Mmebusɛm 27 – AKCB & CARSA

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 27:1-27

1Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,

na wunnim nea ɛda bi de bɛba.

2Ma ɔfoforo nkamfo wo; na ɛnyɛ wo ankasa;

ma emfi ɔfoforo anom na ɛnyɛ wo.

3Ɔbo mu yɛ duru, na nwea yɛ adesoa,

nanso ɔkwasea abufuwhyew yɛ duru sen emu biara.

4Abufuw tirim yɛ den, na abufuwhyew sɛe ade,

na hena na obetumi agyina ninkutwe ano?

5Animka a ɛda gua

ye sen ɔdɔ a asuma.

6Apirakuru a efi adamfo nkyɛn no ye

sen ɔtamfo mfewano bebrebe.

7Ɛwo nyɛ nea wamee akɔnnɔ,

nanso nea ɛyɛ nwen mpo yɛ nea ɔkɔm de no no nʼanom dɛ.

8Onipa a wayera ne fi kwan,

te sɛ anomaa a wafi ne berebuw mu rekyinkyin.

9Ngo ne aduhuam ma koma ani gye,

adamfo ho anigye fi nʼafotu pa a ɔma.

10Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,

nkɔ wo nuabarima fi bere a ɔhaw ato wo,

na ɔyɔnko a ɔbɛn wo no ye sen onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.

11Me ba, hu nyansa na ma me koma ani nnye;

ɛno na ɛbɛma manya mmuae ama obiara a obu me animtiaa.

12Mmadwemma hu asiane na wohintaw,

nanso ntetekwaafo kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.

13Fa atade a ɛhyɛ obi a odi ɔhɔho akagyinamu;

sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.

14Sɛ obi teɛ mu hyira ne yɔnko anɔpahema a,

wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.

15Ɔyere tɔkwapɛfo te sɛ

ahumtuda nsusosɔ wɔ ɔdan a enwin so;

16sɛ wopata no a, ɛte sɛ nea wopata mframa

anaa wode wo nsa beso ngo mu.

17Dade sew dade,

saa ara na onipa sew ɔfoforo.

18Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bedi so aba,

na nea ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no anuonyam.

19Sɛnea nsu yi animdua kyerɛ no,

saa ara na onipa koma da onipa no adi.

20Sɛnea Owu ne Ɔsɛe bo ntɔ da no,

saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da.

21Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ,

nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛsɔ no hwɛ.

22Sɛ wowɔw ɔkwasea wɔ ɔwaduru mu,

sɛ wode ɔwɔma wɔw no te sɛnea wusiw aburow a,

worentumi nyi agyimisɛm mfi ne ho.

23Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wubehu wo nguankuw tebea,

na ma wʼani nkɔ wo anantwikuw so;

24efisɛ, ahonya ntena hɔ daa,

na ahenkyɛw ntena hɔ mma awo ntoantoaso nyinaa.

25Sɛ wotwa sare no na foforo fifi,

na wɔboaboa nkoko so sare no ano a,

26ɛno de, nguantenmma no bɛma wo ntama,

na mmirekyi ama sika a ɛtɔ mfuw.

27Wubenya mmirekyi nufusu bebree

ama wo ne wʼabusuafo adi

ne aduan ama wo mmaawa.

Священное Писание (Восточный перевод), версия с «Аллахом»

Мудрые изречения 27:1-27

1Не хвастайся завтрашним днём,

ты ведь не знаешь, что он принесёт.

2Пусть другой тебя хвалит, а не твои уста, –

посторонний, а не твой язык.

3Камень увесист, тяжёл и песок,

но раздражение от глупца тяжелее обоих.

4Ярость жестока и гнев неукротим,

но кто может устоять против ревности?

5Лучше открытый упрёк,

чем скрытая любовь.

6Друг искренен, даже если он ранит,

а враг рассыпает поцелуи.

7Сытым и сотовый мёд отвратителен,

а голодным и горькое кажется сладким.

8Что птица, оставившая гнездо,

то человек, который ушёл из дома.

9Как ароматное масло и благовоние радуют сердце,

так приятно слышать и душевный совет от друга.

10Не бросай своего друга и друга своего отца;

в беде не беги сразу к родственникам,

ведь друг поблизости будет полезнее, чем родня вдали.

11Будь мудрым, сын мой, и сердце моё порадуй;

тогда я буду знать, что ответить попрекающему меня.

12Разумный увидит опасность – и скроется,

а простаки пойдут дальше – и пострадают.

13Можешь смело забирать одежду у поручившегося за незнакомца;

можешь удержать её в залог у ручавшегося за чужого27:13 Ср. Исх. 22:26-27; Втор. 24:10-13..

14Громогласно благословляющего ближнего ранним утром

сочтут проклинающим.

15Несмолкающая капель в дождливый день

и сварливая жена схожи друг с другом;

16пытаться сдержать её – что сдерживать ветер

или масло в руке зажать.

17Как железо оттачивает железо,

так и люди совершенствуют друг друга.

18Кто возделывает инжир, будет есть его плоды,

а кто заботится о своём господине, будет в чести.

19Как вода отражает лицо,

так человеческое сердце – человека.

20Мир мёртвых и царство смерти не знают сытости;

ненасытны и человеческие глаза.

21В тигле испытывается серебро,

в горне плавильном – золото,

а похвалами – человек.

22Глупца истолки хоть в ступе,

как пестом пшеницу, –

не отделится от него его глупость.

23Следи за тем, в каком виде твои отары,

хорошо наблюдай за своими стадами,

24ведь богатство не вечно,

и власть не на все поколения.

25Когда вывезут сено, и появится новая поросль,

и станут собирать траву со склонов горных,

26тогда ягнята одеждой тебя снабдят,

а козлы пойдут на покупку поля.

27У тебя будет вдоволь козьего молока,

чтобы кормить себя и свою семью

и давать пропитание служанкам.