Mateo 5 – AKCB & NRT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 5:1-48

Nhyira Nsɛm

1Ohuu nnipakuw no saa no, ɔkɔɔ bepɔw bi so. Ɔtenaa ase no, nʼasuafo no kɔɔ ne nkyɛn. 2Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn se,

3“Nhyira ne wɔn a wonim sɛ wɔyɛ ahiafo wɔ honhom mu,

na wɔn na ɔsoro ahenni yɛ wɔn dea.

4Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow,

na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekye wɔn werɛ.

5Nhyira ne ahobrɛasefo,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

6Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn nea ehia wɔn.

7Nhyira ne wɔn a wohu mmɔbɔ,

na wɔn na Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ.

8Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew,

na wɔn na wobehu Onyankopɔn.

9Nhyira ne apatafo,

na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.

10Nhyira ne wɔn a esiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti, wɔtaa wɔn,

na wɔn na Ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.

11“Nhyira ne mo a me din mu nti, wɔyaw mo, taa mo, twa atoro, ka asɛmmɔne to mo so. 12Momma mo ani nnye na monsɛpɛw mo ho, efisɛ mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Munhu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.”

Nkyene Ne Kanea

13“Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Enye mma hwee bio, gye sɛ wohwie gu na nnipa tiatia so.

14“Mone wiase kanea. Kurow a ɛda bepɔw so no ntumi nhintaw. 15Wɔnnsɔ kanea mfa nsie, na mmom wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ofi no mu no nyinaa. 16Saa ara na momma mo nneyɛe pa nna adi mma nnipa nhu na wɔafa so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.”

Mmara No Mu Denhyɛ

17“Munnsusuw sɛ maba sɛ merebɛsɛe Mmara no anaa Adiyifo no nkyerɛkyerɛ no. Na mmom maba sɛ merebɛhyɛ no ma sɛnea ne nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ. 18Munhu sɛ ɔsoro ne asase da so wɔ hɔ yi, Mmara no mu biribiara rensakra da kosi sɛ ne nyinaa bɛba mu. 19Eyi nti, obiara a obebu mmara nsɛm no mu fa bi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso abu mmara nsɛm no mu fa bi so no bɛyɛ akumaa ɔsoro ahenni mu. Na obiara a obedi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso adi mmara no so no bɛyɛ ɔkɛse Ɔsoro Ahenni mu. 20Enti merebɔ mo kɔkɔ sɛ, sɛ mopɛ sɛ mokɔ ɔsoro ahenni mu de a, gye sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛde sen nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ne Farisifo no yɛ.

Abufuw Ho Mmara

21“Mose mmara no ka se, ‘Nea odi awu no, ɔno nso ɛsɛ sɛ wokum no bi.’ 22Na me de, nea mereka ne sɛ, obiara a ne bo befuw ne nua no, wobebu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛyeyaw ne nua no, wɔbɛfrɛ no wɔ mpanyin anim. Afei obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua se, ‘Ogyimifo’ no bɛkɔ amanehunu gya mu.

23“Enti sɛ ɛba sɛ worekɔbɔ afɔre na wokae sɛ wo ne wo nua wɔ asɛm a, 24gyae afɔre no bɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbɔ mu ansa na woakɔbɔ wʼafɔre no.

25“Sɛ wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asennii ankɔma otemmufo, na otemmufo no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfo nsa, na afiasehwɛfo no amfa wo ankɔto afiase. 26Mereka no nokware akyerɛ mo se, ansa na wubefi asennii hɔ no, gye sɛ woatua sika biara a wɔregye afi wo hɔ no.

Aguamammɔ

27“Mose mmara no ka se, ‘Nsɛe aware.’ 28Na me de, nea mereka ne sɛ: Obiara a ohu ɔbea na ne kɔn dɔ no ne koma mu no, abɔ aguaman. 29Sɛ wʼani baako a eye to wo hintidua a, eye sɛ wubetu atow akyene. Efisɛ eye sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua no nyinaa akyene amanehunu gya mu. 30Saa ara nso na sɛ wo nsa a eye to wo hintidua a, eye sɛ wubetwa atow akyene. Efisɛ eye sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua nyinaa akyene amanehunu gya mu.

Awaregyae

31“Mose mmara no ka se, ‘Obiara a obegyaa ne yere no mma no awaregyae krataa.’ 32Na me de, nea mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ sɛ ɔbea no abɔ aguaman na ɔbea no san kɔware bio a, na ɔbarima a ogyaa no no ama ɔbea no asɛe aware. Ɔbarima foforo a ɔbɛware ɔbea no nso asɛe aware saa ara.

