Nehemia 10 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nehemia 10:1-39

1Nnipa a wogyee nhoma no too mu na wɔsɔw ano no ni:

Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado.

Asɔfo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne Sedekia, 2Seraia, Asaria, Yeremia,

3Pashur, Amaria, Malkia,

4Hatus, Sebania, Maluk,

5Harim, Meremot, Obadia,

6Daniel, Gineton, Baruk,

7Mesulam, Abia, Miyamin,

8Maasia, Bilgai ne Semaia.

Eyinom ne asɔfo no.

9Lewifo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne:

Asania babarima Yesua, Binui a ofi Henadad abusua mu, Kadmiel,

10ne wɔn mfɛfo Lewifo a, wɔne:

Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan,

11Mika, Rehob, Hasabia,

12Sakur, Serebia, Sebania,

13Hodia, Bani ne Beninu.

14Ntuanofo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne:

Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani,

15Buni, Asgad, Bebai,

16Adoniya, Bigwai, Adin,

17Ater, Hesekia, Asur,

18Hodia, Hasum, Besai,

19Harif, Anatot, Nebai,

20Magpias, Mesulam, Hesir,

21Mesesabel, Sadok, Yadua,

22Pelatia, Hanan, Anaia,

23Hosea, Hanania, Hasub,

24Halohes, Pilha, Sobek,

25Rehum, Hasabna, Maaseia,

26Ahiya, Hanan, Anan,

27Maluk, Harim, Baana.

28“Nnipa no nkae a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afi abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛnea wɔbɛsom Nyankopɔn, na wɔanyinyin a wɔte asɛm ase no, 29wɔn nyinaa fi koma pa mu kaa ntam de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nsew sɛ, sɛ wobu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne somfo Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wofi koma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛtɔ wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛde ne ne mmara nyinaa so.

Nnipa No Bɔhyɛ

30“Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmabea nware abosonsomfo a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmabarima nso nware wɔn mmabea.

31“Yɛsan hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de aguade anaa atoko ba bɛtɔn no homeda anaa da kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfe ason a ɛbɛba biara mu, na ka biara a Yudafo afoforo bi de yɛn no, yebetwa mu.

32“Nea ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yebetua Asɔredan afirihyiatow a wɔahyɛ yɛn sɛ yentua a ɛyɛ dwetɛ gram anan, sɛnea ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho bra. 33Eyi bɛboa ama yɛanya Daa Daa Brodo, na yɛatumi abɔ atoko ne ɔhyew afɔre bere ano bere ano, abɔ homeda afɔre ahorow, adi ɔsram foforo afahyɛ ahorow ne dapɔnna ahorow no. Saa ara na ɛbɛma yɛatumi abɔ kronkronyɛ afɔre ne bɔne ho afɔre sɛ mpata ama Israel. Afei, ɛbɛboa ama yɛanya nneɛma bi a ɛho behia ama yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho adwumayɛ.

34“Yɛabɔ ntonto ahorow, ahu afe biara mu mmere a ɛfata sɛ asɔfo, Lewifo ne ɔmanfo no abusuafo de nnyansin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhyew wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn afɔremuka so, sɛnea mmara no kyerɛ no.

35“Yɛhyɛ bɔ sɛ, daa yɛde otwakan biara mu kyɛfa bi, sɛ ɛyɛ asaseduan anaa aduaba a efi nnua so no, bɛba Awurade Asɔredan mu.

36“Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmabarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛnea mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfo a wɔsom wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan mu no.

