Mateo 8 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 8:1-34

Yesu Sa Nyarewa

1Bere a Yesu sian bepɔw no, dɔm dii nʼakyi. 2Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotow no srɛɛ no se, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”

3Yesu teɛɛ ne nsa de kaa ɔkwatani no kae se, “Mɛsa wo yare. Wo ho mfi!” Amono mu hɔ ara, kwata no fii ne ho. 4Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansede no.”

5Yesu kɔɔ Kapernaum. Oduu hɔ no, Roma asraafo ɔha so panyin bi baa ne kyɛn bebuu no nkotodwe kae se, 6“Awurade, mʼabofra abubu gu hɔ a ɔrehu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yare ma me.”

7Yesu ka kyerɛɛ no se, “Mɛba abɛsa no yare.”

8Asraafo ha so panyin no tee Yesu asɛm a ɔkae no, ɔkae se, “Awurade, memfata sɛ woba me fi. Ka biribi na mʼabofra no ho bɛyɛ no den. 9Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, na mesan wɔ asraafo a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara ne no.”

10Yesu tee saa asɛm no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔdan nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wodi nʼakyi no se, “Israelman mu nyinaa, minhuu gyidi a ɛte sɛɛ da. 11Na mereka akyerɛ mo se, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba na wɔne Abraham, Isak ne Yakob abɛtena ase wɔ ɔsoro Ahenni no mu. 12Na Israelfo a wosiesiee ɔsoro ahenni maa wɔn no mu pii wɔ hɔ a wɔde wɔn nsa begu wɔn ti atwa agyaadwo na wɔatow wɔn agu sum kabii mu ama ɔyaw.”

13Yesu ka kyerɛɛ asraafo so panyin no se, “Kɔ fie. Nea wugye di no mmra mu saa mma wo!” Abofra no ho tɔɔ no saa bere no ara mu!

Yesu Sa Petro Ase Yare

14Yesu kɔɔ Petro fi. Ɔkɔtoo sɛ atiridii akyere Petro asebea ma ɔda hɔ. 15Yesu soo ne nsa mu maa atiridii no tu fii no so. Ɔsɔre noaa aduan maa wɔn.

16Saa da no anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkae no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yerae, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn. 17Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae se,

“Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw,

na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa” no baa mu.

Yesu Akyidi

18Yesu huu sɛ dɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wontwa ɔtare no nkɔ nʼagya nohɔ. 19Ɛhɔ ara Yudani kyerɛkyerɛfo bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi!”

20Yesu buaa no se, “Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmerebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!”

21Asuafo no mu baako bɛka kyerɛɛ no se, “Owura, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa na mabedi wʼakyi.”

22Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufo.”

Yesu Brɛ Ahum Ase

23Yesu saa nyarewa no wiee no, ɔkɔtenaa ɔkorow mu na nʼasuafo no dii nʼakyi. 24Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so. Nanso na Yesu de, wada. 25Nʼasuafo no de nteɛteɛmu kɔɔ ne nkyɛn, konyan no kae se, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”

26Yesu nyanee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo a mo gyidi sua, adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

27Asuafo no ho dwiriw wɔn yiye. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”

Yesu Tu Ahohommɔne

28Yesu ne nʼasuafo no duu asuogya wɔ Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so fii amusiei behyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka nti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ. 29Wohuu no pɛ, wofii ase teɛteɛɛ mu se, “Onyankopɔn Ba, dɛn na worehwehwɛ afi yɛn nkyɛn? Woaba ha sɛ worebɛyɛ yɛn ayayade wɔ bere a mmere no nsoe ana?”

30Saa bere koro no ara mu, na mprakokuw bi redidi wɔ nkyɛn baabi. 31Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, “Sɛ wutu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuw yi mu.”

32Yesu teɛɛ wɔn se, “Mumfi!” Ɛhɔ ara ahonhommɔne no fii nnipa no mu, kowuraa mprako no mu. Mprakokuw no nyinaa de mmirika sian bepɔw no, koguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn. 33Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom, kɔkaa nea asi no kyerɛɛ nkurɔfo. 34Kurom hɔfo no tee nea aba no, wɔbɔɔ twi kɔɔ nea Yesu wɔ hɔ no. Wohuu Yesu no, wɔsrɛɛ no sɛ omfi wɔn man mu hɔ nkɔ.

