Nehemia 12 – AKCB & CARS

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nehemia 12:1-47

Asɔfo Ne Lewifo Ho Abakɔsɛm

1Saa nnipa yi ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanyin Yesua san wɔn akyi no:

Seraia, Yeremia, Ɛsra,

2Amaria, Maluk, Hatus,

3Sekania, Rehum, Meremot,

4Ido, Ginetoi, Abia,

5Miamin, Maadia, Bilga,

6Semaia, Yoiarib, Yedaia,

7Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia.

Yesua bere so no, na eyinom ne asɔfo ntuanofo ne wɔn mfɛfo.

8Lewifo a wɔne wɔn san wɔn akyi no ni: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfo na na wɔhwɛ aseda nnwom so no. 9Na sɛ wɔresom a, wɔn mfɛfo Bakbukia ne Uni sɔre gyina ne wɔn di nhwɛanim.

10Ɔsɔfopanyin Yesua woo Yoiakim,

Yoiakim woo Eliasib,

Eliasib woo Yoiada,

11na Yoiada woo Yonatan,

na Yonatan woo Yadua.

12Bere a Yoiakim yɛ ɔsɔfopanyin no, na asɔfo mmusua mu ntuanofo no ne:

Meraia a otua Seraia abusua ano.

Hanania a otua Yeremia abusua ano.

13Mesulam a otua Ɛsra abusua ano.

Yehohanan a otua Amaria abusua ano.

14Yonatan a otua Maluki abusua ano.

Yosef a otua Sebania abusua ano.

15Adna a otua Harim abusua ano.

Helkai a otua Meraiot abusua ano.

16Sakaria a otua Ido abusua ano.

Mesulam a otua Gineton abusua ano.

17Sikri a otua Abia abusua ano.

Miniamin abusua nso na obi tua ano.

Piltai tua Moadia abusua ano.

18Samua a otua Bilga abusua ano.

Yehonatan a otua Semaia abusua ano.

19Matenai a otua Yoiarib abusua ano.

Usi a otua Yedaia abusua ano.

20Kalai a otua Salai abusua ano.

Eber a otua Amok abusua ano.

21Hasabia a otua Hilkia abusua ano.

Netanel a otua Yedaia abusua ano.

22Persiahene Dario a ɔto so abien bere so no, wɔkyerɛw Lewifo ne asɔfo mmusua mu ntuanofo no nyinaa din wɔ saa asɔfo mpanyimfo yi bere so: Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua. 23Wɔkyerɛw Lewifo mmusua ntuanofo no din guu Abakɔsɛm Nhoma mu kosii Eliasib nena Yohanan bere so. 24Eyinom ne Lewifo mmusua ntuanofo: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfo bi a sɛ edu ayeyi ne aseda afahyɛ so a, wogyina hɔ ne wɔn di nhwɛanim, na ɔfa gye ɔfa so wɔ nnwonto mu, sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.

25Na Matania, Bakbukia ne Obadia nso ka ho. Mesulam, Talmon ne Akub na wɔyɛ aponanohwɛfo a wɔhwɛ adekoradan a ɛwɔ apon no ano no so. 26Na eyinom nyinaa som wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nena ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfo ne mmara no kyerɛkyerɛfo bere so.

Wodwira Yerusalem Fasu No

27Bere a wɔredwira Yerusalem fasu foforo no, wɔka kyerɛɛ Lewifo a wɔwɔ asase no so nyinaa se, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadi no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigye fa no. 28Wɔde nnwontofo no fi Yerusalem ne ne nkuraa ne Netofafo nkuraa nyinaa bɔɔ mu bae. 29Ebi nso fi Bet-Gilgal ne Geba pɔw mu hɔ ne Asmawet, efisɛ na nnwontofo no ara akyekyere wɔn ankasa nkuraa afa Yerusalem ho ahyia. 30Asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, afei wodwiraa ɔmanfo no, dwiraa apon no ne fasu no nso.

