Nehemia 2 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nehemia 2:1-20

Nehemia Kɔ Yerusalem

1Nisan ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) wɔ Ɔhene Artasasta adedi afe a ɛto so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. De besi saa bere no, na menyɛɛ mʼanim bosaa wɔ ɔhene anim da, 2enti ɔhene no bisaa me se, “Adɛn nti na wʼanim ayɛ bosaa nanso wonyare yi? Wosɛ obi a ɔhaw kɛse bi da ne so.”

Ehu kɛse tɔɔ me so, 3nanso mibuae se, “Ɔhene nkwa so! Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ me werɛ how? Kuropɔn a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no abubu, na wɔahyew nʼapon no nyinaa.”

4Ɔhene no bisae se, “Dɛn na wohwehwɛ?”

Na mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae, 5buae se, “Sɛ ɛsɔ Ɔhempɔn ani, na sɛ me, wo somfo, mesɔ wʼani a, ɛno de ma menkɔ Yuda nkosiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.”

6Bere a ɔhemmea te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisae se, “Wokɔ a, wubedi nna ahe? Da bɛn na wobɛsan aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mesi mu.

7Afei, meka kyerɛɛ ɔhene se, “Ɔhempɔn, sɛ ɛsɔ wʼani a ma me nkrataa nkɔma amradofo a wɔwɔ mantam a ɛda Asubɔnten Eufrate agya no, na wɔmma me kwan mma memfa wɔn mantam mu nkɔ Yuda. 8Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwae so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpuran ama Asɔredan no aban ano apon, kuropɔn no afasu ne mʼankasa me fi” Na ɔhene no penee saa abisade yi nyinaa so, efisɛ, na Onyankopɔn adom nsa no wɔ me so.

9Miduu amradofo a wɔwɔ Asubɔnten Eufrate agya no nkyɛn no, mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Nea ɛka ho ne sɛ, ɔhene maa asraafo ne apɔnkɔsotefo kaa me ho bɔɔ me ho ban. 10Nanso Haronini Sanbalat2.10 Na Sanbalat yɛ amrado wɔ Samaria. ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanyimfo tee sɛ mabedu no, wɔn bo fuw yiye sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.

Nehemia Kɔhwɛ Yerusalem Ɔfasu No

11Miduu Yerusalem nnansa akyi no, 12mefaa nnipa kakraa bi kaa me ho, fii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛe a Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afurum a mete ne so no nko.

13Mefaa Obon Pon no ano, twaa Ɔwɔ Abura no ho kosii Sumina Pon2.13 Sumina Pon no mu na na Yudafo de mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre no fa kɔ Ben-Heinnom subon mu (3.13-14; 2 Ah 23.10). no ano, kɔhwɛɛ afasu ne apon a ahyew no. 14Afei, mefaa Asuti Pon no ho kosii Ɔhene Abura no ho, nanso na ɔkwan turodoo nni hɔ ma mʼafurum no. 15Enti mefaa Kidron Bon no ho mmom, kɔhwɛɛ ɔfasu no ansa na meresan abɛfa Obon Pon no mu bio. 16Na kuropɔn no mu mpanyimfo nnim sɛ makɔ hɔ, na wonnim nea mereyɛ nso, efisɛ na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara ɛ. Na me ne asɔre mpanyimfo, amanyɛ ntuanofo, adwumayɛfo anaa mmapɔmma no mu biara nkasaa ɛ.

17Na afei, meka kyerɛɛ wɔn se, “Munim amanne a ato yɛn kuropɔn yi yiye. Abubu na nʼapon nso ahyew. Momma yɛnto Yerusalem fasu no bio mfa mpepa animguase a ato yɛn yi!” 18Afei, mekaa sɛnea Onyankopɔn adom nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene dii no kyerɛɛ wɔn.

Wobuaa prɛko pɛ se, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasu no bio!” Enti wofii adwuma pa yi ase.

19Bere a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛe no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu animtiaa kae se, “Dɛn na moreyɛ yi, na moretew ɔhene anim atua sɛɛ?”

20Na mibuae se, “Ɔsoro Nyankopɔn bɛboa yɛn ama yɛadi nkonim. Yɛn a yɛyɛ nʼasomfo befi ase ato ɔfasu yi bio. Nanso mo de munni kyɛfa biara wɔ Yerusalem.”

