Mmebusɛm 4 – AKCB & NAV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 4:1-27

Pere Hwehwɛ Nyansa

1Me mma, muntie me, muntie agya nkyerɛkyerɛ;

monyɛ aso na moanya ntease.

2Mema mo adesua a ɛkɔ anim,

enti munnnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.

3Efisɛ na me nso, meyɛ mʼagya babarima,

meda so yɛ akokoaa no, na me na ani gye me ho.

4Na ɔkyerɛkyerɛɛ me se,

“Ma me nsɛm nni wo koma mu dɛm,

di me nkyerɛkyerɛ so na wubenya nkwa.

5Nya nyansa, nya ntease;

mma wo werɛ mfi me nsɛm anaa ntwe wo ho mfi ho.

6Nnyaw nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban;

dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.

7Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa.

Ɛwɔ mu sɛ ne bo te sɛ wʼahode nyinaa de, nanso nya ntease.

8Di no ni na ɛbɛma wo so;

yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo anuonyam.

9Ɔde nkonimdi nhwiren hankare begu wo ti so

na wama wo ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.”

10Me ba, tie na fa nea meka no,

na wo nkwanna bɛyɛ bebree.

11Mɛkyerɛ wo nyansa kwan so

na mede wo afa akwan a ɛteɛ so.

12Sɛ wonantew a, wʼanammɔntu bɛkɔ waa

na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw.

13Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu,

bɔ ho ban yiye, efisɛ ɛyɛ wo nkwa.

14Ntu wo nan nsi amumɔyɛfo kwan so

na nnantew abɔnefo kwan so.

15Kwati no, ntu kwan mfa so;

dan fi so na kɔ wo kwan.

16Efisɛ wɔnyɛɛ bɔne a wontumi nna;

na wɔn nna tew yera kosi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.

17Wodi amumɔyɛsɛm brodo,

na wɔnom kitikitiyɛ nsa.

18Atreneefo kwan te sɛ adekyee hann a edi kan,

ɛkɔ so hyerɛn yiye kodu awia ketee.

19Nanso amumɔyɛfo kwan te sɛ sum kabii;

wonnim nea ɛma wohintiw.

20Me ba, yɛ aso ma nea meka;

tie me nsɛm no yiye.

21Mma emfi wʼani so,

fa sie wo koma mu;

22efisɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu

ne akwahosan ma nipadua no nyinaa.

23Ne nyinaa akyi, bɔ wo koma ho ban,

efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti.

24Mma oburu kasa mfi wʼano;

mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.

25Hwɛ wʼanim tee,

na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so.

26Bɔ ɔkwan tamaa ma wʼanan

na fa akwan a atim so.

27Mman mfa nifa anaa benkum;

twe wo nan fi bɔne ho.

Ketab El Hayat

الأمثال 4:1-27

اقتن الحكمة بأي ثمن

1اسْتَمِعُوا أَيُّهَا الْبَنُونَ إِلَى إِرْشَادِ الأَبِ، وَأَصْغُوا لِتَكْتَسِبُوا الْفِطْنَةَ، 2فَإِنِّي أُقَدِّمُ لَكُمْ تَعْلِيماً صَالِحاً، فَلا تُهْمِلُوا شَرِيعَتِي. 3عِنْدَمَا كُنْتُ ابْناً لأَبِي، غَضّاً وَحِيداً لأُمِّي، 4قَالَ لِي: «ادَّخِرْ فِي قَلْبِكَ كَلامِي، وَاحْفَظْ وَصَايَايَ فَتَحْيَا. 5لَا تَنْسَ وَلا تُعْرِضْ عَنْ أَقْوَالِ فَمِي، بَلْ تَلَقَّنِ الْحِكْمَةَ وَاقْتَنِ الْفِطْنَةَ. 6لَا تَنْبِذْهَا فَتَحْفَظَكَ. أَحْبِبْهَا فَتَصُونَكَ. 7بِدَايَةُ الْحِكْمَةِ أَنْ تَكْسَبَ حِكْمَةً، وَاقْتَنِ الْفِطْنَةَ وَلَوْ بَذَلْتَ كُلَّ مَا تَمْلِكُ. 8مَجِّدْهَا فَتُمَجِّدَكَ، اعْتَنِقْهَا فَتُكْرِمَكَ. 9تُتَوِّجُ رَأْسَكَ بِإِكْلِيلِ جَمَالٍ، وَتُنْعِمُ عَلَيْكَ بِتَاجِ بَهَاءٍ».