31Midii Yuda ntuanofo no anim kɔɔ ɔfasu no atifi, na meboaboaa nnwontofo akuw akɛse abien ano ma wɔbɛdaa ase. Nnwontofo kuw no mu baako kɔɔ anafo wɔ ɔfasu no atifi kosii Sumina Pon no. 32Hosaia ne Yuda ntuanofo no mu fa dii wɔn akyi, 33na Asaria, Ɛsra, Mesulam, 34Yuda, Benyamin, Semaia, Yeremia 35ne asɔfo no bi a wɔhyɛn torobɛnto no dii wɔn akyi. Ɛno akyi na Yonatan babarima Sakaria, Semaia babarima, Matania babarima, Mikaia babarima, Sakur babarima a ɔyɛ Asaf aseni no di. 36Ne korakora no, Sakaria mfɛfo a wɔne Semaia, Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel, Yuda ne Hanani dii wɔn so. Wɔfaa nnwontode a Dawid a ɔyɛ Onyankopɔn nipa akyerɛ sɛ wɔmfa no. Na Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no na odii santen no anim. 37Wɔfaa Asu Aniwa Pon no ho, kɔɔ tee kɔforoo kuropɔn no fasu antweri a ɛkyerɛ Dawid kuropɔn no. Wɔfaa Dawid fi ho, kosii Nsu Pon a ɛwɔ apuei fam no ho.

38Nnwontofo a wɔto so abien no faa atifi kwan kohyiaa wɔn. Me ne ɔmanfo no mu fa dii wɔn akyi. Yɛfaa ɔfasu no so nam Fononoo Abantenten no ho kosii Ɔfasu Tɛtrɛɛ no, 39afei yetwaa Efraim Pon no ho, kosii Kuropɔn Dedaw Pon no, yɛfaa Mpataa Pon no ho, kosii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nguan Pon no ho, na yekogyinaa Ɔwɛn Pon no ano.

40Nnwontokuw abien a na wɔreda ase no kɔɔ Awurade Asɔredan mu kɔtenatenaa ase. Me nso me ne akuw ntuanofo a na wɔka me ho no yɛɛ saa ara. 41Yɛne asɔfo a na wɔhyɛn torobɛnto a wɔne Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania 42ne nnwontofo Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser na yɛbɔɔ mu kɔe. Wɔtoo nnwom a na dwonkyerɛfo Yisrahia rema wɔn akwankyerɛ. 43Saa anigye da no, wɔbɔɔ afɔre bebree, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Mmea ne mmofra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duu akyirikyiri.

Nneɛma A Ehia Ma Asɔredan Mu Som

44Da no, woyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛde, otwakan ne ntotoso du du gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wokogyigye fi mfuw mu, sɛnea asɔfo ne Lewifo mmara kyerɛ no, efisɛ na asɔfo ne Lewifo ne wɔn dwumadi no ho hia Yudafo nyinaa yiye. 45Wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som no ne ahodwira som no pɛpɛɛpɛ, sɛnea Dawid ne ne babarima Salomo mmara kyerɛ no, na saa ara nso na nnwontofo no ne aponanohwɛfo no yɛe. 46Amanne a wɔma nnwontofo akwankyerɛfo di nnwontofo no anim wɔ nkamfo ne aseda nnwom a wɔto de ma Onyankopɔn no fii ase fi Dawid ne Asaf bere so. 47Enti efi Serubabel ne Nehemia bere so no, na daa ɔmanfo brɛ nnwontofo no ne aponanohwɛfo ne Lewifo no nnuan. Na Lewifo no nso de nea wonya no mu bi ma asɔfo a wɔyɛ Aaron asefo no.

Священное Писание

Неемия 12:1-47

Список священнослужителей и левитов

1Вот священнослужители и левиты, которые вернулись с Зоровавелем, сыном Шеалтиила, и с Иешуа:

Серая, Иеремия, Узайр,

2Амария, Маллух, Хаттуш,

3Шехания, Харим, Меремот,

4Иддо, Гиннетон, Авия,

5Миниамин, Моадия, Билга,

6Шемая, Иоярив, Иедая,

7Саллу, Амок, Хилкия и Иедая.

Это вожди священнослужителей и их собратьев во времена Иешуа.

8Из левитов были Иешуа, Биннуи, Кадмиил, Шеревия, Иуда, а ещё Маттания, который со своими собратьями отвечал за песни благодарения. 9Бакбукия и Унни, их собратья, стояли во время служений напротив них.

10Иешуа был отцом Иоакима, Иоаким – отцом Элиашива, Элиашив – отцом Иояды, 11Иояда – отцом Иоханана12:11 Букв.: «Ионафан»; в ст. 22-23 он назван Иохананом., а Иоханан – отцом Иаддуа.

12Во времена Иоакима главами семейств священнослужителей были:

из семьи Сераи – Мерая;

из семьи Иеремии – Ханания;

13из семьи Узайра – Мешуллам;

из семьи Амарии – Иоханан;

14из семьи Маллуха – Ионафан;

из семьи Шехании – Юсуф;

15из семьи Харима – Адна;

из семьи Меремота – Хелкай;

16из семьи Иддо – Закария;

из семьи Гиннетона – Мешуллам;

17из семьи Авии – Зихри;

из семей Миниамина и Моадии – Пилтай;

18из семьи Билги – Шаммуа;

из семьи Шемаи – Ионафан;

19из семьи Иоярива – Маттенай;

из семьи Иедаи – Уззий;

20из семьи Саллу – Каллай;

из семьи Амока – Евер;

21из семьи Хилкии – Хашавия;

из семьи Иедаи – Нетанил.

