Nehemia 1 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nehemia 1:1-11

1Hakalia babarima Nehemia nsɛm ni:

Ɔsram Kislev (bɛyɛ Obubuo) mpaemu akyi wɔ Ɔhene Artasasta adedi afe a ɛto so aduonu so no, na mewɔ Susa aban mu. 2Me nuanom mmarima mu ɔbaako a wɔfrɛ no Hanani no ne mmarima bi a wofi Yuda ba bɛsraa me. Mibisaa wɔn Yudafo a nkae ne wɔn a wɔafi nnommum mu aba no ne Yerusalem ho asɛm.

3Wɔka kyerɛɛ me se, “Nneɛma nkɔ yiye mma wɔn a wɔsan kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛse ne animguase aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem fasu no agu fam, na wɔahyew apon no nso.”

4Bere a metee eyinom no, metenaa ase sui. Nokware, mitwaa agyaadwo nna bi, bua dae, bɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae. 5Afei, mekae se,

Awurade, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ ɔkɛse na ɔyɛ ɔnwonwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokware dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so no, 6tie me mpaebɔ. Hwɛ me sɛ merebɔ mpae ma Israelfo anadwo ne awia. Mepae mu ka se, yɛayɛ bɔne atia wo. Yiw, mpo, me ara me fifo ne mʼankasa ayɛ bɔne! 7Yɛayɛ bɔne kɛse sɛ yɛanni wo mmara nsɛm, wo mmara, ne wʼahyɛde a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.

8“Mesrɛ sɛ, kae asɛm a woka kyerɛɛ wʼakoa Mose se, ‘Sɛ moyɛ bɔne a, mɛtetew mo mu akɔ amanaman so. 9Na sɛ mosan ba me nkyɛn, na mudi me mmara nsɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asu akɔ asase ano nohɔ koraa a, mede mo bɛsan aba faako a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din anuonyam no.’ 

10“Yɛyɛ wʼasomfo, nnipa a wonam wo tumi kɛse so gyee yɛn no. 11Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaebɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo anuonyam no mpaebɔ. Mesrɛ sɛ, ma ensi me yiye, bere a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔsrɛ no adom bi yi. Fa hyɛ ne koma mu, na ɔnyɛ me adɔe.”

Na meyɛ ɔhene nsahyɛni.

Japanese Contemporary Bible

ネヘミヤ 記 1:1-11

1

ネヘミヤの祈り

1ハカルヤの子ネヘミヤの記録――

ペルシヤのアルタシャスタ王の時代、第二十年の第三の月のこと、私はシュシャンの宮殿で王に仕えていましたが、 2そこにハナニという名の同胞が、ユダヤから来た人々といっしょに訪ねて来ました。この時とばかり、私はエルサレムの様子を尋ねてみました。「捕囚の地からエルサレムに戻った人々は元気にやっていますか。」 3「実は、大変な目に会っています。城壁はくずされたまま、門も焼き払われたままです。」

4私はそれを聞いて、座りこんで泣きました。そしてそれから何日も断食して、天の神にひたすら祈り続けました。 5「ああ、主なる神様。あなたを愛し、あなたに従う者に対して約束されたことを果たし、愛と思いやりを示してくださる、畏れかしこむべき神様。どうか、この祈りをお聞きください。 6-7私の訴えに耳を傾けてください。夜も昼もイスラエル国民のために祈っている私に、目を留めてください。確かに私たちは罪を犯しました。あなたがあなたのしもべモーセによってお与えくださった戒めを破るという恐ろしい罪を犯してしまったのです。 8しかし神様。あなたはモーセに、こうお語りになったではありませんか。『もしあなたがたが罪を犯すなら、わたしはあなたがたを国々に散らす。 9しかし、わたしのもとに立ち返り、わたしのおきてに従うなら、たとえ地の果てからでも、あなたがたをエルサレムへ連れ戻そう。エルサレムこそ、わたしが住む場所として選んだ地だからだ。』

10私たちはあなたに仕える者です。あなたの偉大な御力によって救われた国民です。 11主よ、どうか私の祈りを聞き入れてください。神様を敬うことを喜びとする者の祈りに、耳を傾けてください。王のもとに行き、嘆願をしますので、どうかお助けください。王が寛容な処置をしてくれるよう、王の心に働きかけてください。」当時、私は王の献酌官(王に酌をする重要な官吏)をしていました。