Nehemia 8 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nehemia 8:1-18

1ɔmanfo no nyinaa hyiaa wɔ wɔn Asuten Pon no ano. Ɔmanfo no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no se ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfo nni so no. 2Enti ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so awotwe no, ɔsɔfo Ɛsra de krataa mmobɔwee a mmara no wɔ mu no baa bagua a mmarima ne mmea ne wɔn a wotumi te asɛm ase no nyinaa no anim. 3Ɔde nʼani kyerɛɛ aguabɔbea wɔ Asuten Pon no ano, fi anɔpahema kosii owigyinae kenkan mmara no den, maa obiara a ɔte ase no tee. Ɔmanfo no nyinaa wɛn wɔn aso tiee mmara no.

4Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no gyinaa apa tenten bi a wosi maa saa da no so. Nnipa a na wogyinagyina ne nifa so no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wogyinagyina ne benkum so no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.

5Ɛsra gyinaa apa no so a nnipadɔm no nyinaa hu no. Bere a wohuu sɛ wabue nhoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn anan so. 6Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfo Nyankopɔn, na ɔmanfo no bɔ gyee so se, “Amen! Amen!” bere a na wɔmemamema wɔn nsa so akyerɛɛ soro. Afei, wɔkotokotow, som Awurade a wɔn anim butubutuw fam.

7Afei, Lewifo a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfo a wogyinagyina hɔ no nea wɔnyɛ. 8Wɔkenkan fii Onyankopɔn mmara nhoma no mu kyerɛɛ wɔn nea wɔkenkanee no ase, boaa ɔmanfo no ma wɔtee ɔkasapɛn biara ase.

9Na amrado Nehemia, ɔsɔfo Ɛsra a na ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo ne Lewifo a na wɔrekyerɛkyerɛ ase akyerɛ ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu da a ɛte sɛɛ yi! Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade, mo Nyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa sui.

10Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuan pa ne anonne a ɛyɛ dɛ nkodi afahyɛ no na mo ne wɔn a wonni nnuan pa a wɔanoa no nnidi. Nnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade anim. Munnni abooboo ne awerɛhow, na Awurade mu anigye no yɛ ahoɔden.”

11Na Lewifo no nso kasae se, “Hwɛ! Munnsu. Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron” de dwudwoo wɔn.

12Na nnipa no kodidii, kyɛɛ nnuan, nomee, dii dapɔnna no anigye so, efisɛ wɔtee Onyankopɔn nsɛm no, tee ase.

13Na ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so akron no, mmusua ntuanofo no ne asɔfo no ne Lewifo no ne Ɛsra hyiae sɛ, wɔrehwehwɛ mmara no mu fekɔfekɔ. 14Wɔkɔɔ mmara no mu no, wohuu sɛ Awurade nam Mose so ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Israelfo no tena asese mu afahyɛ a wɔrebedi no saa ɔsram no mu no. 15Waka se, ɛsɛ sɛ wɔbɔ ɔhyɛ no ho dawuru wɔ wɔn nkurow nyinaa so, ne titirw no, Yerusalem nam so aka akyerɛ ɔmanfo no se, wɔnkɔ nkoko so nkɔhwehwɛ ngodua mman, kranku mman, ohuamnnua mman, bere ne nnua kusukusuu mman, na wɔmfa mmɛbobɔ asese ntena mu, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no.

16Enti nnipa no kotwitwaa nnua mman, na wɔde sisii asese wɔ wɔn afi, wɔn adiwo, Onyankopɔn asɔredan adiwo anaa aguabɔbea a ɛwowɔ Asuten Pon no ne Efraim Pon no mu. 17Enti obiara a wafi afiasenna mu aba no kɔtenaa saa asese yi mu wɔ afahyɛbere no mu nnanson; na obiara ani gyee yiye. Efi Nun babarima Yosua bere so no, na Israelfo nnii afahyɛ no wɔ saa kwan yi so da.

18Ɛsra de nnanson kenkan Onyankopɔn mmara nhoma no wɔ afahyɛ no ase da biara, efi da a edi kan de kosi da a etwa to. Afei, Tisri ɔsram (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu, sɛnea Mose mmara no kyerɛ no.

Japanese Contemporary Bible

ネヘミヤ 記 8:1-18

8

律法を朗読するエズラ

1-5さて、第七の月の中旬になると、民はこぞって水の門の前の広場に集まって来ました。そして指導者エズラに、その昔、神がモーセに与えた律法を読んで聞かせてほしい、と願い出たのです。エズラはモーセの律法の巻物を取り寄せ、朗読する姿が誰からも見えるよう、特製の木の台に立ちました。そして、朝から昼まで朗読して聞かせたのです。巻物を開くと、人々はいっせいに立ち上がり、理解できる者は熱心に耳を傾けました。エズラの右側には、マティテヤ、シェマ、アナヤ、ウリヤ、ヒルキヤ、マアセヤが並び、左には、ペダヤ、ミシャエル、マルキヤ、ハシュム、ハシュバダナ、ゼカリヤ、メシュラムが並びました。

6エズラが、偉大なる神である主をほめたたえると、民はみな手を上げ、「アーメン、アーメン」とこたえてひざまずき、地面にひれ伏して、主を礼拝しました。 7-8エズラが巻物を読み上げると、レビ人のヨシュア、バニ、シェレベヤ、ヤミン、アクブ、シャベタイ、ホディヤ、マアセヤ、ケリタ、アザルヤ、エホザバデ、ハナン、ペラヤなどが人々の中に入って行き、その箇所の意味を説明しました。

9律法がどのように命じているかを理解すると、人々はみな泣きだしました。それで、エズラをはじめ、総督の私や補佐役のレビ人たちは、こう言い聞かせました。「このような日に泣いてはならない。きょうは神である主の聖なる日ではないか。 10ごちそうを食べてお祝いし、貧しい人には施しをする日なのだ。神である主を喜ぶことこそ、あなたがたの力なのだ。しょんぼりと悲しそうにしていてはいけない。」 11「静粛に、静粛に」と、レビ人も声をかけて回り、「そうです。泣くことはないのです。きょうは聖なる日で、悲しみの日ではありません」と言いました。 12人々は解散すると、それぞれお祝いのごちそうを食べ、施しをしました。神のことばを聞き、理解することができたので、大いに喜び、盛大に祝ったのです。

13翌日、諸族の指導者とレビ人はエズラに会い、律法をもっとくわしく調べることにしました。 14すると、その月には仮庵の祭りを祝い、イスラエル人はみな仮小屋に住むようにと、主がモーセに命じていたことがわかりました。 15その仮小屋についても、山で取って来たオリーブ、ミルトス、なつめやし、いちじくなどの枝で作るようにとあったので、エルサレムをはじめ全国民にそのおふれが出されました。 16人々は実際に出かけて枝を切り出し、自宅の屋上、庭内、神殿の庭、水の門、エフライムの門の広場などに小屋を建てました。 17そして祭りの七日間を、その中で暮らしたのです。誰もが喜びにあふれていました。この行事はヨシュアの時代以来、ずっと中断されていたのです。 18エズラはこの七日間、毎日、巻物を読み上げ、八日目には、モーセの律法に従って厳粛な閉会礼拝を執り行いました。