Asante Twi Contemporary Bible

Nehemia 2:1-20

Nehemia Kɔ Yerusalem

1Nisan bosome (bɛyɛ Oforisuo) wɔ Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. Ɛbɛsi saa ɛberɛ no, na menyɛɛ mʼanim bosaa wɔ ɔhene anim da. 2Enti, ɔhene no bisaa me sɛ, “Adɛn enti na wo werɛ aho saa? Woyare anaa? Wosɛ obi a ɔhaw kɛseɛ bi da ne so.”

Ehu kɛseɛ tɔɔ me so, 3nanso, mebuaa sɛ, “Ɔhene nkwa so! Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ me werɛ hoɔ? Kuropɔn a wɔsiee me mpanimfoɔ wɔ mu no abubu, na wɔahye nʼapono no nyinaa.”

4Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛkwan bɛn so na mɛtumi aboa wo?”

Na mebɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ, 5buaa sɛ, “Sɛ ɛsɔ Ɔhene Kɛseɛ ani, na sɛ me, wo ɔsomfoɔ, mesɔ wʼani a, ɛnneɛ ma menkɔ Yuda nkɔsiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.”

6Ɛberɛ a ɔhemmaa te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisaa sɛ, “Wokɔ a, wobɛdi nna ahe? Da bɛn na wobɛsane aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mɛsim.

7Afei, meka kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Ɔhene Kɛseɛ sɛ ɛsɔ wʼani a, ma me nkrataa nkɔma amradofoɔ a wɔwɔ mantam a ɛda Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no, na wɔmma me kwan mfa wɔn mantam mu nkɔ Yuda. 8Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwaeɛ so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpunan ama Asɔredan no aban ano apono, kuropɔn no afasuo ne mʼankasa me fie.” Na ɔhene no penee saa abisadeɛ yi nyinaa so, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no wɔ me so.

9Meduruu amradofoɔ a wɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam nkyɛn no, mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɔhene maa asraafoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ kaa me ho bɔɔ me ho ban. 10Nanso, Haronini Sanbalat2.10 Na Sanbalat yɛ amrado wɔ Samaria. ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanimfoɔ tee sɛ mabɛduru no, wɔn bo fuu yie sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.

Nehemia Kɔhwɛ Yerusalem Ɔfasuo No

11Meduruu Yerusalem nnansa akyi no, 12mefaa nnipa kakra bi kaa me ho, firii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛeɛ a Onyankopɔn de ahyɛ mʼakoma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afunumu a mete ne soɔ no nko.

13Mefaa Bɔnhwa Ɛpono no ano, twaa Ɔtweaseɛ Abura no ho kɔsii Sumina Ɛpono2.13 Sumina Pono no mu na na Yudafoɔ de mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔdeɛ no fa kɔ Ben-Heinnom subɔnhwa mu (3.13-14; 2 Ah 23.10). no ano, kɔhwɛɛ afasuo ne apono a ahyeɛ no. 14Afei, mefaa Asutire Ɛpono no ho kɔsii Ɔhene Abura no ho, nanso na mʼafunumu no ntumi mfa mmubuiɛ no mu. 15Enti, mefaa Kidron Bɔnhwa no ho mmom, kɔhwɛɛ ɔfasuo no ansa na meresane mʼakyi abɛfa Bɔnhwa Ɛpono no mu bio. 16Na kuropɔn no mu mpanimfoɔ nnim sɛ makɔ hɔ, na wɔnnim deɛ mereyɛ nso, ɛfiri sɛ, na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara. Na me ne asɔre mpanimfoɔ, amanyɛ ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ anaa mmapɔmma no mu biara nkasaeɛ.

17Na afei, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim amaneɛ a ato yɛn kuropɔn yi yie. Abubu na nʼapono nso ahye. Momma yɛnto Yerusalem ɔfasuo no bio mfa mpepa animguaseɛ a ato yɛn yi!” 18Afei, mekaa sɛdeɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene diiɛ no kyerɛɛ wɔn.

Wɔbuaa prɛko pɛ sɛ, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasuo no bio!” Enti wɔhyɛɛ adwuma pa yi ase.

19Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ, na wɔbuu animtia kaa sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi, na morete ɔhene anim atua sei?”

20Na mebuaa sɛ, “Ɔsoro Onyankopɔn bɛboa yɛn, ama yɛadi nkonim. Yɛn a yɛyɛ nʼasomfoɔ bɛhyɛ aseɛ ato ɔfasuo yi bio. Nanso, mo deɛ monni kyɛfa biara wɔ Yerusalem.”