Nnwom 126 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 126:1-6

Dwom 126

Ɔsoroforo dwom.

1Bere a Awurade de Sion fi nnommum san bae no,

yɛyɛɛ sɛ wɔn a wɔsosoo adae.

2Ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma,

anigye nnwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.

Na wɔkaa wɔ amanaman no mu se,

Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama wɔn.”

3Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama yɛn,

na anigye ahyɛ yɛn ma.

4Awurade, san fa yɛn siade ma yɛn,

te sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ Negeb no.

5Wɔn a wodua no nusu mu no

de anigye nnwom betwa.

6Wɔn a wɔde osu fi adi

so aba a wɔrekodua no,

de anigye nnwom bɛsan aba

a wɔsoso nnɔbae afiafi.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 126:1-6

Dwom 126

Ɔsoroforɔ dwom.

1Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no,

yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ.

2Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma,

anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.

Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ,

Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.”

3Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛn

na anigyeɛ ahyɛ yɛn ma.

4Ao Awurade, sane fa yɛn ahonya ma yɛn,

te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no.

5Wɔn a wɔdua no nisuo mu no

de anigyeɛ nnwom bɛtwa.

6Deɛ ɔde osu firi adie

na ɔsoa aba kɔdua no,

ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane aba

a ɔso nnɔbaeɛ afiafi.