Nehemia 11 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nehemia 11:1-36

Nnipa No Kɔtena Yerusalem

1Afei, ɔmanfo no ntuanofo kɔtenaa Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkurow bi no so, yii mu nkyɛmu du mu baako ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkae no de, wɔtenaa nea wɔte hɔ ara. 2Na ɔmanfo no kamfoo obiara a ofi ne pɛ mu san kɔtenaa Yerusalem no.

3Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so, 4nanso nnipa no bi a wofi Yuda ne Benyamin mu no san kɔtenaa Yerusalem.

Yuda abusuakuw mu nnipa no ni:

Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ofi Peres abusua mu;

5Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ofi Sela abusua mu.

6Afei, na Peres asefo ahannan ne aduosia awotwe (468) a wodi mu no na na wɔte Yerusalem.

7Benyamin abusuakuw no mu nnipa ni:

Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima; 8na nʼakyi no na Gabai ne Salai, ne abusuafo ahankron aduonu awotwe (928) ba.

9Wɔn panyin pa ara no ne Sikri babarima Yoel na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfo abediakyiri babarima Yuda boaa no.

10Asɔfo no mu nnipa ni:

Yoiarib babarima Yedaia; Yakin;

11ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfo babarima, 12ne wɔn mfɛfo ahanwɔtwe aduonu abien (822) a, na wɔyɛ adwuma wɔ Asɔredan no mu, ne Yeroham babarima Adaia, Pelalia babarima, Amsi babarima, Sakaria babarima, Pashur babarima, Malkia babarima 13ne ne mfɛfo ahannu aduanan abien (242) a wɔyɛ wɔn mmusua ntuanofo. Wɔn a na wɔka ho nso ne Asarel babarima Amasai, Ahsai babarima, Mesilemot babarima, Imer babarima 14ne ne mfɛfo atitiriw ɔha aduonu awotwe (128). Wɔn panyin pa ara a otua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel.

15Lewifo no nso ni:

Hasub babarima Semaia, Asrikam babarima, Hasabia babarima, Buni babarima;

16ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyiri dwumadi so;

17Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaebɔ buee aseda afɔre som ano;

Bakbukia a na ɔyɛ Matania abediakyiri ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima.

18Na Lewifo a wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu no nyinaa dodow si ahannu aduɔwɔtwe anan (284).

19Aponanohwɛfo no ni:

Akub, Talmon ne wɔn mfɛfo ɔha aduɔson abien a (172) na wɔwɛn wɔ apon no ano.

20Asɔfo a wɔaka no, Lewifo ne Israelfo nkae no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapade wɔ.

21Nanso Asɔredan mu asomfo no a na Siha ne Gispa da wɔn ano no de, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel koko so.

22Na ɔpanyin pa ara a otua Lewifo a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, na nʼabusuafo som sɛ nnwontofo wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no. 23Na wɔhyɛ ɔhene mmara a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ da biara no ase.

24Mesesabel babarima Petahia a ɔyɛ Yuda babarima Serah aseni no yɛ ɔhene ananmusini wɔ ɔman no amammui mu.

25Yudafo no bi tenaa Kiriat-Arba ne ne nkuraa, Dibon ne ne nkuraa ne Yekabseel ne ne nkuraa. 26Wɔtenatenaa Yesua, Molada, Bet-Pelet, 27Hasar-Sual, Beer-Seba ne ɛho nkuraa, 28Siklag ne Mekona ne ɛho nkuraa. 29Na wɔtete En-Rimon, Sora, Yarmut, 30Sanoa ne Adulam ne wɔn nkuraa nso. Na wɔtete Lakis ne ne mfuw a ɛbɛn hɔ no so ne Aseka ne ne nkuraa nso. Enti Yudafo no tenatena nsase a efi Beer-Seba kosi Hinom bon no mu.

31Benyamin nkurɔfo no bi tenaa Geba, Mikmas, Aya ne Bet-El ne ɛho nkuraa. 32Ebinom nso tenatenaa Anatot, Nob, Anania, 33Hasor, Rama, Gitaim, 34Hadid, Seboim, Nebalat, 35Lod, Ono ne Adwumfo Bon mu nso.

