Nnwom 136 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 136:1-26

Dwom 136

1Monna Awurade ase na oye.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

2Monna anyame mu Nyankopɔn no ase.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

3Monna awuranom mu Awurade no ase.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

4Ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade akɛse.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

5Ɔno na ofi ne ntease mu bɔɔ ɔsoro.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

6Ɔno na ɔtrɛw asase mu de kataa nsu so.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

7Ɔno na ɔbɔɔ akanea akɛse no.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

8Ɔbɔɔ owia sɛ enni adekyee so.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa;

9Ɔbɔɔ sram ne nsoromma sɛ wonni adesae so no.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

10Ɔno na okunkum Misraimfo mmakan,

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

11na oyii Israelfo fii wɔn mu no.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

12Ɔde nsa kɛse ne basa a wateɛ mu.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

13Ɔno na ɔpaee Po Kɔkɔɔ no mu no,

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

14na ɔde Israelfo faa mfimfini no.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

15Nanso ɔpraa Farao ne nʼasraafo guu Po Kɔkɔɔ mu no.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

16Ɔno na odii ne nkurɔfo anim wɔ sare no so.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

17Ɔno na okum ahemfo akɛse no,

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

18na okum ahemfo akunini no.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

19Okum Amorifo hene, Sihon,

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

20ne Basanhene, Og.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

21Na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapade.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

22Ɔde maa ne somfo Israel sɛ agyapade.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

23Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛwyɛ mu.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

24Na ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

25Ɔno na ɔma abɔde biara aduan.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

26Monna ɔsorosoro Nyankopɔn no ase.

Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 136:1-26

第 136 篇

上帝的慈爱永远长存

1你们要称谢耶和华,

因为祂是美善的,

祂的慈爱永远长存。

2你们要称谢万神之神,

因为祂的慈爱永远长存。

3你们要称谢万主之主,

因为祂的慈爱永远长存。

4要称谢那位独行奇事的,

因为祂的慈爱永远长存。

5要称谢那位用智慧创造诸天的,

因为祂的慈爱永远长存。

6要称谢那位在水上铺展大地的,

因为祂的慈爱永远长存。

7要称谢那位创造日月星辰的,

因为祂的慈爱永远长存。

8祂让太阳管理白昼,

因为祂的慈爱永远长存。

9祂让月亮星辰管理黑夜,

因为祂的慈爱永远长存。

10要称谢那位击杀埃及人长子的,

因为祂的慈爱永远长存。

11祂带领以色列人离开埃及

因为祂的慈爱永远长存。

12祂伸出臂膀施展大能,

因为祂的慈爱永远长存。

13要称谢那位分开海的,

因为祂的慈爱永远长存。

14祂引领以色列人走过海,

因为祂的慈爱永远长存。

15祂让法老和他的军兵葬身海,

因为祂的慈爱永远长存。

16要称谢那位带领其子民走过旷野的,

因为祂的慈爱永远长存。

17要称谢那位击杀强大君王的,

因为祂的慈爱永远长存。

18祂击杀了大能的君王,

因为祂的慈爱永远长存。

19祂击杀了亚摩利西宏

因为祂的慈爱永远长存。

20祂击杀了巴珊

因为祂的慈爱永远长存。

21祂把他们的土地赐给祂的子民作产业,

因为祂的慈爱永远长存。

22祂把他们的土地赐给祂的仆人以色列人作产业,

因为祂的慈爱永远长存。

23祂眷顾处于卑贱境地的我们,

因为祂的慈爱永远长存。

24祂拯救我们脱离仇敌,

因为祂的慈爱永远长存。

25祂赐食物给众生,

因为祂的慈爱永远长存。

26你们要称谢天上的上帝,

因为祂的慈爱永远长存。