Nnwom 115 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 115:1-18

Dwom 115

1Ɛnyɛ yɛn, Awurade, ɛnyɛ yɛn,

na wo din na anuonyam nka,

wʼadɔe ne wo nokwaredi nti.

2Adɛn nti na aman no bisa se,

“Wɔn Nyankopɔn wɔ he?”

3Yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro;

nea ɔpɛ biara na ɔyɛ.

4Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a

wɔde onipa nsa na ayɛ.

5Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa;

wɔwɔ ani, nanso wonhu ade.

6Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm;

wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hua.

7Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka;

wɔwɔ anan, nanso wɔnnantew.

Wontumi mma nnyigyei bi mfi wɔn mene mu.

8Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,

saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.

9Mo Israelfo nyinaa, momfa mo ho nto Awurade so,

ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.

10Ao Aaronfi, momfa mo ho nto Awurade so,

ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.

11Mo a musuro no, momfa mo ho nto Awurade so,

ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.

12Awurade kae yɛn na obehyira yɛn:

Obehyira Israelfi,

obehyira Aaronfi

13Obehyira wɔn a wosuro Awurade,

nketewa ne akɛse nyinaa.

14Awurade mma wʼase nnɔ,

wo ne wo mma.

15Awurade nhyira wo,

ɔsoro ne asase Yɛfo no.

16Ɔsorosoro tɔnn yɛ Awurade de,

nanso asase de, ɔde ama onipa.

17Ɛnyɛ awufo na wɔkamfo Awurade

wɔn a wɔkɔ fam dinn no.

18Yɛn na yɛma Awurade so

nnɛ ne daa nyinaa.

Monkamfo Awurade.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 115:1-18

Dwom 115

1Ɛnyɛ yɛn, Ao Awurade, ɛnyɛ yɛn

na wo din na animuonyam nka,

wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti.

2Adɛn enti na aman no bisa sɛ,

“Wɔn Onyankopɔn wɔ he?”

3Yɛn Onyankopɔn wɔ ɔsoro;

deɛ ɔpɛ biara na ɔyɛ.

4Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a

wɔde onipa nsa na ayɛ.

5Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa;

wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ.

6Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm;

wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hwa.

7Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka;

Wɔwɔ nan, nanso wɔnnante.

Wɔntumi mma nnyegyeeɛ bi mfiri wɔn mene mu.

8Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,

saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.

9Ao Israelfoɔ, momfa mo ho nto Awurade so,

ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.

10Ao Aaron fie, momfa mo ho nto Awurade so,

ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.

11Mo a mosuro no, momfa mo ho nto Awurade so,

ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.

12Awurade kae yɛn na ɔbɛhyira yɛn:

Ɔbɛhyira Israel fie,

ɔbɛhyira Aaron fie

13Ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro Awurade,

nkumaa ne akɛseɛ nyinaa.

14Awurade mma wʼase nnɔre,

wo ne wo mma.

15Awurade nhyira wo,

ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.

16Ɔsorosoro yɛ Awurade dea,

nanso asase deɛ, ɔde ama onipa.

17Ɛnyɛ awufoɔ na wɔkamfo Awurade,

wɔn a wɔkɔ fam dinn no rentumi nkamfo Awurade.

18Yɛn na yɛma Awurade so

ɛnnɛ ne daa nyinaa.

Monkamfo Awurade.