Mateo 26 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 26:1-75

Wɔbɔ Yesu Ho Pɔw

1Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, 2“Sɛnea munim no aka nnaanu na Twam Afahyɛ no adu, na wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asennua mu.”

3Saa bere no ara na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa fi, 4retu agyina ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhu akyi. 5Nanso wɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”

Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania

6Afei Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani fi. 7Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbea bi26.7 Maria a ɔyɛ Marta ne Lasaro nuabea (Yoh 12.3) a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den yiye toa ma baa hɔ, behwie guu Yesu tirim.

8Asuafo no hui no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔkae se, “Adesɛe yi ase ne dɛn? 9Anka wobetumi atɔn srade huamhuam yi anya sika bebree de ama ahiafo.”

10Yesu huu wɔn adwene na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Adɛn na mohaw ɔbea yi? Wayɛ ade pa ama me. 11Mo ne ahiafo wɔ ha daa na me de, me ne mo nni hɔ daa. 12Wahwie ngo huamhuam yi agu me so de asiesie me nipadua ama me sie. 13Nokware, mise mo sɛ, wɔbɛka nea ɔyɛe yi wɔ wiase baabiara a wɔka asɛmpa no de akae no.”

Yuda Pene So Sɛ Obeyi Yesu Ama

14Afei Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn 15kobisaa wɔn se, “Sɛ miyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?” Wɔmaa no dwetɛ mpɔw aduasa. 16Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn.

Adidi A Edi Akyiri

17Apiti Afahyɛ da a edi kan no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yekodi Twam Afahyɛ no?”

18Obuaa wɔn se, “Monkɔ kurow no mu nkohu ɔpanyin asiamasi nka nkyerɛ no se, ‘Kyerɛkyerɛfo no se, Me bere abɛn, na wo fi na me ne nʼasuafo no bedi Twam Afahyɛ no.’ ” 19Asuafo no dii nea ɔka kyerɛɛ wɔn no so, yɛɛ Twam Afahyɛ aduan no.

20Anwummere no na ɔne Dumien no te adidii. 21Wɔredidi no ɔkae se, “Mereka mo nokware, mo mu baako beyi me ama.”

22Asɛm yi maa wɔn werɛ howee yiye, na wofii ase bisabisaa mmaako mmaako se, “Awurade, ɛyɛ me ana?”

23Yesu buae se, “Nea ɔne me nsa da asanka baako mu no, ɔno na obeyi me ama. 24Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho de, nanso onipa a obeyi no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye.”

25Yuda a obeyi no ama nso bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛyɛ me ana?”

Yesu buaa no se, “Woaka.”

Adidi Kronkron

26Bere a wɔredidi no. Yesu faa brodo, na ohyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafo no kae se: “Munnye nni, eyi ne me nipadua.”

27Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kae se, “Mo nyinaa monnom bi, 28na eyi ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den, a wohwie gu ma nnipa bebree nya bɔnefakyɛ. 29Mise mo sɛ, merennom saa nsa yi bi bio da, de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ mʼAgya Ahenni no mu.”

30Na wɔtoo dwom wiee no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so.

Yesu Hyɛ Petro Pa A Ɔbɛpa No No Ho Nkɔm

31Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Anadwo yi, mo nyinaa beguan agya me. Na wɔakyerɛw se,

“ ‘wɔbɛbɔ oguanhwɛfo no,

na nguankuw no abɔ apete.’

32Na sɛ miwu sɔre a, medi mo kan akɔ Galilea.”

33Petro buae se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da.”

34Yesu buae se, “Nokware mise wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa!”

35Petro pae mu kae se, “Mpo sɛ etwa sɛ me ne wo wu a, merempa wo da!” Asuafo no nyinaa nso kaa saa asɛm koro yi ara.

Yesu Bɔ Mpae Wɔ Getsemane

36Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Montena ha na merekɔ hɔ akɔbɔ mpae.” 37Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fii ase howee, na ne ho nso yeraw no. 38Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu. Montena ha na mo ne me nwɛn.”

39Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kobutuw fam bɔɔ mpae se, “MʼAgya, sɛ ebetumi a, ma wonyi kuruwa yi mfi me so. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ na ɛnyɛ nea mepɛ.”

40Na ɔsan baa asuafo baasa no nkyɛn behuu sɛ wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no se, “Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwerew baako pɛ mpo? 41Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no pɛ de, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw!”

