Nehemia 3 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nehemia 3:1-32

Wɔto Yerusalem Ɔfasu No Bio

1Afei, ɔsɔfopanyin Eliasib ne asɔfo bi fii ase too ɔfasu no fii Nguan Pon no. Wodwiraa ho, sisii nʼapon, de kosii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no. 2Nnipa a wofi Yeriko kuropɔn no mu toaa wɔn so yɛɛ adwuma wɔ hɔ, na Imri babarima Sakur dii so.

3Hasenaa mmabarima na wosii Mpataa Pon no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no, de nkyerewa ne adaban hyehyɛɛ mmeae a ehia. 4Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena na osiesiee ɔfasu no fa a edi hɔ no. Nʼaboafo ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nena na afei Baana babarima Sadok. 5Wɔn a wodi so ne Tekoafo, mmom wɔn mpanyimfo no ampene sɛ wɔbɛboa.

6Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wosiesiee Kuropɔn Dedaw Pon no. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no de nkyerewa ne adaban bobɔɔ mu. 7Wɔn a wodi wɔn so yɛ Melatia a ofi Gibeon, Yadon a ofi Meronot ne nnipa a wofi Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate agya no atenae. 8Harhaia babarima Usiel a na ɔyɛ sikadwumfo no na odi so. Ɔno nso dii dwuma wɔ ɔfasu no ho. Hanania a ɔyɛ aduhuamyɛfo no na odi so. Wogyaw Yerusalem fa bi a ekosi Ɔfasu Tɛtrɛɛ no.

9Nea odi so yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansin fa bi ano no no, babarima Refaia. 10Nea odi hɔ yɛ Harumaf babarima Yedaia a osiesiee ɔfasu no fa bi a ɛbɛn ne fi, na nea odi ne so ne Hasabnia babarima Hatus. 11Nea odi so ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wosiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasu no fa bi ho. 12Halohes babarima Salum ne ne mmabea na wosiesiee ɔfa a edi hɔ no. Ɔno na na otua Yerusalem mansin fa a aka no ano.

13Sanoafo a Hanun da wɔn ano no na wosiesiee Obon Pon no, sisii nʼapon, de nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, wosiesiee ɔfasu no anammɔn apem ne ahannum de kosii Sumina Pon no.

14Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansin ano no na osiesiee Sumina Pon no. Osiesie wiei no, osisii apon no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bram no.

15Kol-Hose babarima Salum a na otua Mispa mansin ano no na osiesiee Asuti Pon no. Osiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapon na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, osiesiee Siloam abura ho fasu a ɛbɛn ɔhene mfikyifuw no. Ɔsan too ɔfasu no kosii atrapoe a esian fi Dawid kuropɔn mu no. 16Nea ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na otua Bet-Sur3.16 Bet-Sur yɛ tete Dawid ahowɛmfo atenae. (2 Sam 23.8-39) mansin fa ano no. Ɔtoo ɔfasu no kosii faako a na ɛne adehye amusiei no di nhwɛanim, kosi nsukorae no so ne Dɔmmarima Fi.

17Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifo kuw a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a na ɔyɛ Keila mansin fa ntuanoni no na osii nʼankasa mansin anan mu hwɛɛ fasu no si so. 18Wɔn a wodi so yɛ ɔno ara ne manfo a na Henadad babarima Binui tua wɔn ano. Ɔno na na otua Keila mansin fa no ano. 19Wɔn a wodi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a otua Mispa ano no. Wosiesiee ɔfasu no fa bi a ɛne akode adekoradan fapem di nhwɛanim no. 20Onipa a odi so ne Sabai babarima Baruk a osiesiee fa bi fi fapem no, de kosii ɔsɔfopanyin Eliasib fi pon no ano. 21Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena nso, siesiee ɔfasu no fa bi fi faako a ɛne Eliasib fi pon di nhwɛanim no, de kosii ofi no nkyɛn baabi.

22Afei, asɔfo a wofifi amantam a atwa hɔ ahyia na wodi so. 23Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nena nso siesiee ɔfasu no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afi no. 24Nea odi hɔ yɛ Henadad babarima Binui a osiesiee ɔfasu no fa bi a efi Asaria fi kosi fapem no ntwea so hɔ. 25Usai babarima Palal toaa adwuma no so fii faako a ɛne fapem no ne ntwea so hɔ no di nhwɛanim, ne abantenten no a ɛde ba atifi ahemfi a ɛbɛn awɛmfo no adiwo no. Nea odi ne so yɛ Paros babarima Pedaia, 26ne asɔredan mu asomfo a na wɔte koko Ofel so. Wosiesiee ɔfasu no kosii Nsu Pon no de kɔ apuei fam ne abantenten a eyi ne ho adi no. 27Afei, Tekoafo nso toaa so. Wobesiesiee ɔfa foforo bi a ɛne abantenten kɛse a eyi ne ho adi no ntentenso kosi Ofel fasu no.

