Nehemia 5 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nehemia 5:1-19

Nehemia Di Ma Ahiafo No

1Saa bere no mmarima no bi ne wɔn yerenom nwiinwii tiaa wɔn mfɛfo Yudafo no. 2Wɔkae se, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yehia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduan adi anya ahoɔden.”

3Afoforo nso kae se, “Yɛde yɛn mfuw, bobe nturo ne yɛn afi asisi awowa sɛnea yebenya aduan wɔ ɔkɔm bere mu.”

4Afoforo nso kae se, “Yɛabɔ bosea a ɛne yɛn mfuw ne bobeturo bo yɛ pɛ de atua yɛn sonkahiri. 5Yefi abusua koro mu, na yɛn mma te sɛ wɔn de. Nanso ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yenya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmabea bi dedaw, na yentumi nyɛ ho hwee, efisɛ yɛde yɛn mfuw ne bobeturo asisi awowa ama afoforo.”

6Metee wɔn anwiinwii no, me bo fuw yiye. 7Medwenee saa asɛm no ho, na mekasa tiaa atitiriw ne adwumayɛfo no. Meka kyerɛɛ wɔn se, “Monam nsiho a mugye fi mo ara mo nkurɔfo bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfo nhyiamu kaa ho asɛm. 8Nhyiamu no ase no, meka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛn a yɛaka no, yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yebetumi agye yɛn abusuafo Yudafo a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho ma ahɔho abosonsomfo no. Nanso moresan atɔn wɔn akɔ nkoasom mu bio. Da biara na ɛsɛ sɛ yegye wɔn ana?” Na wɔantumi anka asɛm biara anyi wɔn ho ano.

9Afei, mekɔɔ so kae se, “Nea moreyɛ no nye. Ɛsɛ sɛ monantew Onyamesuro mu, sɛnea atamfo aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aserewde. 10Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfo bɔ ɔmanfo no sika ne atoko bosea, nanso afei momma yennyae boseabɔ no. 11Nnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuw, bobeturo, ngodua mfuw ne wɔn afi ma wɔn. Muntua nsiho a mugyee wɔn wɔ sika, atoko, nsa ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no mma wɔn.”

12Na wobuae se, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfi nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ nea woka no.”

Afei, mefrɛɛ asɔfo no, na memaa atitiriw no ne adwumayɛfo no kaa ntam sɛ wobedi wɔn bɔhyɛ so. 13Meporow me batakari mu mu kae se, “Sɛ mubu bɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporow mo mfi mo afi mu ne mo agyapade ho!”

Bagua no gyee so se, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so.

14Bio, mfe dumien a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahenni mfe aduonu kosi mfe aduasa abien so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfo nnyee yɛn akɔnhamabɔde da. 15Eyi ne nsonoe kɛse a ɛda yɛne amradofo a wodii kan no ntam, efisɛ wɔde asodi kɛse too ɔmanfo no so. Na daa wogye nnuan ne nsa ka dwetɛ a ɛkari gram ahannan ne aduosia (460) ho fi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafo faa ho didii ɔmanfo no ho. Nanso esiane suro a na misuro Onyankopɔn no nti, mamfa saa kwan no so. 16Mikum me ho maa ɔfasu no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ menya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfo nyinaa de wɔn bere bɛyɛ adwuma wɔ fasu no ho.

17Mammisa hwee, nso na bere biara mema Yudafo adwumayɛfo ɔha aduonum didi wɔ me didipon so a, ahɔho a wofifi nsase foforo so no nka ho. 18Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no yɛ nantwi baako, nguan akɛse asia ne nkokɔ bebree. Na nnafua du biara, na ɛsɛ sɛ yenya nsa ahorow nyinaa bi. Nanso mannye amrado akɔnhamabɔde biara, efisɛ na ɔmanfo no wɔ ahokyere mu dedaw.

19Me Nyankopɔn, kae nea mayɛ ama nnipa yi, na hyira me.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

尼希米記 5:1-19

尼希米幫助窮苦人

1那時,民眾和他們的妻子都抱怨他們的猶太同胞。 2有的說:「我們和我們的兒女人口眾多,需要糧食來活命。」 3有的說:「因為饑荒的緣故,我們要將田地、葡萄園和房屋作抵押來獲取糧食。」 4有的說:「我們要借錢才能繳納王對我們的田地和葡萄園徵收的稅。 5我們和他們是同胞,我們的孩子就像他們的孩子。但現在我們的兒女要被迫成為僕婢,甚至我們的女兒有些已經淪為奴婢。我們卻無能為力,因為我們的田地和葡萄園已經歸別人了。」

6聽到他們的抱怨後,我非常憤怒。 7經過深思熟慮後,我便斥責這些貴族和官員,說:「你們竟然向同胞放高利貸!」於是我召開大會處理他們的問題。 8我對他們說:「我們在盡力贖回那些被賣到外邦的猶太同胞,你們卻要賣他們為奴,好讓我們再贖回他們嗎?」他們都沉默不語,無言以對。 9我繼續說:「你們的所作所為實在不對。難道你們不應該敬畏上帝,以免我們的仇敵凌辱我們嗎? 10我和我的兄弟及僕人都借錢、借糧給民眾,現在我們要停止放高利貸。 11你們今天就要歸還他們的田地、葡萄園、橄欖園和房屋,以及你們向他們所收的五穀、新酒和油的利息。」

12他們說:「我們會照你的話去做,把東西還給他們,不再向他們索債。」於是,我召來祭司,讓這些人起誓遵守自己的諾言。 13我抖著衣服說:「如果你們不守誓言,願上帝也這樣抖掉你們的家園和你們勞碌得來的,使你們一無所有。」全體會眾都說:「阿們!」他們讚美耶和華,民眾都遵照誓言去行。

尼希米大公無私

14亞達薛西王二十年至三十二年,也就是我奉派為猶大省長的十二年間,我和我的弟兄都沒有吃省長的俸祿。 15在我之前的省長使民眾負擔沉重,天天索取食物、酒及五百克銀子。他們的僕人也欺壓民眾,但我因敬畏上帝而沒有這樣做。 16我全心修築城牆,沒有購置田產,我的僕人也都參與修建城牆的工作。 17除了從周圍外邦來到我們這裡的人之外,還有一百五十名猶太人和官員與我一同吃飯。 18我每天需要預備一頭公牛、六隻肥羊和飛禽;每十天還要大量供應各樣酒品。即使這樣,我仍然沒有吃省長的俸祿,因為民眾已經負擔沉重。 19我的上帝啊,求你記念我為這些民眾所做的一切,施恩於我。