42Ɔsan gyaw wɔn hɔ nea ɛto so abien kɔbɔɔ mpae se, “MʼAgya, sɛ wɔrenyi kuruwa yi mfi me so, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, nea wopɛ nyɛ.”

43Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio behuu wɔn sɛ wɔadeda efisɛ na wɔn ani kum yiye. 44Ɔsan kɔɔ mpaebɔ a ɛto so abiɛsa so kɔbɔɔ mpae kaa asɛm koro no ara.

45Ɔsan baa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, monna na monhome. Nanso dɔn no adu. Wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa! 46Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Nea ɔreyi me ama no na ɔreba no!”

Wɔkyere Yesu

47Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako ne dɔm a Yudafo mpanyin asoma wɔn a wokurakura afoa ne nkontimmaa baa hɔ. 48Na Yuda aka akyerɛ wɔn se, “Nea mefew nʼafono no ne onipa no; mokyere no” 49Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kae se, “Me wura!” Na ofew nʼafono.

50Yesu ka kyerɛɛ no se, “Damfo, nea wobaa ha se worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.”

Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu. 51Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee nʼafoa de twaa Ɔsɔfopanyin no akoa bi aso.

52Yesu ka kyerɛɛ no se, “Fa wʼafoa no to nea ɛda. Na wɔn a wɔtwe afoa no, afoa ano na wobewu. 53Munnim sɛ metumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfo mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban? 54Nanso sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na nea Kyerɛwsɛm no ka se ɛsɛ sɛ esi wɔ eyi ho no bɛba mu?”

55Bere no mu ara na Yesu bisaa dɔm a wɔbaa ne so no se, “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so sɛ mode rebɛkyere me yi? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu da biara, nso moansiw me kwan. 56Nanso eyi nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nea adiyifo no kae wɔ Kyerɛwsɛm mu no bɛba mu.” Saa bere no ara mu na asuafo no nyinaa guan gyaa no.

Yesu Gyina Kaiafa Anim

57Afei dɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim, baabi a mmarakyerɛfo ne Yudafo mpanyin nyinaa ahyia hɔ. 58Petro tew ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanyin no fi hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfo a wɔwɔ hɔ no mu se ɔrehwɛ asɛm a ebesi.

59Asɔfo mpanyin ne Yudafo asennifo akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wobenya nnansefo bi a wobedi adansekurum ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ. 60Nnipa bebree bedii adanse, nanso wohuu sɛ wɔredi adansekurumu, efisɛ na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira.

Akyiri no, nnipa baanu bi ba bɛkae 61se, “Saa onipa yi kae se, ‘Metumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’ ”

62Ɔsɔfopanyin no sɔre bisaa Yesu se, “Dɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?” 63Nanso Yesu ammua no.

Ɔsɔfopanyin no ka kyerɛɛ no se, “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”

64Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yiw, woaka. Na mereka kyerɛ mo nyinaa: Efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ mete Onyankopɔn nifa na ɔnam omununkum mu resan aba.”

65Ɔsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu teɛɛ mu se, “Abususɛm! Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no! 66Asɛm bɛn na mowɔ ka?”

Wɔn nyinaa teɛɛ mu se, “Ɔsɛ owu!”

67Afei wɔtee ntasu guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotɔre 68kae se, “Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo?”

Petro Pa Yesu

69Saa bere no na Petro te adiwo. Abaawa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mufi Galilea.”

70Nanso Petro san se, “Minnim nea woreka yi ho hwee.”

71Akyiri no, abaawa foforo bi hyiaa no wɔ ɔpon bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no se, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasareni no na ɛnam.”

72Petro de ntam san bio se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.”

73Ɛkyɛe kakra no, mmarima a wogyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ Petro se, “Yenim sɛ woyɛ nʼasuafo no mu baako, na wo kasa nso da wo adi sɛ woyɛ Galileani.”

74Petro fii ase dii nsew, kekaa ntam se, “Minnim onipa no!”

Amono mu hɔ ara na akokɔ bɔnee. 75Ɛhɔ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no. Na ofii adi kosui.

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 26:1-75

Wɔbɔ Yesu Ho Pɔ

1Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, 2“Monim sɛ aka nnanu na Twam Afahyɛ no aduru, na wɔbɛyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asɛnnua mu.”

3Saa ɛberɛ no ara na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa efie, 4retu agyina ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhunu akyire. 5Nanso, wɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”

Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania

6Afei, Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani efie. 7Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbaa bi26.7 Maria a ɔyɛ Marta ne Lasaro nuabaa (Yoh 12.3) a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne boɔ yɛ den yie toa ma baa hɔ, bɛhwie guu Yesu tirim.

