Nnwom 103 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 103:1-22

Dwom 103

Dawid de.

1Me kra, kamfo Awurade;

na me mu ade nyinaa nkamfo ne din kronkron no.

2Me kra, kamfo Awurade,

na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa,

3ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo

na ɔsa wo nyarewa nyinaa,

4ogye wo nkwa fi ɔda mu,

na ɔde adɔe ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotiri,

5ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛde,

na wo mmerantebere yɛ foforo sɛ ɔkɔre.

6Awurade yɛ adetrenee,

na obu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntrenee.

7Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan,

na ɔmaa Israelfo huu ne nneyɛe.

8Mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo ne Awurade,

ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.

9Ɔrenkɔ so mmɔ sobo,

na ɔrennya yɛn ho menasepɔw nkosi daa;

10Ɔnhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛnea ɛfata

na ontua yɛn nnebɔne so ka sɛnea ɛte.

11Na sɛnea ɔsoro ne asase ntam ware no,

saa ara na nʼadɔe so wɔ wɔn a wosuro no no so.

12Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no,

saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.

13Sɛnea agya yam hyehyew no wɔ ne mma ho no,

saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wosuro no no;

14na onim sɛnea wɔyɛɛ yɛn,

ɔkae se yɛyɛ mfutuma.

15Ɔdesani de, ne nna te sɛ sare,

ɔyɛ frɔmfrɔm sɛ nwura mu nhwiren;

16sɛ mframa bɔ fa ne so a, na onni hɔ,

na ne sibea nkae no bio.

17Nanso efi mmeresanten kosi nnasanten

Awurade adɔe wɔ wɔn a wosuro no so,

na ne trenee wɔ wɔn mma mma so,

18wɔn a wodi nʼapam no so

na wɔkae di ne mmara so.

19Awurade asi nʼahengua wɔ ɔsoro,

na nʼahenni di ade nyinaa so.

20Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfo,

mo atumfo a moyɛ nʼahyɛde,

mo a mutie nʼasɛm.

21Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa,

nʼasomfo a moyɛ nʼapɛde.

22Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa;

nea ɛwɔ nʼahenni mu nyinaa.

Me kra, kamfo Awurade!

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

詩篇 103:1-22

第 103 篇

上帝的慈愛

大衛的詩。

1我的心啊,要稱頌耶和華,

我要全心全意地稱頌祂的聖名。

2我的心啊,要稱頌耶和華,

不要忘記祂的一切恩惠。

3祂赦免我一切的罪惡,

醫治我一切的疾病。

4祂救贖我的生命脫離死亡,

以慈愛和憐憫環繞我。

5祂以美物滿足我的願望,

使我如鷹一般恢復青春。

6耶和華為一切受欺壓的人伸張正義,主持公道。

7祂讓摩西明白自己的旨意,

以色列人彰顯自己的作為。

8耶和華有憐憫和恩典,

不輕易發怒,充滿慈愛。

9祂不永久責備人,

也不永遠懷怒。

10祂沒有按我們的過犯對待我們,

也沒有照我們的罪惡懲罰我們。

11因為天離地有多高,

祂對敬畏祂之人的愛也多大!

12東離西有多遠,

祂叫我們的過犯離我們也多遠!

13耶和華憐愛敬畏祂的人,

如同慈父憐愛自己的兒女。

14因為祂知道我們的本源,

顧念我們不過是塵土。

15世人的年日如同草芥,

如野地茂盛的花,

16一經風吹,便無影無蹤,

永遠消逝。

17耶和華永永遠遠愛敬畏祂的人,

以公義待他們的子子孫孫,

18就是那些守祂的約、

一心遵行祂命令的人。

19耶和華在天上設立了寶座,

祂的王權無所不及。

20聽從耶和華的命令、遵行祂吩咐的大能天使啊,

你們要稱頌祂!

21事奉耶和華、遵從祂旨意的天軍啊,

你們要稱頌祂!

22耶和華所造的萬物啊,

要在祂掌管的各處稱頌祂。

我的心啊,要稱頌耶和華!