Mika 2 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mika 2:1-13

Onipa Ne Onyankopɔn Nhyehyɛe

1Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene,

wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so!

Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no,

efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

2Wɔn ani bere mfuw, na wogye.

Na afi nso wɔfa.

Wɔde nyansakorɔn gye nkurɔfo afi,

na wɔn agyapade nso wogye.

3Enti, sɛnea Awurade se ni,

“Meredwene amanehunu a etia saa nkurɔfo yi ho

na worentumi nyi wo ho mfi mu.

Worentumi nnantew ahantan so bio,

efisɛ ɛbɛyɛ bere bɔne.

4Saa da no, nnipa bɛserew mo.

Wɔde saa awerɛhow dwom yi

bedi mo ho fɛw se:

‘wɔasɛe yɛn koraa;

wɔakyekyɛ me nkurɔfo ahode mu.

Ogye fi me nsam!

Na ɔde yɛn mfuw ma akɔnkɔnsafo.’ ”

5Enti morennya obi wɔ

Awurade asafo mu

a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.

Atoro Adiyifo

6“Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfo no ka.

“Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm;

animguase rento yɛn.”

7Mo Yakobfi, so wɔnka se,

Awurade Honhom nni boasetɔ ana?

Ɔyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ ana?

“Ne nsɛm nyɛ nea nʼakwan teɛ

no yiye ana?

8Akyiri no me nkurɔfo asɔre

te sɛ ɔtamfo.

Moworɔw ntade pa fi

wɔn a wɔretwa mu a ɛmfa mo ho,

ma wɔyɛ te sɛ asraafo a wofi akono.

9Mopam mmea a wɔwɔ me nkurɔfo mu

fi wɔn afi afɛɛfɛ mu.

Mugye me nhyira

fi wɔn mma nsam afebɔɔ.

10Sɔre, fi ha kɔ!

Ha nyɛ faako a wɔhome,

efisɛ ho agu fi,

Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yiye bio.

11Sɛ ɔtorofo ne ɔdaadaafo ba bɛka se,

‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsa bebree a’

ɔbɛyɛ odiyifo a saa nkurɔfo yi pɛ.”

Ogye Ho Bɔhyɛ

12“Mɛboaboa mo nyinaa ano Yakob;

nokware mɛka Israel nkae no nyinaa abɔ mu.

Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nguan a wogu nguannan mu,

te sɛ nguankuw a wɔwɔ adidibea;

nnipa bɛhyɛ beae hɔ manyamanya.

13Nea obue ɔkwan no bedi wɔn anim;

wobebu apon no na wɔafi akɔ.

Wɔn Hene no bɛsen adi wɔn anim,

Awurade bɛyɛ wɔn ti.”