Nnwom 127 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 127:1-5

Dwom 127

Ɔsoroforo dwom. Salomo de.

1Awurade ansi ɔdan no a,

adansifo no yɛ ho adwuma kwa.

Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a,

awɛmfo no wɛn kwa.

2Sɛ wosɔre anɔpahema

na wotena kosi anadwo,

na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a,

ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu.

3Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ,

na mma yɛ akatua a efi no.

4Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu no

te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.

5Nhyira ne onipa a

nʼagyan kotoku ayɛ ma.

Nʼanim rengu ase

bere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 127:1-5

Dwom 127

Ɔsoroforɔ dwom. Salomo deɛ.

1Awurade ansi ɛdan no a,

adansifoɔ no yɛ ho adwuma kwa.

Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a,

awɛmfoɔ no wɛn kwa.

2Ɔkwa ara na wosɔre anɔpahema

na woyɛ adwumaden brɛ kɔsi anadwo,

ansa na woanya wʼano aduane.

Ɛyɛ kwa, ɛfiri sɛ, wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔda.

3Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ,

na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ.

4Mmammarima a wɔwo wɔn mmeranteberɛ mu no

te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.

5Nhyira ne onipa a

nʼagyan kotokuo ayɛ ma.

Wɔn anim rengu ase

ɛberɛ a wɔahyia wɔn atamfoɔ wɔ kuro ɛpono ano.