Nnwom 134 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 134:1-3

Dwom 134

Ɔsoroforo dwom.

1Awurade asomfo nyinaa, monkamfo Awurade,

mo a mosom wɔ Awurade fi anadwo nyinaa.

2Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ

na monkamfo Awurade.

3Awurade a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no,

mfi Sion nhyira mo.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 134:1-3

Dwom 134

Ɔsoroforɔ dwom.

1Awurade asomfoɔ nyinaa, monkamfo Awurade,

mo a mosom wɔ Awurade fie anadwo nyinaa.

2Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ

na monkamfo Awurade.

3Awurade a ɔbɔɔ soro ne asase no,

mfiri Sion nhyira mo.