Mateo 2 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 2:1-23

Anyansafo A Wofi Apuei No

1Bere a Ɔhene Herode di ade no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. 2Saa bere no ara mu na anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem bebisae se, “Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Yehuu ne nsoromma wɔ apuei nohɔ, nti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”

3Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaw ɔne Yerusalemfo nyinaa adwene yiye. 4Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo behyiae. Obisaa wɔn se, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?” 5Wobuaa no se, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na eyi ne nea odiyifo no kae:

6“ ‘Ao kurow Betlehem, wo a

woyɛ otitiriw wɔ Yudaman mu,

wo mu na meyi nea obedi

me man Israel anim ahwɛ wɔn so.’ ”

7Ɔhene Herode frɛɛ anyansafo no kokoa mu bisaa wɔn bere pɔtee a wohuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn se, 8“Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abofra no. Sɛ muhu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.”

9Anyansafo no tiee ɔhene no asɛm no wiei no, wɔkɔe. Wɔrekɔ no, nsoromma a wohuu wɔ apuei no san yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Edii wɔn anim kosii faako a wɔawo abofra no wɔ Betlehem hɔ. 10Bere a wohuu nsoromma no, wɔn ani gyee mmoroso. 11Woduu ofi2.11 Anyansafo no ankɔhwɛ Yesu bere a ɔda mmoa adididaka mu sɛnea na amanne te ne sɛnea nguanhwɛfo no kɔhwɛɛ no no. Mmom, asram bi akyi no, wɔkɔhwɛɛ “abofra” no wɔ ne “fi.” a abofra no ne ne na Maria wɔ mu no, wɔkotow sɔree no. Wɔde wɔn akyɛde a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhuam ne kurobow yɛɛ no ayɛ. 12Onyankopɔn soo wɔn dae bɔɔ wɔn kɔkɔ se wɔnnsan nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom.

Wɔbɔ Wɔn Ho Aguaa Wɔ Misraim

13Anyansafo no kɔ akyi no, Awurade bɔfo soo Yosef dae se, “Sɔre fa abofra no ne ne na na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkosi sɛ mɛkyerɛ mo bere a mobɛsan aba. Efisɛ Ɔhene Herode rehwehwɛ abofra no akum no.”

14Anadwo no ara Yosef faa abofra no ne Maria sii mu kɔɔ Misraim, 15ma wɔtenaa hɔ kosii sɛ Ɔhene Herode wui. Eyi na ɛmaa nea Awurade nam odiyifo no so kae se, “Mafrɛ me Ba afi Misraim” no baa mu.

Betlehem Mmofra No Kum

16Herode huu sɛ anyansafo no adaadaa no no, ne bo fuw mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafo se wɔnkɔ Betlehem ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkokunkum nkokoaa mmarimaa kosi wɔn a wɔadi mfe abien so, sɛnea anyansafo no bere a wɔkae sɛ wɔwoo abofra no wɔ mu no kyerɛ no. 17Nea wɔnam odiyifo Yeremia so kae no baa mu se,

18“Wɔte nne bi wɔ Rama.

Ɛyɛ osu ne agyaadwo;

Rahel resu ne mma;

na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ,

efisɛ wɔnte ase bio.”

Wɔsan Ba Nasaret

19Herode wu akyi no, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no se, 20“Sɔre na fa abofra no ne ne na kɔ Israel asase so, efisɛ wɔn a wɔpɛe sɛ wokum abofra no awuwu.”

21Yosef faa abofra no ne ne na san kɔɔ Israel asase so bio. 22Yosef tee sɛ Arkelao2.22 Ɔhempɔn Herode ba yi dii ade sɛ ɔhene wɔ Yudea ne Samaria mfirihyia du pɛ. (4 AYA–6 YAA) Na ɔyɛ otirimɔdenfo ne nhyɛsotraso. Eyi ma wotuu no ade so maa Yudea bɛyɛɛ Roma mantam a na wotua tow ma Roma Ɔhempɔn no ananmusini. a ɔyɛ Herode ba na odi hene wɔ Yudea saa bere no mu no, osuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade san soo no dae foforo bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.2.22 Yesu bere so no, na Galilea da Ɔman Kronkron no atifi fam. 23Enti wɔkɔtenaa kurow Nasaret mu. Eyi nso maa nea adiyifo no kae se, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 2:1-23

