Nnwom Mu Dwom 4 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom Mu Dwom 4:1-16

Aberante:

1Wo ho yɛ fɛ, me dɔfo!

Ao, wo ho yɛ fɛ!

Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkataanim mu no te sɛ aborɔnoma.

Wo nwi te sɛ mpapokuw a

wɔresian Gilead Bepɔw.

2Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo,

a wofi aguaree.

Baako mpo nyeraa ɛ.

3Wʼanofafa te sɛ koogyan hama;

wʼano yɛ fɛ.

Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mu

te sɛ ntunkum aduaba fa.

4Wo kɔn te sɛ Dawid abantenten,

a wɔasi no fɛɛfɛ;

na akokyɛm apem sensɛn ho,

a ne nyinaa yɛ akofo kyɛm.

5Wo nufu te sɛ atwemma abien,

atwemma nta a

wodidi wɔ sukooko mu.

6Enkosi sɛ ade bɛkye,

ama honhom aguan no,

mɛkɔ kurobow bepɔw

ne aduhuam nkoko no so.

7Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ papa;

wo ho nni dɛm biara.

8Ma yemfi Lebanon, mʼayeforo,

wo ne me mfi Lebanon nkɔ.

Sian fi Amana atifi bra,

fi Senir atifi, Hermon apampam hɔ,

fi gyata buw mu

ne mmepɔw a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ.

9Woagye me koma abɔ so, me nuabea, mʼayeforo;

woagye me koma abɔ so;

wode wʼani a ɛbɔɔ me so,

ne wo kɔnmuade mu ɔbohemaa baako.

10Wo dɔ yɛ anigye, me nuabea, mʼayeforo!

Hwɛ, wo dɔ sɔ ani sen bobesa,

na wʼaduhuam yɛ huam sen pɛprɛ biara.

11Asɛm dɛdɛ fi wʼano sɛ ɛwokyɛm, mʼayeforo;

nufusu ne ɛwo wɔ wo tɛkrɛma ase.

Wo ntade mu hua te sɛ Lebanon de.

12Wote sɛ turo a wɔato ano pon mu, me nuabea, mʼayeforo;

woyɛ asuti a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔw ano.

13Wo nnua yɛ nnuabafuw so ntunkum

a ɛsow aba pa,

ahuahaa ne nnuannua,

14nnuannua ne mmetire,

osiko ne sinamon,

a ohuamfufu nnua ahorow,

kurobow ne dupapo

ne pɛprɛ papa ahorow nyinaa ka ho.

15Woyɛ asubura turo,

abura a nsu sen fi mu

a ɛsen fi Lebanon.

Ababaa:

16Sɔre, atifi fam mframa!

Bra, anafo fam mframa!4.16 Mframa a ɛbɔ fi atifi fam no mu dwo enti ɛma nnuaba yɛ foforo daa. Mframa a ɛbɔ fi anafo fam no mu yɛ hyew na ɛma nnuaba no bere. Ne abien ka bɔ mu a, ɛma mframa a ɛyɛ huam fa turo no mu.

Bɔ fa me turo mu,

sɛnea ɛbɛyɛ a ne hua no begyigye afa baabiara.

Ma me dɔfo mmra ne turo mu

na ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

雅歌 4:1-16

男子:

1我的愛人啊,你真是美極了!

面紗掩映著那溫柔如鴿的雙眸,

你的秀髮就好像躍下基列山岡的山羊群。

2你的牙齒如同新剪了毛的母羊,

剛從水裡洗淨上來,成雙成對,

一顆也沒有脫落。

3你的唇好像朱紅絲帶,

你的口嬌美,

你面紗下的雙頰如兩瓣石榴。

4你的頸項秀麗,宛若裝飾著上千英雄盾牌的大衛樓塔。

5你的胸脯好比一對在百合花間吃草的孿生小鹿。

6我要登上沒藥山和乳香岡,

直到晚風吹起、日影消逝。

7我的愛人啊,

你美麗動人,毫無瑕疵。

8我的新娘啊,

跟我一起離開黎巴嫩

離開黎巴嫩吧!

離開那獅豹出沒的亞瑪拿山頂、示尼珥山和黑門高峰吧!

9我的妹妹,我的新娘啊,

你奪去了我的心。

你的秋波一轉,

你項鏈上的明珠一閃,

都令我傾倒。

10我的妹妹,我的新娘啊,

你的愛比美酒更香甜。

你身上洋溢的芬芳遠勝過一切香料。

11我的新娘,你的嘴唇甘甜如蜜,

你的舌頭底下藏著奶與蜜。

你的衣服散發的幽香,

就像黎巴嫩山芬芳怡人的氣息。

12我的妹妹,我的新娘,

你是緊鎖的園子,

封閉的井,隱藏的泉源。

13你好像一個美麗的果園,

結滿了石榴和各種上好的果子,

也有鳳仙花、哪噠樹、

14哪噠和番紅花、菖蒲和肉桂、

沒藥和沉香,

以及一切上好的香料。

15你是園中的甘泉,是活水的井,

是從黎巴嫩流下來的溪水。

女子:

16北風啊,興起吧!

南風啊,吹來吧!

吹向我的園子,

使它的清香四溢。

願我的良人走進自己的園中,

享受其中的珍果。