8Asuafoɔ no hunuiɛ no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔkaa sɛ, “Adesɛeɛ yi ase ne sɛn? 9Anka wɔbɛtumi atɔn sradeɛ hwamhwam yi anya sika bebree de ama ahiafoɔ.”

10Yesu hunuu wɔn adwene, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ yi ho asɛm saa? Wayɛ ade pa ama me. 11Mo ne ahiafoɔ wɔ ha daa, na me deɛ, me ne mo nni hɔ daa. 12Wahwie ngo hwamhwam yi agu me so, de asiesie me onipadua ama me sie. 13Wɔde deɛ ɔyɛeɛ yi bɛkae no daa. Wɔbɛka deɛ ɔyɛeɛ yi wɔ ewiase baabiara a wɔka asɛmpa no.”

Yuda Pene So Sɛ Ɔbɛyi Yesu Ama

14Afei, Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn, 15kɔbisaa wɔn sɛ, “Sɛ meyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?” Wɔmaa no dwetɛ mpɔ aduasa 16Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn.

Yesu Ne Nʼasuafoɔ Adidie A Ɛdi Akyire

17Apiti Afahyɛ da a ɛdi ɛkan no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔdi Twam Afahyɛ no?”

18Ɔbuaa wɔn sɛ, “Monkɔ kuro no mu nkɔhunu ɔpanin asomasi nka nkyerɛ no sɛ, ‘Yɛn Wura se, ne berɛ abɛn, na wo fie na ɔne nʼasuafoɔ no bɛdi Twam Afahyɛ no.’ ” 19Asuafoɔ no dii deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no so, yɛɛ Twam Afahyɛ aduane a wɔbɛdi wɔ efie a wɔnyaeɛ no mu.

20Ɛduruu anwummerɛ a ɔne Dumienu no te adidiiɛ no, 21ɔkaa sɛ, “Mo mu baako bɛyi me ama.”

22Asɛm yi maa wɔn werɛ hoo yie, na wɔfirii aseɛ bisabisaa mmaako mmaako sɛ, “Awurade, ɛyɛ me anaa.”

23Yesu buaa sɛ, “Deɛ ɔne me didi ayowaa baako mu no, ɔno na ɔbɛyi me ama. 24Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ.”

25Yuda nso bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ me anaa?”

Yesu buaa no sɛ, “Aane.”

Adidi Kronkron

26Ɛberɛ a wɔredidi no. Yesu faa burodo, na ɔhyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ: “Monnye nni, yei ne me onipadua.”

27Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kaa sɛ, “Mo nyinaa monnom bi, 28na yei ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den, a wɔhwie gu ma nnipa bebree nya bɔne fakyɛ. 29Montie deɛ mereka yi yie. Merennom saa nsã yi bi bio da, de bɛkɔ akɔsi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ mʼAgya Ahennie no mu.”

30Na wɔtoo dwom wieeɛ no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.

Yesu Hyɛ Petro Pa A Ɔbɛpa No No Ho Nkɔm

31Wɔduruu deɛ wɔrekɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anadwo yi, mo nyinaa bɛdwane agya me. Na wɔatwerɛ sɛ,

“ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no,

na nnwankuo no abɔ apete.’

32Na sɛ mesane ba nkwa mu bio a, mɛkɔ Galilea, na makɔhyia mo wɔ hɔ.”

33Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da.”

34Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nokorɛm, anadwo yi, akokɔ remmɔn, na woapa me mprɛnsa!”

35Petro pae mu kaa sɛ, “Mpo sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wu a, merempa wo da!” Asuafoɔ no nyinaa nso kaa saa asɛm korɔ yi ara.

Yesu Bɔ Mpaeɛ Wɔ Getsemane

36Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montena ha ntwɛn me, na merekɔ mʼanim kakra akɔbɔ mpaeɛ.” 37Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu a wɔn edin de Yakobo ne Yohane kaa ne ho. Ne werɛ hyɛɛ aseɛ hoeɛ, na ne ho nso yeraa no. 38Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de kɔ owuo mu. Montena ha na mo ne me nwɛn.”

39Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “MʼAgya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ, na nyɛ deɛ mepɛ.”

40Na ɔsane baa asuafoɔ baasa no nkyɛn bɛhunuu sɛ wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no sɛ, “Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwereɛ baako pɛ mpo? 41Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ deɛ, nanso ɔhonam yɛ mmerɛ!”