10اسْتَمِعْ يَا ابْنِي وَتَقَبَّلْ أَقْوَالِي، لِتَطُولَ سِنُو حَيَاتِكَ. 11قَدْ أَرْشَدْتُكَ إِلَى طَرِيقِ الْحِكْمَةِ، وَهَدَيْتُكَ فِي مَنَاهِجِ الاسْتِقَامَةِ. 12عِنْدَمَا تَمْشِي لَا تَضِيقُ خَطْوَاتُكَ، وَحِينَ تَرْكُضُ لَا تَتَعَثَّرُ. 13تَمَسَّكْ بِالإِرْشَادِ وَلا تَطْرَحْهُ. صُنْهُ لأَنَّهُ حَيَاتُكَ. 14لَا تَدْخُلْ فِي سَبِيلِ الأَشْرَارِ وَلا تَنْهَجْ نَهْجَهُمْ. 15ابْتَعِدْ عَنْهُ وَلا تَعْبُرْ بِهِ. حِدْ عَنْهُ وَلا تَجْتَزْ فِيهِ. 16فَإِنَّهُمْ لَا يَرْكَنُونَ إِلَى النَّوْمِ مَا لَمْ يُسِيئُوا، وَيُفَارِقُهُمُ النُّعَاسُ مَا لَمْ يُعْثِرُوا أَحَداً. 17لأَنَّهُمْ يَأْكُلُونَ خُبْزَ الشَّرِّ وَيَشْرَبُونَ خَمْرَ الظُّلْمِ. 18أَمَّا سَبِيلُ الأَبْرَارِ فَكَنُورٍ مُتَلألِئٌ يَتَزَايَدُ إِشْرَاقُهُ إِلَى أَنْ يَكْتَمِلَ النَّهَارُ، 19وَطَرِيقُ الأَشْرَارِ كَالظُّلْمَةِ الدَّاجِيَةِ لَا يُدْرِكُونَ مَا يَعْثُرُونَ بِهِ.

20يَا ابْنِي أَصْغِ إِلَى كَلِمَاتِ حِكْمَتِي، وَأَرْهِفْ أُذُنَكَ إِلَى أَقْوَالِي. 21لِتَظَلَّ مَاثِلَةً أَمَامَ عَيْنَيْكَ وَاحْتَفِظْ بِها فِي دَاخِلِ قَلْبِكَ، 22لأَنَّهَا حَيَاةٌ لِمَنْ يَعْثُرُ عَلَيْهَا، وَعَافِيَةٌ لِكُلِّ جَسَدِهِ. 23فَوْقَ كُلِّ حِرْصٍ احْفَظْ قَلْبَكَ لأَنَّ مِنْهُ تَنْبَثِقُ الْحَيَاةُ. 24انْزِعْ مِنْ فَمِكَ كُلَّ قَوْلٍ مُلْتَوٍ، وَأَبْعِدْ عَنْ شَفَتَيْكَ خَبِيثَ الْكَلامِ. 25حَدِّقْ بِاسْتِقَامَةٍ أَمَامَكَ، وَوَجِّهْ أَنْظَارَكَ إِلَى قُدَّامِكَ. 26تَبَيَّنْ مَوْقِعَ قَدَمِكَ، فَتَضْحَى جَمِيعُ طُرُقِكَ ثَابِتَةً. 27لَا تَحِدْ يَمِيناً أَوْ يَسَاراً، وَأَبْعِدْ رِجْلَكَ عَنْ مَسَالِكِ الشَّرِّ.