36Wɔmaa Lewifo a na wɔte Yuda no bi kɔkaa Benyamin abusuakuw no ho, ne wɔn tenae.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

尼希米记 11:1-36

住在耶路撒冷的人

1民众的首领住在耶路撒冷。其余的人用抽签的方式抽出十分之一的人口住在圣城耶路撒冷,剩下的人则住在其他城邑。 2众人为所有自愿住在耶路撒冷的人祝福。

3-4以色列人、祭司、利未人、殿役和所罗门仆人的子孙住在犹大各城自己的家中,有些来自犹大便雅悯的人住在耶路撒冷。以下是住在耶路撒冷犹大省首领:

犹大人中有法勒斯的子孙、乌西雅的儿子亚他雅乌西雅撒迦利雅的儿子,撒迦利雅亚玛利雅的儿子,亚玛利雅示法提雅的儿子,示法提雅玛勒列的儿子。 5此外还有巴录的儿子玛西雅巴录谷何西的儿子,谷何西哈赛雅的儿子,哈赛雅亚大雅的儿子,亚大雅约雅立的儿子,约雅立撒迦利雅的儿子,撒迦利雅示罗尼的儿子。 6住在耶路撒冷法勒斯的子孙共有四百六十八人,都是勇士。

7便雅悯人中有米书兰的儿子撒路米书兰约叶的儿子,约叶毗大雅的儿子,毗大雅歌赖雅的儿子,歌赖雅玛西雅的儿子,玛西雅以铁的儿子,以铁耶筛亚的儿子。 8此外还有迦拜撒来的子孙共九百二十八人。 9细基利的儿子约珥是他们的监督,哈西努亚的儿子犹大耶路撒冷的副官。

10祭司中有雅斤约雅立的儿子耶大雅11以及管理上帝殿的希勒迦的儿子西莱雅希勒迦米书兰的儿子,米书兰撒督的儿子,撒督米拉约的儿子,米拉约亚希突的儿子; 12还有他们在殿里供职的弟兄八百二十二人;还有耶罗罕的儿子亚大雅耶罗罕毗拉利的儿子,毗拉利暗洗的儿子,暗洗撒迦利亚的儿子,撒迦利亚巴施户珥的儿子,巴施户珥玛基雅的儿子; 13还有他们做族长的弟兄二百四十二人;还有亚萨列的儿子亚玛帅亚萨列亚哈赛的儿子,亚哈赛米实利末的儿子,米实利末音麦的儿子; 14还有他们英勇的弟兄一百二十八人。他们的监督是哈基多琳的儿子撒巴第业

15利未人中有哈述的儿子示玛雅哈述押利甘的儿子,押利甘哈沙比雅的儿子,哈沙比雅布尼的儿子。 16还有利未人的族长沙比太约撒拔,他们负责上帝殿外面的事务。 17还有米迦的儿子玛他尼,他是带领祷告和赞美的。米迦撒底的儿子,撒底亚萨的儿子。还有他的助手玛他尼的弟兄八布迦。此外,还有沙姆亚的儿子押大沙姆亚加拉的儿子,加拉耶杜顿的儿子。 18在圣城的利未人共有二百八十四名。

19殿门守卫有亚谷达们,还有他们做殿门守卫的弟兄一百七十二人。 20其他以色列人、祭司和利未人住在犹大各城自己的地方。 21殿役住在俄斐勒,他们的首领是西哈基斯帕

22耶路撒冷利未人的监督是巴尼的儿子乌西巴尼哈沙比雅的儿子,哈沙比雅玛他尼的儿子,玛他尼米迦的儿子,乌西亚萨的子孙,亚萨的子孙是负责圣殿事务的歌乐手。 23歌乐手每天应尽的责任由王决定。 24犹大的儿子谢拉的子孙、米示萨别的儿子毗他希雅帮助王处理民众的事务。

住在其他城邑的人

25至于村庄及其周围的田地,一些犹大人住在基列·亚巴底本叶甲薛和它们周围的村庄, 26耶书亚摩拉大伯·帕列27哈萨·书亚别示巴别示巴周围的村庄, 28洗革拉米哥拿米哥拿周围的村庄, 29音·临门琐拉耶末30撒挪亚亚杜兰和它们周围的村庄,拉吉及其周围的田地,亚西加及其周围的村庄。他们居住的地方从别示巴一直延伸到欣嫩谷。

31便雅悯人住的地方由迦巴起直到密抹亚雅伯特利伯特利周围的村庄, 32亚拿突挪伯亚南雅33夏琐拉玛基他音34哈迭洗编尼八拉35罗德阿挪和匠人之谷。 36一些原本住在犹大利未人被安顿在便雅悯