Anyansafoɔ A Wɔfiri Apueeɛ No

1Ɛberɛ a Ɔhene Herode di adeɛ no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. 2Saa ɛberɛ no ara mu na anyansafoɔ bi firi apueeɛ baa Yerusalem bɛbisaa sɛ, “Ɛhe na Yudafoɔ ɔhene a wɔawo no no wɔ? Yɛhunuu ne nsoromma wɔ apueeɛ nohoa enti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”

3Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaa nʼadwene yie. Saa ara nso na ɛhaa Yerusalemfoɔ nyinaa adwene. 4Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bɛhyiaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?” 5Wɔbuaa no sɛ, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na yei ne deɛ odiyifoɔ no kaeɛ:

6“ ‘Ao kuro Betlehem, wo a

wonyɛ akumaa wɔ Yuda asafohene mu,

wo mu na mɛyi deɛ ɔbɛdi

me ɔman Israel anim afiri.’ ”

7Ɔhene Herode frɛɛ anyansafoɔ no kɔkoam bisaa wɔn ɛberɛ pɔtee a wɔhunuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 8“Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abɔfra no. Sɛ mohunu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.”

9Anyansafoɔ no tiee ɔhene no asɛm no wieeɛ no, wɔkɔeɛ. Wɔrekɔ no, nsoromma a wɔhunuu wɔ apueeɛ no sane yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Ɛdii wɔn anim kɔsii beaeɛ a wɔawo abɔfra no wɔ Betlehem hɔ. 10Ɛberɛ a wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee mmoroso. 11Wɔduruu efie2.11 Anyansafoɔ no ankɔhwɛ Yesu ɛberɛ a ɔda mmoa adididaka mu sɛdeɛ na amanneɛ te ne sɛdeɛ nnwanhwɛfoɔ no kɔhwɛɛ no no. Mmom, abosome bi akyi no, wɔkɔhwɛɛ “abɔfra” no wɔ ne “fie”. a abɔfra no ne ne maame Maria wɔ no, wɔkoto sɔree no. Wɔde wɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhwam ne kurobo yɛɛ no ayɛ. 12Onyankopɔn soo wɔn daeɛ bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnsane nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɛkwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom.

Wɔbɔ Wɔn Ho Adwaa Wɔ Misraim

13Anyansafoɔ no kɔeɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ soo Yosef daeɛ sɛ, “Sɔre fa abɔfra no ne ne maame na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkɔsi sɛ mɛkyerɛ mo ɛberɛ a mobɛsane aba. Ɛfiri sɛ, Ɔhene Herode rehwehwɛ abɔfra no akum no.”

14Anadwo no ara, Yosef faa abɔfra no ne Maria siim kɔɔ Misraim, 15na wɔtenaa hɔ kɔsii sɛ Ɔhene Herode wuiɛ. Yei na ɛmaa deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ sɛ, “Mafrɛ me Ba afiri Misraim” no baa mu.

Betlehem Mmɔfra No Kum

16Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no adaadaa no no, ne bo fuu mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafoɔ sɛ wɔnkɔ Betlehem ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkɔkunkum mmadoma mmarimaa kɔsi wɔn a wɔadi mfeɛ mmienu so, sɛdeɛ anyansafoɔ no ɛberɛ a wɔkaa sɛ wɔwoo abɔfra no wɔ mu no kyerɛ no. 17Deɛ wɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no baa mu sɛ,

18“Wɔte nne bi wɔ Rama.

Ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ;

Rahel resu ne mma;

na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ,

ɛfiri sɛ, wɔnte ase bio”.

Wɔsane Ba Nasaret

19Herode wuiɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no sɛ, 20“Sɔre na fa abɔfra no ne ne maame kɔ Israel asase so, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔpɛɛ sɛ wɔkum abɔfra no awuwu.”

21Yosef faa abɔfra no ne ne maame sane kɔɔ Israel asase so bio. 22Yosef tee sɛ Arkelao2.22 Ɔhempɔn Herode ba yi dii adeɛ sɛ ɔhene wɔ Yudea ne Samaria mfirinhyia edu pɛ. (4 AWK–6 KAA) Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ ne nhyɛsotrasoɔ. Yei ma wɔtuu no adeɛ so ma Yudea bɛyɛɛ Roma mantam a na wɔtua toɔ ma Roma Ɔhempɔn no ananmusini. a ɔyɛ Herode ba na ɔdi ɔhene wɔ Yudea saa ɛberɛ no mu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade sane soo no daeɛ foforɔ bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.2.22 Yesu berɛ so no, na Galilea da Ɔman Kronkron no atifi fam. 23Enti, wɔkɔtenaa kuro Nasaret mu. Yei nso maa deɛ adiyifoɔ no kaeɛ sɛ, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.