37“Yɛbɛkora nnɔbae no nyinaa wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikresiam a eye pa ara ne atoko nkae afɔrebɔde, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsa foforo papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn nnɔbae biara a efi yɛn asase so nkyɛmu du mu baako bɛbrɛ Lewifo, efisɛ wɔn na wogyigye ntotoso du du no wɔ yɛn nkuraa. 38Ɔsɔfo a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifo no ho bere a wɔregyigye ntotoso du du no. Na biribiara a wobegye sɛ ntotoso du du no, Lewifo de mu nkyɛmu du mu baako bɛkɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akosisi adekoradan10.38 Na adekoradan bebree wɔ asɔredan no mfimfini a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma a ɛyɛ kronkron. no mu. 39Ɛsɛ sɛ ɔmanfo no ne Lewifo no de afɔrebɔde a ɛyɛ atoko, nsa foforo ne ngo no begu adekorade kronkron a ɛbɛn asɔfo a wɔresom no, aponanohwɛfo ne nnwontofo no wɔ Asɔredan no mu.

“Enti yɛbɔ mu hyɛ bɔ sɛ yɛrentoto yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ase.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

尼希米记 10:1-39

在约上盖印的人

1在上面盖印的有哈迦利亚的儿子尼希米省长,以及西底迦

2祭司有西莱雅亚撒利雅耶利米3巴施户珥亚玛利雅玛基雅4哈突示巴尼玛鹿5哈琳米利末俄巴底亚6但以理近顿巴录7米书兰亚比雅米雅民8玛西亚璧该示玛雅

9利未人有亚散尼的儿子耶书亚希拿达的子孙宾内甲篾10以及他们的弟兄示巴尼荷第雅基利他毗莱雅哈难11米迦利合哈沙比雅12撒刻示利比示巴尼13荷第雅巴尼比尼努

14民众首领有巴录巴哈·摩押以拦萨土巴尼15布尼押甲比拜16亚多尼雅比革瓦伊亚丁17亚特希西迦押朔18荷第雅哈顺比赛19哈拉亚拿突尼拜20抹比押米书兰希悉21米示萨别撒督押杜亚22毗拉提哈难亚奈雅23何细亚哈拿尼雅哈述24哈罗黑毗利哈朔百25利宏哈沙拿玛西雅26亚希雅哈难亚南27玛鹿哈琳巴拿

约的内容

28其余的民众、祭司、利未人、殿门守卫、歌乐手、殿役和所有与外族人隔离以便遵从上帝律法的人,以及他们的妻子和儿女等所有能够明白的人, 29都跟随他们的贵族同胞起誓要谨遵上帝借祂仆人摩西颁布的律法,遵守我们的主耶和华的一切诫命、典章和律例。 30我们不将女儿嫁给当地的人,也不为儿子娶当地的女子。 31如果这地方的居民在安息日或其他圣日带来货物和五谷要卖给我们,我们必不购买。我们每逢第七年必不耕种,也必不追讨债务。

32我们为自己定下律例,每人每年捐献四克银子,供我们上帝的殿使用, 33以支付供饼、日常献的素祭和燔祭,安息日、朔日10:33 朔日”即每月初一。和其他节期所献的圣物,为以色列人献上的赎罪祭,以及我们上帝殿中的各项费用。 34我们的祭司、利未人和民众抽签,决定每年哪一族要在指定的时间把献祭时所需用的木材带到我们上帝的殿里,按照律法的规定烧在我们的上帝耶和华的坛上。 35我们把每年地里初熟的物产和各种树上初熟的果子献到耶和华的殿里。 36我们按照律法的规定献上我们的长子和头胎的牛羊,把他们带到我们上帝的殿中,交给在那里供职的祭司。 37我们把上好的面团、举祭、各样果子、新酒和新油交给祭司,收进我们上帝殿的库房里,并把我们地里收成的十分之一交给利未人,这是他们在我们所有城邑的出产中当收取的份。 38利未人收取十分之一的时候,要有亚伦子孙中的一位祭司陪同,利未人要从这十分之一中抽出十分之一带到我们上帝的殿中,收进库房里。 39以色列人和利未人要将这些五谷、新酒和新油作为举祭带到收藏圣所器皿的地方,即供职的祭司、殿门守卫和歌乐手所住的房子。这样,我们便不会忽略我们上帝的殿。