Mmebusɛm 26 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 26:1-28

1Sɛnea sukyerɛmma te ahuhurubere anaasɛ osu wɔ otwabere no,

saa ara na anuonyam mfata ɔkwasea.

2Sɛnea apatuprɛw tu anaasɛ asomfena tu dannan ne ho no,

saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.

3Ɔkafo abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afurum,

na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafo akyi.

4Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuae,

anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.

5Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuae,

anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ onim nyansa.

6Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a,

ɛte sɛ wutwitwa wʼankasa wʼanan anaasɛ wonom awuduru.

7Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no,

yɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

8Ɔbo a wɔakyekyere afam ahwimmo so

te sɛ anuonyam a wɔde ama ɔkwasea.

9Nsɔe dua a ɔkɔwensani kita no

te sɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

10Nea ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no

te sɛ agyantowni a opira nnipa kwa.

11Sɛnea ɔkraman san kɔ ne fe ho no,

saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.

12Wuhu obi a ɔyɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so ana?

Anidaso pii wɔ ɔkwasea mu sen no.

13Ɔkwadwofo ka se, “Gyata wɔ ɔkwan no mu,

gyatakeka nenam mmɔnten no so!”

14Sɛnea ɔpon di akɔneaba wɔ ne mpontare so no,

saa ara na ɔkwadwofo twa ne ho wɔ ne mpa so.

15Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu,

na ɛyɛ no anihaw sɛ obeyi akɔ nʼano.

16Ɔkwadwofo yɛ onyansafo wɔ ɔno ankasa ani so

sen nnipa baason a wodwen asɛm ho na wɔabua.

17Obi a oso ɔkraman aso twe no no

te sɛ obi a ɔretwa mu na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwaw a ɛmfa ne ho mu.

18Ɔbɔdamfo a ɔtotow atuo

anaa agyanwerɛmfo no

19te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko

na ɔka se, “Na mede redi agoru!”

20Nnyansin hi a ogya dum;

nseku nni hɔ a ntɔkwaw to twa.

21Sɛnea gyabiriw dan nnyansramma na nnyina dan ogya no,

saa ara na ɔtɔkwapɛfo hyɛ ntɔkwaw mu takramugya.

22Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ;

ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.

23Sɛnea ama kata asankagow ho no

saa ara na tɛkrɛmadɛ kata amumɔyɛ koma so.

24Onipa bɔne kasa te sɛ nea oye,

nanso nnaadaa ahyɛ ne koma ma.

25Ɛwɔ mu sɛ ne kasa yɛ dɛ de, nanso nnye no nni,

efisɛ abususɛm ason ahyɛ ne koma ma.

26Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so,

nanso nʼamumɔyɛsɛm bɛda adi wɔ bagua mu.

27Sɛ onipa tu amoa a, ɔbɛtɔ mu;

sɛ onipa pirew ɔbo a, ɛbɛsan aba no so.

28Atoro tɛkrɛma kyi wɔn a ogu wɔn ho fi,

na adɛfɛdɛfɛ ano de ɔsɛe ba.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

箴言 26:1-28

1愚人得尊荣本不合宜,

如夏天降雪、收割时下雨。

2麻雀翻飞,燕子翱翔,

咒诅不会无端降临。

3鞭子打马,缰绳勒驴,

棍棒责打愚人的背。

4别照愚人的愚昧回答他,

免得你像他一样。

5要照愚人的愚昧回答他,

免得他自以为有智慧。

6靠愚人传信,

如同砍断自己的脚,

自讨苦吃。

7愚人口中说箴言,

如同跛子空有腿。

8把尊荣给愚人,

就像把石子绑在甩石器上。

9愚人口中说箴言,

如同醉汉握荆棘。

10雇用愚人或路人,

如同弓箭手乱箭伤人。

11愚人一再重复愚昧事,

就像狗回头吃所吐的。

12自以为有智慧的人,

还不如愚人有希望。

13懒惰人说:“路上有狮子,

街上有猛狮。”

14懒惰人赖在床上滚来滚去,

就像门在门轴上转来转去。

15懒惰人手放在餐盘,

却懒得送食物进嘴。

16懒惰人自以为比七个善于应对的人更有智慧。

17插手他人的纠纷,

犹如揪狗的耳朵。

18-19欺骗邻舍还说是开玩笑,

如同疯子乱抛火把、乱射箭。

20没有木柴,火自然熄灭;

没有闲话,争端便平息。

21好斗之人煽动争端,

如同余火加炭、火上加柴。

22闲言闲语如可口的美食,

轻易进入人的五脏六腑。

23火热的嘴,邪恶的心,

犹如瓦器镀了层银。

24怨恨人的用美言掩饰自己,

心中却藏着诡诈。

25纵然他甜言蜜语,你也不可信他,

因为他心中充满各种可憎之事。

26虽然他用诡计掩饰怨恨,

他的邪恶必被会众揭穿。

27挖陷阱的,必自陷其中;

滚石头的,必自伤己身。

28撒谎的舌恨它所害的人,

谄媚的嘴带来毁灭。