42Ɔsane gyaa wɔn hɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “MʼAgya, sɛ kuruwa yi rentwa me ho nkɔ, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, deɛ wopɛ nyɛ.”

43Ɔsane baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu wɔn sɛ wɔadeda ɛfiri sɛ, na wɔn ani kum yie. 44Ɔsane kɔɔ mpaeɛbɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa so kɔbɔɔ mpaeɛ kaa asɛm korɔ no ara.

45Ɔsane baa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, monna na monhome. Hwɛ, ɛdɔn no aduru. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa! 46Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Deɛ ɔreyi me ama no na ɔreba no!”

Wɔkyere Yesu

47Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako ne dɔm a Yudafoɔ mpanin asoma wɔn a wɔkurakura akofena ne mmaa baa hɔ. 48Na Yuda aka akyerɛ wɔn sɛ, wɔnkyere onipa a ɔbɛyɛ no atuu no, ɛfiri sɛ, ɔno ne onipa a wɔrehwehwɛ no no. 49Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kaa sɛ, “Me wura, atuu!”

50Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Damfo, deɛ wobaa ha sɛ worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.”

Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu. 51Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso.

52Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “To wʼakofena no twene. Na wɔn a wɔtwe akofena no, akofena ano na wɔbɛwuo. 53Monnim sɛ mɛtumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfoɔ mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban? 54Nanso, sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na deɛ Atwerɛsɛm ka wɔ deɛ asi yi ho no bɛba mu?”

55Yesu bisaa ɛdɔm a wɔbaa ne soɔ no sɛ, “Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so sɛ mode rebɛkye me? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ asɔrefie da biara da, nso moansi me kwan. 56Nanso, yei nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ adiyifoɔ no kaeɛ wɔ Atwerɛsɛm mu no bɛba mu.” Saa ɛberɛ no ara mu na asuafoɔ no nyinaa dwane gyaa no.

Yesu Gyina Kaiafa Anim

57Afei, ɛdɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa anim, baabi a Yudafoɔ mpanin nyinaa ahyia hɔ. 58Petro tee ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanin no efie hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfoɔ a wɔwɔ hɔ no mu sɛ ɔrehwɛ asɛm a ɛbɛsie.

59Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ asɛnnifoɔ akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya adansefoɔ bi a wɔbɛdi adansekurumu ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ. 60Nnipa bebree bɛdii adanseɛ, nanso wɔhunuu sɛ wɔredi adansekurumu ɛfiri sɛ, na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira.

Akyire yi, nnipa baanu bi ba bɛkaa 61sɛ, “Saa onipa yi kaa sɛ, ‘Mɛtumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’ ”

62Ɔsɔfopanin no sɔre bisaa Yesu sɛ, “Ɛdeɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?” 63Nanso, Yesu ammua no.

Ɔsɔfopanin no ka kyerɛɛ no sɛ, “Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”

64Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Aane, woaka. Na daakye mobɛhunu me, Agyenkwa no, sɛ mete Onyankopɔn nifa na menam omununkum mu resane aba.”

65Ɔsɔfopanin no sunsuanee nʼatadeɛ mu teaam sɛ, “Abususɛm! Adansefoɔ bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkaeɛ no! 66Asɛm bɛn na mowɔ ka?”

Wɔn nyinaa teaam sɛ, “Ɔsɛ owuo! Ɔsɛ owuo! Ɔsɛ owuo!”

67Afei, wɔtee ntasuo guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ 68kaa sɛ, “Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn deɛ ɔbɔɔ wo?”

Petro Pa Yesu

69Saa ɛberɛ no na Petro te adihɔ. Abaayewa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mofiri Galilea.”

70Nanso, Petro de abufuo sane ne ho sɛ, “Mennim deɛ woreka yi ho hwee.”

71Akyire yi, abaayewa foforɔ bi hyiaa no ɛpono bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no sɛ, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasareni no na ɛnam.”

72Petro de ntam sane ne ho bio sɛ, “Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.”

73Ɛkyɛɛ kakra no, mmarima a wɔgyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ petro sɛ, “Yɛnim sɛ woyɛ nʼasuafoɔ no mu baako, na wo kasa nso yi wo adi sɛ woyɛ Galileani.”

74Petro hyɛɛ aseɛ dii nse, kekaa ntam sɛ, “Mennim onipa no!”

Amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ. 75Ɛhɔ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no. Na ɔfirii adi kɔsuiɛ.