Ɔkasa Mu Nokwaredi

33“Bio, Mose mmara no ka se, ‘Mmu bɔ a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom di bɔ a woahyɛ no no so.’ 34Na me de, nea mereka ne sɛ: Monnka ntam mmfa nhyɛ bɔ. Monnnɔ ɔsoro, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua. 35Monnnɔ fam, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn nan ase agua. Monnnɔ Yerusalem, efisɛ ɛyɛ ɔhenkɛse kuropɔn. 36Mfa wo ti nka ntam, efisɛ worentumi nnan tinwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum. 37Momma mo nsɛm nyɛ ‘Yiw’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ Yiw anaa dabi no fi ɔbonsam.

Aweretɔ

38“Mose mmara no ka se, ‘Sɛ obi tu wʼani a, tu ne de bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne de bi.’ 39Na me de, nea mereka ne se: Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ wʼaso nifa mu a, dan benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu. 40Sɛ obi ne wo di asɛm gye wʼatade nhyɛase a, worɔw wʼatade nguguso ka ho ma no. 41Sɛ obi hyɛ wo sɛ, wo ne no nnantew ɔkwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansin abien. 42Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi pɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ biribi a, fa fɛm no.

Dɔ Wʼatamfo

43“Moate sɛ wɔaka se, ‘Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo.’ 44Na me de, nea mereka ne sɛ: monnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔhaw mo. 45Eyi bɛma moayɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mma, efisɛ ɔma ne owia pue, ma ne osu tɔ ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa pɛ. 46Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, akatua bɛn na mubenya? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso yɛ? 47Sɛ mukyia wɔn a munim wɔn nko ara a, nsonoe bɛn na ɛda mo ne afoforo ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso yɛ? 48Enti monyɛ pɛ sɛnea mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ pɛ no.

New Russian Translation

Матфея 5:1-48

Нагорная проповедь (5:1–7:29)

(Лк. 6:20-23)

1Увидев множество народа, Иисус поднялся на склон горы и сел там. К Нему подошли Его ученики, 2и Он начал их учить такими словами:

3– Блаженны нищие духом, потому что им принадлежит Небесное Царство5:3 Небесное Царство – Иудеи, во избежание напрасного употребления имени Бога (см. Исх. 20:7), часто заменяли его словом «Небеса» (см., напр. Лк. 15:18). См. также «Царство Божье» в пояснительном словаре..

4Блаженны плачущие, потому что они будут утешены.

5Блаженны кроткие, потому что они наследуют землю.

6Блаженны те, кто ощущает голод и жажду по праведности, потому что они насытятся.

7Блаженны милосердные, потому что и к ним будет проявлено милосердие.

8Блаженны чистые сердцем, потому что они увидят Бога.

9Блаженны миротворцы, потому что они будут названы сынами Божьими.

10Блаженны те, кого преследуют за праведность, потому что Небесное Царство принадлежит им.

11Блаженны вы, когда из-за Меня люди оскорбляют и преследуют вас и говорят о вас всякую ложь. 12Ликуйте и веселитесь, потому что вас ждет великая награда на небесах! Ведь точно так же преследовали и пророков, бывших прежде вас.

Соль и свет

(Мк. 9:50; Лк. 11:33; 14:34-35)

13Вы – соль земли. Если соль потеряет свой вкус, то что может опять сделать ее соленой? Она уже ни к чему не пригодна, останется лишь выбросить ее вон, под ноги людям.

14Вы – свет мира. Город, стоящий на вершине холма, невозможно скрыть. 15Зажженный светильник не ставят под сосуд, наоборот, его ставят на подставку, чтобы светил всем в доме. 16Пусть так же свет ваш светит людям, чтобы они видели ваши добрые дела и славили вашего Небесного Отца.

О Законе

(Лк. 16:17)

17Не думайте, что Я пришел отменить Закон или пророков; Я пришел, чтобы исполнить, а не отменить5:17 Здесь, вероятно, Иисус говорит о том, что Он является истинным исполнением всего, что было записано в Священном Писании. Другое толкование: Он дал Писанию завершение, наполнив его истинным смыслом. Согласно третьему толкованию, этот стих можно перевести следующим образом: «Не думайте, что Я хочу исказить Закон или сказанное в Пророках; Моя цель не искажать, а толковать правильно».. 18Говорю вам истину: пока небо и земля не исчезнут, ни одна малейшая буква, ни одна черточка не исчезнет из Закона – все сбудется. 19Кто нарушит даже самую маленькую заповедь и научит других нарушать ее, тот в Небесном Царстве будет наименьшим, а кто исполнит заповеди и научит этому людей – будет велик в Царстве Небесном. 20Говорю вам, что если ваша праведность не превзойдет праведности фарисеев и учителей Закона, вы не войдете в Небесное Царство.

