Nnwom 120 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 120:1-7

Dwom 120

Ɔsoroforo dwom.

1Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu,

na ogye me so.

2Awurade, gye me fi atoro ano,

ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.

3Dɛn na ɔbɛyɛ wo,

na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma?

4Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnam

ne nnyansramma bɛtwe wʼaso.

5Nnome nka me sɛ metena Mesek,

na mete Kedar ntamadan mu!

6Matena wɔn a wokyi asomdwoe

mu akyɛ dodo.

7Meyɛ asomdwoe nipa;

nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 120:1-7

Dwom 120

Ɔsoroforɔ dwom.

1Mesu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu,

na ɔgye me so.

2Ao Awurade, gye me firi atorɔ ano

ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.

3Ɛdeɛn na ɔbɛyɛ wo,

na ɛdeɛn na ɛka ho bio, Ao nnaadaa tɛkrɛma?

4Ɔde asraafoɔ bɛmma a ano yɛ nnam

ne gyasramma bɛtwe wʼaso.

5Nnome nka me sɛ mabɛsoɛ Mesek,

na mete Kedar ntomadan mu!

6Matena ase akyɛre dodo

wɔ wɔn a wɔkyiri asomdwoeɛ mu.

7Meyɛ asomdwoeɛ onipa;

nanso sɛ mekasa a, ɛyɛ ɔko ma wɔn.