28Asɔfo no nso siesiee ɔfasu no a ɛwɔ koko so na ɛtoa Apɔnkɔ Pon no so no. Obiara siesiee baabi a ɛne ne fi di nhwɛanim. 29Nea odi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so. Nea ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apuei pon ano hwɛfo no. 30Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔto so asia no siesiee ɔfasu no fa bi, na Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so. 31Malkia a ɔyɛ sikadwumfo no mu baako siesiee ɔfasu no kosii Asɔredan mu asomfo ne aguadifo fi a Bagua Pon no ne no di nhwɛanim. Afei ɔtoa so kosii abansoro a ɛwɔ twea so hɔ no. 32Sikadwumfo a wɔaka no ne aguadifo no siesiee ɔfasu no fii saa twea so hɔ de kosii Nguan Pon no ano.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

尼希米記 3:1-32

重建耶路撒冷的城牆

1於是,大祭司以利亞實及其他祭司一起重建羊門,將它獻給上帝,又安上門。他們重建城牆,一直建到哈米亞樓和哈楠業樓,並將它獻給上帝。

2下一段由耶利哥人修建。

再下一段由音利的兒子撒刻修建。

3哈西拿的子孫修建魚門,架上橫樑,安上門,裝上門閂和門鎖。

4再下一段由哈哥斯的孫子、烏利亞的兒子米利末修築。

再下一段由米示薩別的孫子、比利迦的兒子米書蘭修築。

再下一段由巴拿的兒子撒督修築。

5再下一段由提哥亞人修築,但他們的貴族不肯做督工所分派的工作。

6巴西亞的兒子耶何耶大比所玳的兒子米書蘭修築古門,架上橫樑,安上門,裝上門閂和門鎖。

7再下一段由基遍米拉提米倫雅頓和其他基遍人,以及河西省省長管轄的米斯巴人修築。

8再下一段由哈海雅的兒子金匠烏薛修築。

再下一段由製造香料的哈拿尼雅修築,他們修築耶路撒冷的城牆,直到寬牆。

9再下一段由管理半個耶路撒冷戶珥的兒子利法雅修築。

10接下來,哈路抹的兒子耶大雅修築他房子對面的那一段。

再下一段由哈沙尼的兒子哈突修築。

11哈琳的兒子瑪基雅巴哈·摩押的兒子哈述修築另一段城牆,包括爐樓。

12再下一段由哈羅黑的兒子、管理另一半耶路撒冷沙龍和他的女兒們修築。

13哈嫩撒挪亞的居民修築谷門,安上門,裝上門閂和門鎖,之後又修建城牆四百四十五米,直到糞廠門。

14利甲的兒子、管理伯·哈基琳瑪基雅修築糞廠門,修好後安上門,裝上門閂和門鎖。

15各荷西的兒子、管理米斯巴沙崙修築泉門,修好後蓋上門頂,安上門,裝上門閂和門鎖。他還從靠近御花園的西羅亞池的城牆,一直修到大衛城下來的臺階處。

16再下一段由押蔔的兒子、管理半個伯·夙尼希米修築,他一直修到大衛墓地對面,遠至人工池和勇士堂。

修築城牆的利未人

17再下一段由巴尼的兒子利宏帶領的利未人修築。

接下來,管理半個基伊拉哈沙比雅修築了自己的轄區。

18再下一段由他的同族兄弟、管理另一半基伊拉希拿達的兒子巴瓦伊修築。

19再下一段由耶書亞的兒子、管理米斯巴以謝修築,他從斜坡對面修到城牆轉角的兵器庫。

20再下一段由薩拜的兒子巴錄修築,他從城牆轉角修到以利亞實大祭司的家門口。

21再下一段由哈哥斯的孫子、烏利亞的兒子米利末修築,他從以利亞實家門口修到以利亞實家的盡頭。

修築城牆的祭司

22再下一段由住在周圍郊區的祭司修築。

23接下來,便雅憫哈述修築自家對面的那一段。

再接下來,亞南尼的孫子、瑪西雅的兒子亞撒利雅修築自家旁邊的那一段。

24再下一段由希拿達的兒子賓內修築,他從亞撒利雅的房子修到城牆的轉角。

25-26再接下來,烏賽的兒子巴拉修築了城牆轉角的對面和護衛院附近上宮凸出的城樓。

再下一段由巴錄的兒子毗大雅與住在俄斐勒的殿役修築,他們修到東面的水門對面和凸出的城樓那裡。

其他修築的人

27再下一段由提哥亞人修築,他們從凸出來的大城樓對面修到俄斐勒的城牆。

28接下來,祭司修築了馬門以北的城牆,他們各自修築自家對面的部分。

29再接下來,音麥的兒子撒督修築自家對面的那一段。

再下一段由看守東門的、示迦尼的兒子示瑪雅修築。

30再下一段由示利米雅的兒子哈拿尼雅薩拉的第六個兒子哈嫩修築。

接下來,比利迦的兒子米書蘭修築自家對面的那一段。

31再下一段由金匠瑪基雅修築,他修到哈米弗甲門對面的殿役和商人的房子,直到城的角樓。

32金匠和商人修築從城的角樓到羊門的那一段。