Nnwom 109 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 109:1-31

Dwom 109

Dawid dwom.

1Me Nyankopɔn a mekamfo wo,

nyɛ komm,

2na amumɔyɛfo ne nkontompofo

atu wɔn ano agu me so;

wɔde atoro tɛkrɛma akasa atia me.

3Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia

na wɔtow hyɛ me so a menkaa wɔn.

4Wɔka nsɛm to me so de tua mʼadɔeyɛ so ka,

nanso meyɛ obi a mepɛ mpaebɔ.

5Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka,

na wɔde ɔtan tua mʼadɔeyɛ so ka.

6Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no;

na Satan nnyina ne nsa nifa so.

7Wodi nʼasɛm a, ma onni fɔ,

na ne mpaebɔ mmu no kumfɔ.

8Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi;

na ɔfoforo nsi nʼanan mu sɛ ɔkannifo.

9Ma ne mma nyɛ ayisaa

na ne yere nyɛ okunafo.

10Ma ne mma nkyinkyin nsrɛsrɛ ade;

ma wɔmpam wɔn mfi wɔn afi a abubu no mu.

11Ma ɔdefirifo bi mfa nea ɔwɔ nyinaa;

na ananafo mfom nʼadwuma so aba.

12Mma obiara nhu no,

anaa ne ayisaa mmɔbɔ.

13Ma nʼase nhyew,

na wɔn din nyera wɔ awo ntoatoaso a ɛreba no mu.

14Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim;

na ne na bɔne no ntena hɔ daa.

15Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim,

na wɔankae wɔn bio wɔ asase so.

16Efisɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔe,

na mmom ɔtaa ahiafo

mmɔborɔfo ne wɔn a wɔn werɛ ahow de kɔɔ owu mu.

17Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome

enti nnome mmra no so;

wampɛ sɛ obehyira

enti nhyira mmɔ no.

18Ɔhyɛɛ nnome sɛ atade;

ɛno kɔɔ ne nipadua mu sɛ nsu,

ne ne nnompe mu sɛ ngo.

19Ma ɛnyɛ sɛ atade a ɛkyekyere ne ho,

ne abɔso a ɛbɔ no daa.

20Ma eyi nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me sobobɔfo,

wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.

21Nanso wo Asafo Awurade,

wo din nti wo ne me nni no yiye;

fi wʼadɔe mu gye me.

22Efisɛ meyɛ ohiani ne nea onni bi,

na me koma atɔ beraw wɔ me mu.

23Mitwaa mu sɛ anwummere sunsuma;

wopia me kyene sɛ mmoadabi.

24Mmuadadi ama me nkotodwe mu agugow;

mafɔn, na ama aka me nnompe.

25Mayɛ aserewde ama wɔn a wɔbɔ me sobo;

sɛ wohu me a, wɔwosow wɔn ti.

26Boa me, Awurade me Nyankopɔn;

gye me sɛnea wʼadɔe te.

27Ma wonhu sɛ ɛyɛ wo nsa,

na wo na woayɛ, Awurade.

28Wɔbɛdome, nanso wubehyira;

sɛ wɔtow hyɛ me so a wɔn anim begu ase,

nanso wo somfo ani begye.

29Mʼatamfo befura animguase;

na akyekyere wɔn ho sɛ atade.

30Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛse;

mɛkamfo no wɔ dɔm mu.

31Efisɛ ogyina ohiani nsa nifa so

sɛ obegye no nkwa afi wɔn a wobu no kumfɔ nsam.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

詩篇 109:1-31

第 109 篇

患難中的苦訴

大衛的詩歌,交給樂長。

1我所讚美的上帝啊,

求你不要沉默不語。

2因為邪惡和詭詐的人開口攻擊我,

用謊言譭謗我。

3他們惡言惡語地圍著我,

無緣無故地攻擊我。

4我愛他們,他們卻控告我,

但我為他們禱告。

5他們對我以惡報善,

以恨報愛。

6求你差惡人攻擊我的仇敵,

派人站在他右邊控告他。

7當他受審時,

願他被判為有罪,

他的禱告也算為罪過。

8願他的年日短少,

願別人取代他的職位。

9願他的孩子失去父親,

妻子成為寡婦。

10願他的孩子流浪行乞,

被趕出自己破敗的家。

11願債主奪取他所有的財產,

陌生人搶走他的勞動成果。

12願無人向他施恩,

無人同情他的孤兒。

13願他斷子絕孫,

他的姓氏傳不到下一代。

14願耶和華記住他祖輩的罪惡,

不除去他母親的罪過。

15願耶和華永不忘記他的罪惡,

把他從世上剷除。

16因為他毫無仁慈,

迫害困苦、貧窮和傷心的人,

置他們於死地。

17他喜歡咒詛人,

願咒詛臨到他;

他不喜歡祝福人,

願祝福遠離他。

18他咒詛成性,

願咒詛如水侵入他的身體,

如油浸透他的骨頭。

19願咒詛不離其身,

如同身上的衣服和腰間的帶子。

20願耶和華這樣報應那些誣告我,

以惡言攻擊我的人。

21主耶和華啊,

求你因自己的名恩待我,

因你的美善和慈愛拯救我。

22因為我貧窮困苦,

內心飽受創傷。

23我像黃昏的日影一樣消逝,

如蝗蟲一般被抖落。

24禁食使我雙腿發軟,

瘦骨嶙峋。

25仇敵都嘲笑我,

他們看見我就連連搖頭。

26我的上帝耶和華啊,

求你幫助我,施慈愛拯救我,

27讓他們都看見這是你耶和華的作為。

28任憑他們咒詛吧,

你必賜福給我。

攻擊我的人必蒙羞,

你的僕人必歡喜。

29願誣告我的人滿面羞辱,

無地自容。

30我要竭力頌揚耶和華,

在眾人面前讚美祂。

31因為祂保護貧窮的人,

拯救他們脫離置他們於死地的人。