Ɔbabea Babilonia, wɔadome wo akɔ ɔsɛe mu,

nea otua wo ka bio ani gye

wɔ nea wode ayɛ yɛn no ho.

9Nea ɔkyere wo nkokoaa

de wɔn dwiradwira abotan no ani gye.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 137:1-9

Dwom 137

1Babilonia nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtena suiɛ

ɛberɛ a yɛkaee Sion no.

2Ɛhɔ nsukakye nnua so

na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ,

3ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom,

yɛn ahohiahiafoɔ pɛɛ yɛn hɔ ahurisie nnwom;

wɔkaa sɛ, “Monto Sion nnwom baako mma yɛn!”

4Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom

ɛberɛ a yɛwɔ ananafoɔ asase so?

5Ao Yerusalem, sɛ mewerɛ firi wo a

ma me nsa nifa werɛ mfiri sankubɔ.

6Sɛ mankae wo sɛ mʼanigyedeɛ kɛseɛ pa ara a,

ma me tɛkrɛma nka mfam mʼanomu.

7Ao Awurade, kae deɛ Edomfoɔ yɛeɛ

wɔ ɛda a Yerusalem hwee ase no.

Wɔteam sɛ, “Monnwiri,

monnwiri ngu fam nkɔka nʼafapem!”

8Ao Babilonia babaa a wɔahyɛ sɛ wɔbɛsɛe wo,

nhyira nka deɛ ɔtua wo ka

wɔ deɛ wode ayɛ yɛn so.

9Nhyira nka deɛ ɔkyekyee wo nkokoaa

de wɔn bobɔɔ abotan so.