22Главы семейств левитов были переписаны в дни Элиашива, Иояды, Иоханана и Иаддуа, а священнослужители – во время царствования Дария Персидского12:22 Дарий II Нот правил Персидской империей с 424 по 404 гг. до н. э.. 23Главы семейств из потомков Леви были записаны в летописи до времени Иоханана, внука Элиашива. 24А вождями левитов были Хашавия, Шеревия, Иешуа, сын Кадмиила, и их собратья, которые стояли напротив них, чтобы воздавать хвалу и благодарения, – один хор напротив другого, как предписано Давудом, человеком Всевышнего.

25Маттания, Бакбукия, Авдий, Мешуллам, Талмон и Аккув были привратниками, которые стерегли хранилища при воротах. 26Они несли свою службу во времена Иоакима, сына Иешуа, сына Иехоцадака, и во времена наместника Неемии и Узайра – священнослужителя и учителя Таурата.

Освящение иерусалимской стены

27На освящение иерусалимской стены из всех местностей, где они жили, были вызваны и приведены в Иерусалим левиты, чтобы радостно отпраздновать освящение с песнями благодарения под музыку тарелок, лир и арф. 28Певцы также собрались из окрестностей Иерусалима, и из селений нетофитян, 29из Бет-Гилгала, и из областей Гевы и Азмавета, ведь певцы построили себе поселения вокруг Иерусалима. 30Когда священнослужители и левиты ритуально очистились, они очистили и народ, и ворота, и стену.

31Я возвёл вождей Иудеи на стену и назначил два больших хора, чтобы они возносили хвалу и шли в шествии. Один из них пошёл по правой стороне стены к Навозным воротам. 32За ними пошёл Гошая, а с ним – половина вождей Иудеи, 33и Азария, Узайр, Мешуллам, 34Иуда, Вениамин, Шемая, Иеремия, 35и ещё несколько молодых священнослужителей с трубами: Закария, сын Ионафана, сына Шемаи, сына Маттании, сына Михея, сына Заккура, сына Асафа, 36и его собратья – Шемая, Азарил, Милалай, Гилалай, Маай, Нетанил, Иуда и Ханани – с музыкальными инструментами, которые были определены Давудом, человеком Всевышнего. Возглавлял шествие Узайр, учитель Таурата. 37У ворот Источника – прямо перед ними – они поднялись по ступеням Города Давуда на возвышение стены, прошли над домом Давуда и далее, до Водных ворот на востоке.

38Второй хор пошёл в левую сторону, и я пошёл по стене за ними, а со мной половина народа – над Тандырной башней, к Широкой стене, 39и над воротами Ефраима мимо Старых ворот, Рыбных ворот, башни Хананила и башни Сотни к Овечьим воротам. У ворот Стражи они остановились.

40Затем два хора, которые возносили хвалу, заняли свои места в доме Всевышнего, а с ними и я вместе с половиной начальников 41и священнослужителями – Элиакимом, Маасеей, Миниамином, Михеем, Элиоенаем, Закарией и Хананией с их трубами, – 42а ещё с Маасеей, Шемаей, Элеазаром, Уззией, Иохананом, Малхией, Еламом и Езером. Хоры пели под руководством Иезрахии. 43В тот день они принесли великие жертвы и радовались, потому что Всевышний даровал им великую радость. Женщины и дети тоже радовались. И крики радости в Иерусалиме были слышны далеко вокруг.

Пожертвования для священнослужителей и левитов

44В тот же день были назначены люди, чьей заботе были вверены хранилища для пожертвований, первых плодов и десятин. С полей вокруг городов они должны были собирать в хранилища доли, назначенные Законом для священнослужителей и левитов, ведь иудеи были довольны их служением. 45Они совершали служение своему Богу и служение очищения в соответствии с повелениями Давуда и его сына Сулеймана. Так поступали и певцы с привратниками. 46Ведь уже в древности, во времена Давуда и Асафа, были распорядители над певцами, которые пели песни хвалы и благодарения Всевышнему. 47А во времена Зоровавеля и Неемии весь Исраил давал ежедневные доли для певцов и привратников. Ещё они отделяли часть для остальных левитов, а левиты отделяли часть для потомков Харуна.