Dwom 122
Ɔsoroforo dwom. Dawid de.
1Me ne wɔn a wosee me sɛ,
“Ma yɛnkɔ Awurade fi” no ani gyei.
2Yegyinagyina wʼaponkɛse ano,
Yerusalem.
3Wɔakyekyere Yerusalem yiye sɛ kuropɔn
wahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.
4Ɛhɔ na mmusuakuw no kɔ,
Awurade mmusuakuw no,
Wɔkɔkamfo Awurade din,
sɛnea nhyehyɛe a wɔde ama Israel no te.
5Ɛhɔ na atemmu nhengua no sisi,
Dawid fi nhengua no.
6Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se,
“Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ.
7Ma asomdwoe mmra wʼafasu mu
na bammɔ mmra wʼaban mu.”
8Me nuanom ne me nnamfonom nti,
mɛka se, “Asomdwoe ntena wo mu.”
9Awurade yɛn Nyankopɔn fi nti,
mɛhwehwɛ wo yiyeyɛ.