New International Version – UK

Matthew 8:1-34

Jesus heals a man with leprosy

1When Jesus came down from the mountainside, large crowds followed him. 2A man with leprosy8:2 The Greek word traditionally translated leprosy was used for various diseases affecting the skin. came and knelt before him and said, ‘Lord, if you are willing, you can make me clean.’

3Jesus reached out his hand and touched the man. ‘I am willing,’ he said. ‘Be clean!’ Immediately he was cleansed of his leprosy. 4Then Jesus said to him, ‘See that you don’t tell anyone. But go, show yourself to the priest and offer the gift Moses commanded, as a testimony to them.’

The faith of the centurion

5When Jesus had entered Capernaum, a centurion came to him, asking for help. 6‘Lord,’ he said, ‘my servant lies at home paralysed, suffering terribly.’

7Jesus said to him, ‘Shall I come and heal him?’

8The centurion replied, ‘Lord, I do not deserve to have you come under my roof. But just say the word, and my servant will be healed. 9For I myself am a man under authority, with soldiers under me. I tell this one, “Go,” and he goes; and that one, “Come,” and he comes. I say to my servant, “Do this,” and he does it.’

10When Jesus heard this, he was amazed and said to those following him, ‘Truly I tell you, I have not found anyone in Israel with such great faith. 11I say to you that many will come from the east and the west, and will take their places at the feast with Abraham, Isaac and Jacob in the kingdom of heaven. 12But the subjects of the kingdom will be thrown outside, into the darkness, where there will be weeping and gnashing of teeth.’

13Then Jesus said to the centurion, ‘Go! Let it be done just as you believed it would.’ And his servant was healed at that moment.

Jesus heals many

14When Jesus came into Peter’s house, he saw Peter’s mother-in-law lying in bed with a fever. 15He touched her hand and the fever left her, and she got up and began to wait on him.

16When evening came, many who were demon-possessed were brought to him, and he drove out the spirits with a word and healed all who were ill. 17This was to fulfil what was spoken through the prophet Isaiah:

‘He took up our infirmities

and bore our diseases.’8:17 Isaiah 53:4 (see Septuagint)

The cost of following Jesus

18When Jesus saw the crowd around him, he gave orders to cross to the other side of the lake. 19Then a teacher of the law came to him and said, ‘Teacher, I will follow you wherever you go.’

20Jesus replied, ‘Foxes have dens and birds have nests, but the Son of Man has nowhere to lay his head.’

21Another disciple said to him, ‘Lord, first let me go and bury my father.’

22But Jesus told him, ‘Follow me, and let the dead bury their own dead.’

Jesus calms the storm

23Then he got into the boat and his disciples followed him. 24Suddenly a furious storm came up on the lake, so that the waves swept over the boat. But Jesus was sleeping. 25The disciples went and woke him, saying, ‘Lord, save us! We’re going to drown!’

26He replied, ‘You of little faith, why are you so afraid?’ Then he got up and rebuked the winds and the waves, and it was completely calm.

27The men were amazed and asked, ‘What kind of man is this? Even the winds and the waves obey him!’

Jesus restores two demon-possessed men

28When he arrived at the other side in the region of the Gadarenes,8:28 Some manuscripts Gergesenes; other manuscripts Gerasenes two demon-possessed men coming from the tombs met him. They were so violent that no-one could pass that way. 29‘What do you want with us, Son of God?’ they shouted. ‘Have you come here to torture us before the appointed time?’

30Some distance from them a large herd of pigs was feeding. 31The demons begged Jesus, ‘If you drive us out, send us into the herd of pigs.’

32He said to them, ‘Go!’ So they came out and went into the pigs, and the whole herd rushed down the steep bank into the lake and died in the water. 33Those tending the pigs ran off, went into the town and reported all this, including what had happened to the demon-possessed men. 34Then the whole town went out to meet Jesus. And when they saw him, they pleaded with him to leave their region.