Mmebusɛm 13 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 13:1-25

1Ɔba nyansafo tie nʼagya nkyerɛkyerɛ;

na ɔfɛwdifo ntie animka.

2Nneɛma pa a efi onipa anom no ma no anigye,

na wɔn a wonni nokware no kɔn dɔ kitikitiyɛ.

3Nea ɔkora nʼano no kora ne nkwa so,

nanso nea ɔkasa a onsusuw ho no bɛba ɔsɛe mu.

4Onihawfo pere hwehwɛ nanso onya hwee,

na nea ɔyɛ adwuma no nya nea ɔpɛ biara.

5Atreneefo kyi nea ɛnyɛ nokware,

nanso amumɔyɛfo de aniwu ne ahohora ba.

6Trenee bɔ ɔnokwafo ho ban,

na amumɔyɛsɛm tu ɔbɔnefo gu.

7Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefo, a nso onni hwee,

ɔfoforo yɛ ne ho sɛ ohiani, nso ɔwɔ ahonya bebree.

8Obi ahonya betumi agye no nkwa,

nanso ohiani nte ahunahuna biara.

9Atreneefo kanea hyerɛn pa ara,

nanso wodum amumɔyɛfo kanea.

10Ahantan de ntɔkwaw nko ara na ɛba,

na wohu nyansa wɔ wɔn a wotie afotu mu.

11Ahonya a ɛnam ɔkwammɔne so no hwere ntɛm so,

na nea ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.

12Anidaso a wotu hyɛ da no bɔ koma ɔyare,

nanso anigyinade a nsa aka no yɛ nkwadua.

13Nea otwiri akwankyerɛ no betua so ka,

nanso wɔma nea ɔde obu ma mmara no akatua.

14Onyansafo nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asuti,

eyi onipa fi owu afiri mu.

15Nhumu pa de adom ba,

nanso atorofo akwan so yɛ den.

16Ɔbadwemma biara yɛ nʼade wɔ nimdeɛ mu,

nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.

17Ɔsomafo mumɔyɛfo tɔ amane mu,

nanso ɔnanmusini nokwafo de abodwo ba.

18Nea ɔpo nteɛso no kɔ ohia ne animguase mu,

na wɔhyɛ nea otie nteɛso no anuonyam.

19Akɔnnɔde a nsa aka ma ɔkra ani gye,

nanso nkwaseafo kyi sɛ wɔtwe wɔn ho fi bɔne ho.

20Nea ɔne onyansafo nantew no hu nyansa,

na nea ɔne nkwaseafo bɔ no hu amane.

21Ɔhaw di ɔbɔnefo akyi,

na nkɔso yɛ ɔtreneeni akatua.

22Onipa pa de agyapade gyaw ne nenanom,

na wɔkora ɔbɔnefo ahonyade so ma ɔtreneeni.

23Ohiani afum nnɔbae tumi ba pii,

nanso ntɛnkyew pra kɔ.

24Nea ɔkyɛe nʼabaa so no tan ne ba,

na nea ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛteɛ no.

25Atreneefo didi ma wɔn koma mee,

nanso ɔkɔm de amumɔyɛfo.

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 13:1-25

1Ɔba nyansafoɔ tie nʼagya nkyerɛkyerɛ;

na ɔfɛdifoɔ ntie animka.

2Nneɛma pa a ɛfiri onipa anom no ma no anigyeɛ,

na wɔn a wɔnni nokorɛ no kɔn dɔ basabasayɛ.

3Deɛ ɔkora nʼano no kora ne nkwa so,

nanso deɛ ɔkasa a ɔnsusu ho no bɛba ɔsɛeɛ mu.

4Onihafoɔ pere hwehwɛ nanso ɔnnya hwee,

na deɛ ɔyɛ adwuma no nya deɛ ɔpɛ biara.

5Teneneefoɔ kyiri deɛ ɛnyɛ nokorɛ,

nanso amumuyɛfoɔ de aniwuo ne ahohora ba.

6Tenenee bɔ ɔnokwafoɔ ho ban,

na amumuyɛsɛm tu ɔbɔnefoɔ gu.

7Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefoɔ, a nso ɔnni hwee,

ɔfoforɔ yɛ ne ho sɛ ohiani, a nso ɔwɔ ahonya bebree.

8Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa,

nanso ohiani nte ahunahuna biara.

9Teneneefoɔ kanea hyerɛn pa ara,

nanso wɔdum amumuyɛfoɔ kanea.

10Ahantan de ntɔkwa nko ara na ɛba,

na wɔhunu nyansa wɔ wɔn a wɔtie afutuo mu.

11Ahonya a ɛnam kwammɔne soɔ no hwere ntɛm so,

na deɛ ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.

12Anidasoɔ a wɔtu hyɛ da no bɔ akoma yadeɛ,

nanso anigyinadeɛ a nsa aka no yɛ nkwa dua.

13Deɛ ɔtwiri ahyɛdeɛ no bɛtua so ka,

nanso deɛ ɔde obuo ma mmara no, wɔma no akatua.

14Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asutire,

ɛyi onipa firi owuo afidie mu.

15Nhunumu pa de adom ba,

nanso atorofoɔ ɛkwan so yɛ den.

16Ɔbadwemma biara yɛ nʼadeɛ wɔ nimdeɛ mu,

nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.

17Ɔsomafoɔ mumuyɛfoɔ tɔ amaneɛ mu,

nanso ɔnanmusini nokwafoɔ de abodwoɔ ba.

18Deɛ ɔpo ntenesoɔ no kɔ ohia ne animguaseɛ mu,

na deɛ ɔtie ntenesoɔ no, wɔhyɛ no animuonyam.

19Akɔnnɔdeɛ a nsa aka ma ɔkra ani gye,

nanso nkwaseafoɔ kyiri sɛ wɔtwe wɔn ho firi bɔne ho.

20Deɛ ɔne onyansafoɔ nante no hunu nyansa,

na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.

21Ɔhaw di ɔbɔnefoɔ akyi,

na nkɔsoɔ yɛ teneneeni akatua.

22Onipa pa de agyapadeɛ gya ne nananom,

na wɔkora ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ so ma ɔteneneeni.

23Ohiani afuom nnɔbaeɛ tumi ba pii,

nanso ntɛnkyea pra kɔ.

24Deɛ ɔkyɛe nʼabaa so no tane ne ba,

na deɛ ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛtene no.

25Teneneefoɔ didi ma wɔn akoma mee

nanso, ɛkɔm de amumuyɛfoɔ.