О злобе

(Лк. 12:58-59)

21Вы знаете, что людям еще в древности было сказано: «Не убивай»5:21 Исх. 20:13; Втор. 5:17., и что каждый убийца будет судим. 22Я же говорю вам, что если человек затаил злобу на брата, он будет судим. Кто назовет своего брата ничтожеством5:22 Букв.: «рака». Выражение презрения в арамейском языке., тот будет отвечать перед Высшим Советом, а того, кто обзовет своего брата глупцом, – ждет огонь ада.

23Поэтому если ты приносишь в дар Богу свою жертву и перед жертвенником вспомнишь, что твой брат обижен на тебя, 24то оставь свой дар перед жертвенником и пойди вначале помирись с братом, а потом приходи и приноси жертву.

25Поторопись помириться со своим обвинителем еще по дороге, до того, как он приведет тебя в суд, иначе тебя передадут судье, тот отдаст тебя под стражу, и тебя заключат в темницу. 26Говорю тебе истину, что ты не выйдешь оттуда, пока не выплатишь все, до последнего гроша.

О супружеской верности

(Мат. 18:8-9; Мк. 9:43-48)

27Вы слышали, что было сказано: «Не нарушай супружескую верность»5:27 Исх. 20:14; Втор. 5:18.. 28Я же говорю вам, что тот, кто лишь смотрит на женщину с вожделением, уже нарушил супружескую верность в своем сердце. 29Если твой правый глаз влечет тебя ко греху, вырви его и отбрось прочь. Лучше тебе потерять часть тела, чем всему телу быть брошенным в ад. 30И если твоя правая рука влечет тебя ко греху, то отсеки ее и отбрось прочь. Лучше тебе потерять часть тела, чем все твое тело пойдет в ад.

О разводе

(Мат. 19:9; Мк. 10:11-12; Лк. 16:18)

31Вам было сказано: «Кто разводится с женой, тот должен выдать ей разводное письмо»5:31 Втор. 24:1.. 32Я же говорю вам, что каждый, кто разводится со своей женой не по причине ее измены, толкает ее к нарушению супружеской верности5:32 Или: «тот поступает с ней так, как будто она повинна в супружеской измене»., и всякий, кто женится на разведенной женщине, также нарушает супружескую верность.

О клятвах

33Вы слышали, что еще в древности людям было сказано: «Не нарушайте своей клятвы и выполняйте все, в чем вы поклялись Господу»5:33 См. Лев. 19:12; Чис. 30:3; Втор. 23:21-23.. 34Я же говорю вам: не клянитесь вовсе. Не клянитесь ни небом, потому что оно – престол Божий, 35ни землей, потому что она – подножие Его, ни Иерусалимом, потому что это город великого Царя5:34-35 См. Пс. 47:2; Ис. 66:1.. 36Не клянись своей головой, потому что сам ты даже одного волоска не можешь сделать белым или черным. 37Пусть ваше «да» будет действительно «да», и ваше «нет» – действительно «нет». Все же, что к этому добавлено, – от лукавого.

О мщении

(Лк. 6:29-30)

38Вы слышали, что было сказано: «Глаз за глаз и зуб за зуб»5:38 Исх. 21:24; Лев. 24:20; Втор. 19:21.. 39Я же говорю вам: не мсти сделавшему тебе зло. Кто ударит тебя в правую щеку, то поверни к нему и другую. 40Если кто захочет с тобой судиться, чтобы отнять у тебя рубаху, то отдай ему и верхнюю одежду. 41Если же кто принудит тебя идти вместе с ним одну милю, иди две5:41 В те времена римские солдаты могли, на правах завоевателей, заставить любого иудея нести их поклажу.. 42Тому же, кто у тебя просит, дай, и от просящего у тебя в долг не отворачивайся.

Любовь к врагам

(Лк. 6:27-28, 32-36)

43Вы слышали, что было сказано: «Люби ближнего твоего»5:43 Лев. 19:18. и «Ненавидь врага твоего»5:43 См. Втор. 23:3-6.. 44Я же говорю вам: любите ваших врагов и молитесь о тех, кто преследует вас, 45чтобы вам быть истинными сынами вашего Небесного Отца. Ведь Он повелевает солнцу светить и злым, и добрым и посылает дождь как на праведных, так и на неправедных. 46Если вы любите тех, кто любит вас, то какая вам за это награда? Не делают ли то же самое даже сборщики налогов?5:46 Сборщики налогов – были ненавистны иудеям по нескольким причинам: они обирали народ, работали на римских оккупантов и оскверняли себя общением с язычниками. И поэтому понятие «сборщик налогов» было почти равнозначно понятиям «грешник» и «предатель». 47Если вы приветствуете только ваших братьев, то что в этом особенного? Разве язычники не делают того же? 48Поэтому будьте совершенны, как совершенен ваш Небесный Отец.